Logo YouVersion
Îcone de recherche

1 Mose 9

9
Apam A Onyankopɔn Ne Noa Yɛeɛ
1Afei, Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mmammarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monwo, na monyɛ bebree nhyɛ asase so ma. 2Mo ho hu ne mo ho suro bɛtɔ mmoa a wɔwɔ asase so nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa ne abɔdeɛ biara a wɔnam asase so ne nsuo mu mpataa nyinaa so. Wɔn nyinaa hyɛ mo nsa. 3Biribiara a nkwa wɔ mu, na ɛkeka ne ho no bɛyɛ mo aduane. Sɛdeɛ mede nhahammono hyɛɛ mo nsa no, afei deɛ, mede biribiara ma mo.
4“Nanso, ɛnsɛ sɛ mowe aboa a wɔntwaa ne mene mmaa ne mogya no nguiɛ no ɛnam. 5Wo nkwa deɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, mɛbisa ho akontabuo. Onipa a ɔkum ne yɔnko onipa no, mɛbisa no ho asɛm. Mpo, aboa biara a ɔbɛkum onipa no, mewɔ saa aboa no nso asɛmmisa. Mɛbisa onipa kra ho asɛm.
6“Obiara a ɔhwie onipa mogya guo no,
onipa so na wɔnam bɛhwie ɔno nso mogya aguo,
ɛfiri sɛ, Onyankopɔn no ara sɛso na ɔbɔɔ onipa.
7Mo deɛ, monwo, na monyɛ bebree. Mo ase mfɛe asase so, na monnɔɔso.”
8Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne mmammarima a wɔka ne ho no sɛ, 9“Ɛnnɛ, me ne mo ne mo asefoɔ a wɔbɛwo wɔn no 10ne abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a na wɔwɔ mo nkyɛn wɔ adaka no mu yɛ apam: nnomaa, nyɛmmoa ne wiram mmoa a wɔne mo firi adaka no mu no baeɛ nyinaa, ne abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ asase so. 11Me ne mo yɛ mʼapam sɛ: Meremfa nsuyire nsɛe abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so. Saa ara nso na meremfa nsuyire nsɛe asase bio da.”
12Na Onyankopɔn kaa sɛ, “Yei ne apam a me, Onyankopɔn, ne mo ne abɔdeɛ a nkwa wɔ mu biara a wɔka mo ho no ne nkyirimma nyinaa reyɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ. 13Mato me nyankontɔn wɔ omununkum mu. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛbɛda me ne asase ntam. 14Ɛberɛ biara a mede omununkum bɛba asase ani, na sɛ nyankontɔn pue wɔ omununkum no mu a, 15mɛkae mʼapam a ɛda me ne mo ne abɔdeɛ a nkwa wɔ mu ahodoɔ no nyinaa ntam. Nsuyire a ɛbɛsɛe abɔdeɛ a nkwa wɔ mu no nyinaa remma da biara da bio. 16Ɛberɛ biara a nyankontɔn bɛto wɔ omununkum mu no, mɛhunu, na makae apam a ɛwɔ hɔ daa a ɛda me, Onyankopɔn, ne abɔdeɛ a nkwa wɔ mu ahodoɔ nyinaa a wɔwɔ asase yi so ntam no.”
17Enti, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ, “Yei ne apam a me ne abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a, wɔwɔ asase yi so ayɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ.”
Noa Mmammarima
18Yeinom ne Noa mmammarima a wɔfiri adaka no mu baeɛ: Sem, Ham ne Yafet. Ham na ɔwoo Kanaan. 19Yeinom ne Noa mmammarima. Wɔn mu na nnipa a, wɔahwete wɔ asase so nyinaa firi baeɛ.
20Noa yɛ okuafoɔ a ɔdii ɛkan. Ɔyɛɛ bobefuo. 21Ɛda bi, ɔnom bobesa no bi boroeɛ, ma ɔdaa ne ntomadan mu adagya. 22Ham a ɔwoo Kanaan no kɔtoo nʼagya Noa sɛ ɔda adagya. Ɔfirii hɔ no, ɔkɔbɔɔ ne nuammarima baanu no amaneɛ. 23Enti, Sem ne Yafet faa atadeɛ de guu wɔn mmati so, kɔɔ nkyirinkyire de kɔkataa wɔn agya adagya so. Na wɔn ani nkyerɛ wɔn agya enti, wɔanhunu nʼadagya mu.
24Ɛberɛ a Noa ani so tetee no, na ɔhunuu deɛ ne kaakyire no ayɛ no, 25ɔkaa sɛ,
“Nnome nka Ham asefoɔ a wɔyɛ Kanaanfoɔ.
Wɔbɛyɛ wɔn nuanom
mu nkoa mu nkoa.”
26Noa kaa bio sɛ,
“Me nhyira a ɛfiri Awurade, me Onyankopɔn, nkyɛn no nka Sem!
Kanaan nyɛ Sem akoa.
27Onyankopɔn ntrɛ Yafet ase ne nʼasase mu.
Yafet ntena Sem ntomadan mu,
na Kanaan nyɛ nʼakoa.”
28Nsuyire no akyiri no, Noa tenaa ase mfeɛ ahasa ne aduonum. 29Noa dii mfeɛ aha nkron ne aduonum, ansa na ɔrewu.

Sélection en cours:

1 Mose 9: ASNA

Surbrillance

Partager

Copier

None

Tu souhaites voir tes moments forts enregistrés sur tous tes appareils? Inscris-toi ou connecte-toi

Videos for 1 Mose 9