Gyenesis 5

5
Adam awoɔ ntoatoasoɔ
(1 Berɛsosɛm 1.1-4)
1 # Gye 1.27-28; Luk 3.38; 1 Be 1.1-4 Adam awoɔ ntoatoasoɔ nie: Da a Onyankopɔn bɔɔ onipa no, ɔbɔɔ no ne suban so. 2Na ɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbaa, na ɔhyiraa wɔn. Na ɔtoo wɔn din onipa.
3 # Dwom 51.5; 1 Ko 15.49 Na Adam dii mfirinhyia ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima wɔ ne nsɛsoɔ ne ne suban so, na ɔtoo no din Set. 4Na Adam woo Set no akyiri no, ɔdii mfirinhyia ahanwɔtwe, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa. 5Na Adam nna a ɔdiiɛ ansa na ɔrewuo nyinaa yɛ mfeɛ ahankron aduasa.
6Na Set dii mfirinhyia ɔha ne nnum na ɔwoo Enos. 7Na Set woo Enos no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanwɔtwe ne nson, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa. 8Na Set nna a ɔdiiɛ ansa na ɔrewuo nyinaa yɛ mfeɛ ahankron ne dummienu.
9Na Enos dii mfirinhyia aduɔkron na ɔwoo Kenan. 10Na Enos woo Kenan no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanwɔtwe ne dunum, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa. 11Na Enos nna ɔdiiɛ ansa na ɔrewuo nyinaa yɛ mfeɛ ahankron ne nnum.
12Na Kenan dii mfirinhyia aduɔson na ɔwoo Ma-halalel. 13Na Kenan woo Ma-halalel no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanwɔtwe aduanan, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa. 14Na Kenan nna a ɔdiiɛ ansa na ɔrewuo nyinaa yɛ mfeɛ ahankron ne du.
15Na Ma-halalel dii mfirinhyia aduosia nnum na ɔwoo Yared. 16Na Ma-halalel woo Yared no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanwɔtwe aduasa, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa. 17Na Ma-halalel nna a ɔdiiɛ ansa na ɔrewuo nyinaa yɛ mfeɛ ahanwɔtwe aduɔkron nnum.
18Na Yared dii mfirinhyia ɔha aduosia mmienu na ɔwoo Henok. 19Na Yared woo Henok akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanwɔtwe, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa. 20Na Yared nna a ɔdiiɛ ansa na ɔrewuo nyinaa yɛ mfeɛ ahankron aduosia mmienu. 21Na Henok dii mfirinhyia aduosia nnum na ɔwoo Metusela. 22#Gye 6.9; Yuda 14 Na Henok woo Metusela no akyiri no, ɔne Onyankopɔn nantee mfirinhyia ahasa, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa. 23Na Henok nna nyinaa yɛ mfeɛ ahasa aduosia nnum. 24#Heb 11.5; 2 Ah 2.11; Yes 57.1-2 Na Henok ne Onyankopɔn nantee, na wɔanhunu no bio, ɛfiri sɛ Onyankopɔn faa no kɔe. 25Na Metusela dii mfirinhyia ɔha aduɔwɔtwe nson na ɔwoo Lamek. 26Na Metusela woo Lamek no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanson aduɔwɔtwe mmienu, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa. 27Na Metusela nna a ɔdiiɛ ansa na ɔrewuo nyinaa yɛ mfeɛ ahankron aduosia nkron.
28Na Lamek dii mfirinhyia ɔha aduɔwɔtwe mmienu no ɔwoo babarima. 29#Gye 3.17-19 Na ɔtoo ne din Noa, na ɔkaa sɛ: Oyi na ɔbɛkyekyere yɛn werɛ wɔ yɛn nnwuma ne yɛn nsa ano brɛ mu wɔ asase a AWURADE adome no soɔ. 30Na Lamek woo Noa no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanum aduɔkron nnum, na emu no ɔsane woo mmammarima ne mmammaa. 31Na Lamek nna a ɔdiiɛ ansa na ɔrewuo nyinaa yɛ mfirinhyia ahanson aduɔson nson. 32Na Noa dii mfirinhyia ahanum no, ɔwoo Sem, Ham ne Yafet.

נבחרו כעת:

Gyenesis 5: ASWDC

הדגשה

שתף

העתק

None

רוצים לשמור את ההדגשות שלכם בכל המכשירים שלכם? הירשמו או היכנסו

YouVersion משתמש בקובצי Cookie כדי להתאים אישית את החוויה שלך. על ידי שימוש באתר שלנו, אתה מקבל את השימוש שלנו בעוגיות כמתואר ב מדיניות הפרטיות שלנו