Gyenesis 6

6
Nnipa nnebɔne
1 # Hiob 1.6—2.1 Na nnipa firii aseɛ redɔɔso wɔ asase soɔ na wɔwoo mmammaa maa wɔn no, 2#Mat 24.28 Nyankopɔn mma hunuu nnipa mmammaa sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ. 3#1 Pe 3.20 Na AWURADE kaa sɛ: Me honhom rentena onipa mu nkɔsi daa, ɛfiri sɛ wɔyɛ honam, enti ne nna bɛyɛ mfeɛ ɔha aduonu. 4#Num 13.33 Nna no mu ne akyire no, na abrane akɛseɛ wɔ asase so. Na Nyankopɔn mma kɔɔ nnipa mmammaa ho na wɔwoo mma maa wɔn no, yeinom ne aberempɔn a wɔwɔ din firi tete. 5#Gye 8.21 Na AWURADE hunuu sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn akoma mu nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa. 6#Yer 18.10; Num 23.19; Dwom 18.26 Na AWURADE nuu ne ho sɛ ɔyɛɛ onipa wɔ asase soɔ, na ɛyɛɛ no ya n’akomam. 7Na AWURADE kaa sɛ: Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afiri asase ani, ampa ara, ɛfiri onipa so kɔsi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne ewiem nnomaa so, ɛfiri sɛ manu me ho sɛ meyɛɛ wɔn. 8Na Noa deɛ, ɔnyaa adom AWURADE anim.
Noa adaka no
9 # Heb 11.7; Gye 5.22, 24 Yei ne Noa ho asɛm: Na Noa yɛ onipa tenenee a ɔyɛ pɛ wɔ ne berɛ so nnipa mu. Noa ne Onyankopɔn nanteeɛ. 10Na Noa woo mmammarima baasa, Sem, Ham, ne Yafet. 11Na asase asɛe wɔ Nyankopɔn anim, na awurukasɛm ahyɛ asase so ma. 12#Dwom 14.2-3 Na Onyankopɔn hunuu asase, na hwɛ, asɛe, ɛfiri sɛ na nnipa nyinaa asɛe wɔn akwan wɔ asase so. 13#Amos 8.2 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: Abɔdeɛ nyinaa awieeɛ aba m’anim, ɛfiri sɛ wɔn awurukasɛm ahyɛ asase so ma, na hwɛ, mɛsɛe wɔn ne asase.
14Fa ɔwawa yɛ adaka, na yɛ mpia wɔ adaka no mu, na fa ama ka emu ne ɛho. 15Na sɛdeɛ yɛ no nie: Ne ntwemu basafa ɔha aduonum, ne trɛ basafa aduonu nnum, ne korɔn basafa dunum. 16Yɛ adaka no ho mpomma, kɔsi sɛ aka anammɔn baako ne fa na aduru soro, na si adaka no ano pono ne nkyɛn mu, na yɛ nsamsoɔ mmiɛnsa, deɛ ɛdi aseɛ, deɛ ɛdi ntam ne deɛ ɛdi soro. 17Na hwɛ, me, mede nsuyire bɛba asase so mabɛsɛe abɔdeɛ a nkwa home wɔ wɔn mu nyinaa ɔsoro ase; asase so adeɛ nyinaa rebɛwuwu. 18Na me ne wo bɛyɛ apam ato hɔ, na woakɔ adaka no mu, wo ne wo mma, ne wo yere, ne wo mma yerenom. 19Na fa honam a ɛte aseɛ nyinaa mu mmienu mmienu, onini ne ɔbedeɛ, kɔ adaka no mu, na wɔnnya nkwa nka wo ho. 20Nnomaa sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne ntɔteboa, sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne mmoa a wɔwea asase soɔ nyinaa, sɛdeɛ wɔn su teɛ, wɔn nyinaa mu mmienu mmienu mmra wo nkyɛn, na wɔanya nkwa. 21Na wo deɛ, boaboa aduane nyinaa bi ano kɔ mu, na ayɛ wo ne wɔn aduane. 22Na Noa yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no nyinaa pɛpɛɛpɛ.

נבחרו כעת:

Gyenesis 6: ASWDC

הדגשה

שתף

העתק

None

רוצים לשמור את ההדגשות שלכם בכל המכשירים שלכם? הירשמו או היכנסו

YouVersion משתמש בקובצי Cookie כדי להתאים אישית את החוויה שלך. על ידי שימוש באתר שלנו, אתה מקבל את השימוש שלנו בעוגיות כמתואר ב מדיניות הפרטיות שלנו