Gyenesis 7

7
Nsuyire no
1Na AWURADE ka kyerɛɛ Noa sɛ: Wo ne wo fiefoɔ nyinaa, monkɔ adaka no mu, ɛfiri sɛ wo na mahu wo sɛ ɔteneneeni m’anim, ɛberɛ yi mu. 2#Gye 8.20; Lew 11 Mmoa a wɔn ho teɛ nyinaa mu, fa nson nson, anini ne abedeɛ. Na mmoa a wɔn ho nteɛ mu, fa mmienu mmienu, onini ne ɔbedeɛ; 3ewiem nnomaa mu nso fa nson nson, anini ne abedeɛ, na wɔn ase nnya nkwa asase nyinaa ani. 4Ɛfiri sɛ aka nnanson na matɔ osuo agu asase so adaduanan awia ne anadwo, na mapepa adeɛ a nkwa wɔ mu a mayɛ nyinaa afiri asase ani. 5#Gye 6.22 Na Noa yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no nyinaa. 6Ɛberɛ a nsuyire no baa asase soɔ no na Noa adi mfirinhyia ahansia. 7#1 Pe 3.20 Nsuo a na ɛrebɛyire no nti, Noa ne ne mma, ne ne yere, ne ne mma yerenom kɔɔ adaka no mu. 8Mmoa a wɔn ho teɛ ne mmoa a wɔn ho nteɛ ne nnomaa ne wɔn a wɔwea asase soɔ nyinaa mu 9#Gye 6.19 mmienu mmienu baa Noa nkyɛn adaka no mu, onini ne ɔbedeɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ Noa no. 10Na nnanson akyiri no, nsuyire baa asase so.
11Noa dii mfirinhyia ahansia no, bosome a ɛtɔ so mmienu no dadu nnanson soɔ, da no ara, ebunu kɛseɛ no nsuo ani nyinaa paepaee, na ɔsoro mpomma buebuee. 12Na osuo tɔɔ asase so pii adaduanan, awia ne anadwo. 13Saa da yi ara (a nsuyire yi hyɛɛ aseɛ no) mu na Noa ne ne yere, ne ne mma, Sem, Ham ne Yafet, ne ne mma yerenom baasa akɔhyɛ adaka no mu. 14Na mmoadoma nyinaa, ntɔteboa, mmoa a wɔwea asase soɔ, ntuboa nyinaa, sɛdeɛ wɔn su teɛ, 15ne wɔn na ɛkɔɔ mu. Honam a nkwa home wɔ wɔn mu nyinaa mu mmienu mmienu na wɔbaa Noa nkyɛn wɔ adaka no mu. 16#Gye 6.19 Wɔn a ɛbaeɛ no, na wɔyɛ honam nyinaa mu anini ne abedeɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no; na AWURADE too no mu.
17Na nsuyire no baa asase so adaduanan, na nsuo no yiriiɛ, na ɛmaa adaka no so firii asase so. 18Na nsuo no yirii dodo wɔ asase so; maa adaka no tɛɛ nsuo no ani. 19Na nsuo no boroo so ara wɔ asase so, na ɛkataa mmepɔ nyinaa so. 20Nsuo no boroo so kɔɔ soro basafa nson ne fa na ɛkataa mmepɔ so. 21Na abɔdeɛ a ɛte aseɛ nyinaa, nnomaa, ntɔteboa, wiram mmoa, mmoa a wɔwea asase soɔ, ne nnipa nyinaa; 22#2 Pe 3.6; Hiob 22.15-16 wɔn a nkwa home wɔ wɔn mu, na wɔte asase pɛsɛɛ soɔ nyinaa wuwui. 23Na ɔpepaa biribiara a nkwa wom a ɛwɔ asase ani, ɛfiri nnipa so kɔsi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne ewiem nnomaa so. Na wɔpepaa wɔn firii asase so, na ɛkaa Noa nko ara ne wɔn a wɔne no wɔ adaka no mu no. 24Na nsuo no yirii wɔ asase so nna ɔha aduonum.

اکنون انتخاب شده:

Gyenesis 7: ASW

های‌لایت

به اشتراک گذاشتن

کپی

None

می خواهید نکات برجسته خود را در همه دستگاه های خود ذخیره کنید؟ برای ورودثبت نام کنید یا اگر ثبت نام کرده اید وارد شوید