Marko 12
12
Turohwɛfo bɔne no
(Mateo 21.33-46; Luka 20.9-19)
1 #
Yes 5.1-2
Na ofii ase nam mmebu so kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Onipa bi yɛɛ bobeturo, na ogyee ho ban hyiae, na otuu mu nsa-kyi-amoa, na ɔtoo mu abantenten, na ɔde fɛm akuafo bi, na ogyaw tuu bata. 2Na bere no dui no, ɔsomaa akoa kɔɔ akuafo no nkyɛn sɛ onkogye bobe turom aduaba no bi akuafo no hɔ. 3Na wɔfaa no hwee no ma ɔnam nsapan kɔe. 4Na bio ɔsomaa akoa foforo kɔɔ wɔn nkyɛn; na ɔno nso wɔbobɔɔ no piraa no wɔ ne tirim, guu n’anim ase. 5Na ɔsomaa ɔfoforo; na ɔno de, wokum no; ɛne afoforo pii nso, na wɔhwee ebinom, na wokum ebinom. 6Nanso na aka obiako, ne ba a ɔdɔ no; na akyiri no, ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Wɔbɛfɛre me ba. 7Na akuafo no de, wosisee wɔn ho sɛ: Ɔdedifo no ni; mommra mma yenkum no, na agyapade no ayɛ yɛn dea. 8#Heb 13.12 Na wɔfaa no kum no twee no fii bobe turom hɔ tow no kyenee. 9Dɛn na bobe turo wura no bɛyɛ? Ɔbɛba abɛsɛe akuafo no, na ɔde bobe turo no ama afoforo. 10#Nnw 118.22-23 Nso monkenkan kyerɛw yi pɛn ɛ, sɛ:
Ɔbo a abantofo apo no,
ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no twea tibo.
11 Awurade na ɔmaa eyi bae,
na so ɛnyɛ nwonwa yɛn ani so anaa?
12Na wɔhwehwɛe sɛ wɔkyere no, nanso na wosuro nkurɔfokuw no; na wohui sɛ bɛ a obui no, ɔde wɔn. Na wogyaw no hɔ siim kɔe.
Towgye ho asɛmmisa
(Mateo 22.15-22; Luka 20.20-26)
13 #
Mar 3.6
Na wɔsomaa Farisifo ne Herodefo no mu bi baa ne nkyɛn sɛ wɔmmɛpɛ no asɛm. 14Na wɔbae no, wosee no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo; na wonhwehwɛ biribi mfi obi hɔ; na wonhwɛ nnipa anim, na wokyerɛkyerɛ Onyankopɔn kwan nokware mu: Ɛwɔ ho kwan sɛ woyi tow ma Kaesare anaasɛ wonnyi? Yentua anaasɛ yenntua? 15Na ohuu wɔn nyaatwom no, osee wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na mosɔ me hwɛ? Momfa denare bi mmrɛ me na menhwɛ! 16Na wɔde bae. Na obisaa wɔn sɛ: Hena mfonini ne nkyerɛwee ni? Na wosee no sɛ: Kaesare dea. 17#Rom 13.7 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Ɛnne momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn! Na ne ho yɛɛ wɔn nwonwa.
Owusɔre ho asɛmmisa
(Mateo 22.23-33; Luka 20.27-38)
18Na Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ no baa ne nkyɛn bebisaa no sɛ: 19#Deut 25.5-6 Kyerɛkyerɛfo, Mose kyerɛw too hɔ maa yɛn sɛ: Sɛ obi nua wu, na ogyaw ɔyere, na wannyaw mma a, ne nua no nware ne yere no, na ɔnwo mma mma ne nua no. 20Nso anuanom baasɔn tenaa ase, na nea odi kan waree yere; na owui no, wannyaw mma. 21Na nea ɔto so abien no waree no, na owui. Na ɔno nso wannyaw mma. Na nea ɔto so abiɛsa nso saa ara. 22Enti nnipa baasɔn no nyinaa waree no, na wɔannya mma. Na wɔn nyinaa akyi no, ɔbea no nso wui. 23Na enti owusɔre mu no, sɛ wonya sɔre a, wɔn mu hena na ɔbɛyɛ ne yere? Efisɛ nnipa baasɔn no waree no. 24Na Yesu see wɔn sɛ: Ɛnyɛ onim a munnim kyerɛw nsɛm ne Nyankopɔn tumi nti na mofom so yi anaa? 25Na wonya sɔre fi awufo mu a, wɔnware, nso wɔmma aware, na wɔte sɛ abɔfo wɔ ɔsoro. 26#Eks 3.2; 3.6 Na ɛfa awufo nyan ho de, monkanee Mose nhoma mu, wɔ nwura no ho, sɛnea Onyankopɔn see no sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no? 27Ampa ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo Nyankopɔn. Na mo de, mofom so pii.
