Mateo 2

2
Nsoromma mu animdefoɔ bi kɔsraa Abɔfra Yesu
1 # Luk 2:1-7 Hene Herode berɛ so he, bɛwoo Yesu Betlehem a ɔya Yudea. Na yei akyi he, nsoromma mu animdefoɔ#2:1 Nsoromma mu animdefoɔ: Akan Twerɛ Kronkron he bi ka sɛ: Anyansafoɔ bi firi apieeɛ baa Yerusalem, 2#Num 24:17 bebisaa sɛ, “Hefa ne Yudafoɔ hene a bɛawo no he ya? Yɛahu ne nsoromma apieɛ, na yɛaba sɛ yɛɛbɛkoto no.” 3Berɛ a Herode a ɔyɛ hene he teeɛ he, ɔne Yerusalemfoɔ nyinaa akoma tuiɛ; 4na ɔfrɛɛ asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne mane he mu atwerɛfoɔ nyinaa bisaa bɛ baabi a ɔsɛ sɛ bɛwo Kristo#2:4 KRISTO: Asekyerɛ ne Deɛ Bɛasra No Ngo he he. 5#Mika 5:1; Yoh 7:42 Bɛka kyerɛɛ no sɛ, ɔsɛ sɛ bɛwo no Betlehem a ɔya Yudea, sɛnea adiyifoɔ he bɛatwerɛ ato hɔ sɛ:
6“Na wo, Betlehem a woya Yuda asaase so,
wonyɛ kumaa Yuda amane mufoɔ mu,
efiri sɛ wo mu ne bɛbɛfrɛ safohene afiri
a ɔbɛyɛ dwanhwɛfoɔ ama me mane Israel.”
7Afei Herode frɛɛ nsoromma mu animdefoɔ he kokoam bisaa bɛ berɛ pɔtee a saa nsoromma he pieeɛ. 8Na ɔsomaa bɛ Yerusalem, kaa sɛ, “Honkɔhwehwɛ abɔfra he yie; na sɛ hohu no a, hommɛka nkyerɛ me na me nso menkɔkoto no bi.” 9Na betiee hene he nsɛm he wieeɛ he, befirii hɔ; na hɔaa, nsoromma a opieeɛ he dii bɛ anim, kosii sɛ okogyinaa baabi a abɔfra he ya. 10Behuu sɛ nsoromma he agyina he, bɛ ani gye boroo so. 11#Dwom 72:10; 72:15; Yes 60:6 Bewuraa fie a na abɔfra he yam he mu he, behuu ɔne ne maame Maria, na bɛkoto sɔree no. Afei, bebiee bɛ kotokuo mu yii sikakɔkɔɔ, krobo, ne aduhwam de yɔɔ no ayɛ. 12Na bɛbɔɔ bɛ kɔkɔ daeɛ mu sɛ bɛnnsane nkɔ Herode hɔ bio he, bɛfaa kwane foforɔ so kɔɔ bɛ kurom.
Yosef de abɔfra he dwane kɔɔ Misraim
13Na nsoromma mu animdifoɔ he firii hɔ he, Nyankopɔn bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre, fa abɔfra he ne ne maame, na honnwane nkɔ Misraim, na hontena hɔ nkosi sɛ mɛka bibi akyerɛ ho bio ɔfa yei ho; efiri sɛ Herode ɔɔpɛ abɔfra he aku no.” 14Na Yosef sɔreeɛ, na ɔfaa abɔfra he ne ne maame anadwo he, na bɛkɔɔ Misraim, 15#Hos 11:1 na bɛtenaa hɔ kosii sɛ Herode wuiɛ. Yei maa deɛ Awurade nam diyifoɔ he so kaeɛ he baa mu sɛ, “Misraim ne mafrɛ me ba he afiri.”
Bekuu mmɔfra
16Na Herode huu sɛ nsoromma mu animdefoɔ he adaadaa no he, ne bo fuu kɛse paa, na ɔsoma maa bekokuu mmɔfra mmeema a benni mmoroo mfie mmienu nyinaa a bɛya Yerusalem ne ne mpɔtamu, sɛnea berɛ a ohu firii nsoromma mu animudefoɔ he hɔ kyerɛ he. 17#Yer 31:15 Na diyifoɔ Yeremia asɛm he baam sɛ:
18 # Gye 35:19 “Bɛtee nne bi Rama,
su ne adwotwa dendene,
Rahel oosu ne mma,
ɔmma kwane mma ne werɛ nkyekyere, efiri sɛ benni hɔ bio.”
Yosef ne abɔfra he firii Misraim sane baeɛ
19Na Herode wuiɛ he, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi daeɛ mu kyerɛɛ Yosef Misraim na ɔka kyerɛɛ no sɛ, 20#Eks 4:19 “Sɔre, fa abɔfra he ne ne maame, kɔ Israel mane mu, bɛ a bɛɛpɛ abɔfra he aku no he nyinaa awuwu.” 21Na Yosef sɔre faa abɔfra he ne ne maame, de bɛkɔɔ Israel asaase so. 22Nso ɔtee sɛ Arkelao asi ne papa Herode anane mu oodi adeɛ Yudea he, osuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Na afei, bɛbɔɔ no kɔkɔ daeɛ mu he, ɔkɔɔ Galilea mansinim. 23#Luk 1:26; 2:39; Yoh 1:46; Yes 11:1; 53:2 Na ɔkɔtenaa baabi a bɛfrɛ hɔ Nasaret, nti deɛ diyifoɔ he kaeɛ he baam sɛ, “Bɛbɛfrɛ no Nasareni.”

اکنون انتخاب شده:

Mateo 2: BBTP

های‌لایت

به اشتراک گذاشتن

کپی

None

می خواهید نکات برجسته خود را در همه دستگاه های خود ذخیره کنید؟ برای ورودثبت نام کنید یا اگر ثبت نام کرده اید وارد شوید