Λογότυπο YouVersion
Εικονίδιο αναζήτησης

Marko 11

11
Yesu hyɛn Yerusalem nkunimdi mu
(Mateo 21.1-9; Luka 19.29-38; Yohane 12.12-16)
1Na wɔbɛn Yerusalem, Betfage ne Betania wɔ Ngo Bepɔw ho no, ɔsomaa n’asuafo no mu baanu, 2na osee wɔn sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase! Na mudu hɔ pɛ a, mubehu afurum ba a wɔasa no hama a onipa biara ntenaa no so da. Monsan no mfa no mmra! 3#Mar 14.14 Na sɛ obi se mo sɛ: Adɛn na moyɛ eyi a, monka sɛ: Ne ho hia Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma wɔde no aba ha. 4Na wɔkɔe kohuu afurum ba no sɛ ɔsa ɔpon ano wɔ mfikyiri, abɔnten, na wɔsan no. 5Na wɔn a wogyina hɔ no mu bi see wɔn sɛ: Moresan afurum ba no ayɛ dɛn? 6Na asuafo no buaa wɔn sɛnea Yesu kae no, na wɔmaa wɔn kwan.
7Na wɔde afurum ba no brɛɛ Yesu, na wɔde wɔn ntama guu no so; na ɔtenaa no so. 8Na nnipa bebree de wɔn ntama sesɛw ɔkwan no so, na ebinom twitwaa nnubaa fii mfuw mu de sesɛw ɔkwan no so.
9 # Nnw 118.25-26 Na wɔn a wodi anim ne wɔn a wodi akyiri teɛɛm sɛ:
Hosiana!
Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba!
10Nhyira ne yɛn agya Dawid ahenni a ɛreba no!
Hosiana wɔ sorosoro!
Borɔdɔma dua no nnome
(Mateo 21.12-22; Luka 19.45-48)
11Na ɔhyɛn Yerusalem kɔɔ asɔrefi. Na ɔhwɛɛ nneɛma nyinaa na ade reyɛ asa no, ɔne dumien no fi kɔɔ Betania. 12Na ade kyee a wofi Betania reba no, ɔkɔm dee no. 13Na ohuu borɔdɔma bi wɔ akyiri sɛ nhaban wɔ so no, ɔkɔɔ hɔ sɛ ebia obehu biribi wɔ so anaa. Na oduu ho no, wanhu hwee sɛ ahaban nko ara; efisɛ borɔdɔma bere nnui ɛ. 14#Mar 11.20 Na ɔkasa kyerɛɛ borɔdɔma no sɛ: Obiara renni wo so aba bio da! Na n’asuafo no tee.
Yesu pam aguadifo fi asɔredan no mu
15Na woduu Yerusalem. Na ɔkɔhyɛn asɔrefi no, ofii ase pam wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ ade asɔrefi hɔ; na obutuw sikasesafo apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkongua, 16na wamma kwan amma obiara ansoa ade amfa asɔrefi hɔ.
17 # Yes 56.7; Yer 7.11 Na ɔkyerɛkyerɛe see wɔn sɛ: Wɔnkyerɛwee sɛ
wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi ama amanaman nyinaa?
Na mo de, mode ayɛ adwowtwafo bon.
18Na asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no tee, na wɔhwehwɛe sɛ wobekum no; nso wosuro no, efisɛ ne nkyerɛkyerɛ yɛ nkurɔfokuw no nyinaa nwonwa. 19Na ade sae no, ofii kurom hɔ.
Borɔdɔma no wu ne ɛho adesua
20 # Mar 11.14 Na anɔpatutu a wɔretwam no, wohui sɛ borɔdɔma no awu fi ne ntini ase. 21Na Petro kaee see no sɛ: Rabi, hwɛ, borɔdɔma a wodomee no no awu! 22Na Yesu bua see wɔn sɛ: Munnya Onyankopɔn mu gyidi! 23#Mat 17.20 Na nokware mise mo sɛ, obiara a obese bepɔw yi sɛ: Ma wo ho so kɔhwe po mu na onnye akyinnye ne koma mu, na obegye adi sɛ nea ɔka no bɛba mu no, ɛbɛyɛ hɔ ama no. 24#Mat 7.7; Yoh 14.13 Eyi nti mise mo sɛ: Ade biara a mobɛsrɛ mo mpaebɔ mu no, munnye nni sɛ mubenya, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo. 25#Mat 5.23 Na sɛ mugyina hɔ rebɔ mpae, na mowɔ biribi tia obi a, momfa nkyɛ no, na mo agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomso akyɛ mo. 26#Mat 6.14-15 [Na sɛ moamfa ankyɛ a, mo agya a ɔwɔ soro no nso remfa mo mfomso nkyɛ mo.]
Yesu tumi ho asɛmmisa
(Mateo 21.23-27; Luka 20.1-8)
27Na wɔbaa Yerusalem bio. Na ɔnenam asɔrefi no, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo ne mpanyimfo no baa ne nkyɛn, 28na wobisaa no sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nneɛma yi? Anaasɛ hena na ɔmaa wo tumi sɛ yɛ eyinom? 29Na Yesu see wɔn sɛ: Mebisa mo asɛm biako, na mummua me, na mɛkyerɛ mo tumi ko a mede yɛ eyinom: 30Yohane asubɔ no, efi soro anaasɛ efi nnipa? Mummua me! 31Na wɔdwennwene ho kae sɛ: Sɛ yɛka sɛ efi soro a, ɔbɛka sɛ: Ɛnne ɛdɛn nti na moannye no anni? 32Anaa yɛnka sɛ: Efi nnipa? Nanso wosuro nkurɔfokuw no; efisɛ nnipa nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifo ampa. 33Na wobua see Yesu sɛ: Yennim. Na Yesu see wɔn sɛ: Me nso merenka tumi ko a mede yɛ eyinom menkyerɛ mo.

Επιλέχθηκαν προς το παρόν:

Marko 11: ATWDB

Επισημάνσεις

Κοινοποίηση

Αντιγραφή

None

Θέλετε να αποθηκεύονται οι επισημάνσεις σας σε όλες τις συσκευές σας; Εγγραφείτε ή συνδεθείτε