Ɔdɔ ne mmara asɛm a edi kan
(Mateo 22.34-40; Luka 20.39-40; 10.25-28)
28Na kyerɛwfo no mu biako a ɔtee sɛ wɔregye akyinnye na ohui sɛ wabua wɔn yiye no ba bebisaa no sɛ: Mmara asɛm a edi ne nyinaa kan ne nea ɛwɔ he? 29#Deut 6.4-5 Na Yesu bua see no sɛ: Nea edi mmara nsɛm no nyinaa kan ne: Israel, tie, Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro; 30na dɔ Awurade wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu. 31#Lew 19.18 Na nea ɛto so abien no ni: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Mmara nsɛm biara nni hɔ a ɛkyɛn eyinom. 32Na kyerɛwfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Wiɛ, kyerɛkyerɛfo, woaka no nokware sɛ: Onyankopɔn yɛ biako, na obiara nni hɔ sɛ ɔno nko ara; 33#1 Sa 15.22 na sɛ wobɛdɔ no afi koma nyinaa ne adwene nyinaa ne ahoɔden nyinaa mu, na wobɛdɔ wo yɔnko sɛ wo ho, sen ɔhyew afɔre ne mogya afɔre nyinaa. 34#Aso 26.27-29 Na Yesu hui sɛ wabua no nyansam no, osee no sɛ: Wo ne Nyankopɔn ahenni ntam kwan nware. Na obi antumi ammisa no asɛm biara bio.
Dawid ba ne Dawid wura
(Mateo 22.41-46; Luka 20.41-44)
35Na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefi no, ɔkae sɛ: Adɛn na kyerɛwfo no ka sɛ Kristo yɛ Dawid ba? 36#Nnw 110.1; 2 Sa 23.2 Na Dawid no ara nam Honhom Kronkron mu kae sɛ:
Awurade see me wura sɛ:
Tena me nifa
kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ntiaso.
37 Dawid no ara frɛ no Awurade; na ɛyɛɛ dɛn na ɔbɛyɛɛ ne ba? Na nkurɔfo pii no ara de anigye tiee no.
Kyerɛwfo ho kɔkɔbɔ
(Mateo 23; Luka 20.45-47)
38Na osee wɔn ne nkyerɛkyerɛ mu sɛ: Monhwɛ yiye wɔ akyerɛwfo a wɔpɛ ntade atenten mu nantew ne gua so nkyia 39ne mpanyimfo nkongua hyia adan mu ne mpanyimfo tenabea adidi ase ho; 40wɔn na wɔbɔ akunafo apoo, nanso wɔboapa bɔ mpae atenten kyerɛ. Eyinom na wobenya afobu a ɛboro so.
Ɔbea kunafo hiani no akyɛde
(Luka 21.1-4)
41 #
2 Ah 12.9
Na Yesu kɔtenaa sika adaka no anim no, ɔhwɛe sɛnea nkurɔfo no de sika regu tow adaka no mu; na adefo pii de bebree beguu mu. 42Na ɔbea kunafo hiani bi nso bae, na ɔde kaprɛba abien a ɛbɛyɛ kaprɛ beguu mu. 43Na ɔfrɛɛ n’asuafo no bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ: Okunafo hiani yi de nea ɛdɔɔso abegu mu sen wɔn a wɔde bi beguu tow adaka no mu nyinaa. 44#2 Ko 8.12 Na wɔn nyinaa fi nea wɔwɔ na abu wɔn so no mu na wɔde bi abegu mu; na oyi de, ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa, n’ade nyinaa, na ɔde abegu mu.
Επιλέχθηκαν προς το παρόν:
Marko 12: ATWDB
Επισημάνσεις
Κοινοποίηση
Αντιγραφή

Θέλετε να αποθηκεύονται οι επισημάνσεις σας σε όλες τις συσκευές σας; Εγγραφείτε ή συνδεθείτε
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.