Mateo 28
28
Ɔda hunu no
(Marko 16.1-10; Luka 24.1-10; Yohane 20.1-18)
1Na homeda no twaam no, da a edi nnawɔtwe kan no ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria biako no bae sɛ wɔrebɛhwɛ ɔda no. 2Na hwɛ, asase wosowee kɛse pa ara; na Awurade bɔfo fi soro sian bae bemunum ɔbo no fii ɔda no ano, na ɔtenaa so. 3#Mat 17.2; Aso 1.10 Na ne ho te sɛ anyinam, na n’atade hoa sɛ asukɔtwea. 4Na ne ho hu nti awɛmfo no ho popoe, na wɔyɛe sɛ awufo. 5Na ɔbɔfo no bua see mmea no sɛ: Mo de, munnsuro! Na minim sɛ mohwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. 6#Mat 12.40; 16.21; 17.23; 20.19; Aso 2.36 Onni ha; na wanyan sɛnea ɔkae no. Mommra mmɛhwɛ faako a na ɔda! 7#Mat 26.32 Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafo sɛ wanyan afi awufo mu. Na hwɛ, odi mo anim akɔ Galilea; ɛhɔ na mubehu no; hwɛ, maka makyerɛ mo.
Wohyia Yesu
8Na wofii ɔda no ho ntɛm ara de ehu ne anigye kɛse tutuu mmirika sɛ wɔrekɔka akyerɛ n’asuafo no. 9Na hwɛ, Yesu hyiaa wɔn kae sɛ: Mema mo amo! Na wɔbae besusoo n’anan kotow sɔree no. 10#Heb 2.11 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Munnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wobehu me.
Asɔfo mpanyin no ma ademmude
11Na wɔrekɔ no, hwɛ, awɛmfo no mu binom baa kurow no mu bɛkaa nea esii nyinaa kyerɛɛ asɔfo mpanyimfo no. 12Na wɔne mpanyimfo no hyiae na wotuu agyina no, wɔmaa asraafo no sika bebree 13#Mat 27.64 kae sɛ: Monka sɛ: Anadwo a yɛdae no na n’asuafo bae bewiaa no. 14Na sɛ eyi du amrado asom a, yɛbɛkyerɛ no mu na mo ho anka mu. 15Na wogyee sika no kɔyɛe sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn no. Na asɛm yi atrɛw Yudafo mu de abedu nnɛ.
Asɛmpatrɛw adwuma ho ahyɛde
16 #
Mat 28.7
Na asuafo dubiako no siim kɔɔ Galilea, bepɔw a Yesu kyerɛɛ wɔn no so. 17Na wohuu no no, wɔkotow sɔree no; na ebinom gyee akyinnye. 18#Mat 11.27; Efe 1.20-22 Na Yesu bae bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. 19#Mar 16.15-16 Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, 20#Mat 18.20 na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.
Επιλέχθηκαν προς το παρόν:
Mateo 28: ATWDB
Επισημάνσεις
Κοινοποίηση
Αντιγραφή

Θέλετε να αποθηκεύονται οι επισημάνσεις σας σε όλες τις συσκευές σας; Εγγραφείτε ή συνδεθείτε
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.