Λογότυπο YouVersion
Εικονίδιο αναζήτησης

Mateo 27

27
Yesu gyina amrado anim
1 # Mar 15.1; Luka 22.66; Yoh 18.28 Na ade kyee no, asɔfo mpanyimfo no nyinaa ne ɔman mpanyimfo no tuu Yesu ho agyina sɛ wobekum no. 2#Luka 23.1; Yoh 18.31-32 Na wɔkyeree no de no kɔe, kɔhyɛɛ amrado Pilato nsa.
Yuda ahonu
3 # Mat 26.15 Ɛnna Yuda a oyii no mae no hui sɛ wɔabu no fɔ no, onuu ne ho, na ɔde nnwetɛbona aduasa no san brɛɛ asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no sɛ: 4Mayɛ bɔne sɛ mayi mogya a bɔne nni mu mama. Na wose: Ɛfa yɛn ho dɛn? Wo ara w'asɛm a! 5#Aso 1.18; 2 Sa 17.23 Na ɔtow nnwetɛbona no guu asɔredan mu fii hɔ kɔe, na ɔkɔsɛn ne mene.
6 # Mar 12.41 Na asɔfo mpanyimfo no faa nnwetɛbona no kae sɛ: Enni ho kwan sɛ wɔde gu ayɛyɛde adaka mu, ɛnam sɛ, ɛyɛ mogya ano bo. 7Na wotuu agyina, na wɔde kɔtɔɔ ɔnwemfo asase, sɛ wɔnsie ahɔho wɔ mu. 8#Aso 1.19 Enti wɔfrɛɛ asase no sɛ Mogya Asase de besi nnɛ. 9#Sak 11.12-13; Yer 32.6-9 Ɛnna nea Odiyifo Yeremia kae no baa mu sɛ: Na migyee nnwetɛbona aduasa a ɛyɛ nea wɔbɔɔ ne bo tɔɔ no fii Israel mma nsam no ti ade no 10de kɔtɔɔ ɔnwemfo asase, sɛnea Awurade hyɛɛ me no.
Pilato asɛmmisa
(Marko 15.2-5; Luka 23.2-3; Yohane 18.29-38)
11Na Yesu begyinaa amrado no anim. Na amrado no bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa? Na Yesu kae sɛ: Wo na woaka. 12#Mat 26.63; Yes 53.7 Na asɔfo mpanyimfo ne mpanyimfo no retoto n’ano no, wammua bi. 13Ɛnna Pilato see no sɛ: Wonte nsɛm pii a wɔreka gu wo so yi? 14#Yoh 19.9 Na wammua no asɛm biako po ho, maa no yɛɛ amrado no nwonwa sɛ.
Wobu Yesu kumfɔ
(Marko 15.6-15; Luka 23.13-25; Yohane 18.39—19.1)
15Na daa, afahyɛ no mu no, amrado gyaa ɔdeduani biako a nkurɔfokuw no pɛ no ma wɔn. 16Nso bere no mu na ɔwɔ ɔdeduani bi a wagye din a wɔfrɛ no Baraba. 17Enti wohyiae no, Pilato see wɔn sɛ: Hena na mopɛ sɛ migyaa no mema mo? Baraba anaa Yesu a wɔfrɛ no Kristo no? 18#Yoh 11.47-48 Na onim sɛ nitan nti na woyii no mae. 19Na ɔte atemmu agua so no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: Mma asɛm bi mmma wo ne onipa trenee no ntam; na ne nti mahu amane pii ɔdae mu nnɛ. 20Na asɔfo mpanyimfo ne mpanyimfo no tuu nkurɔfo akuwakuw no aso sɛ wɔnsrɛ Baraba, na wonkum Yesu. 21Na amrado no bua see wɔn sɛ: Wɔn baanu yi mu hena na mopɛ sɛ migyaa no mema mo? Na wɔkae sɛ: Baraba. 22Pilato see wɔn sɛ: Ɛnne dɛn na menyɛ Yesu a wɔfrɛ no Kristo no? Wɔn nyinaa kae sɛ: Ma wɔmmɔ no asɛnnua mu! 23Ɛnna ose: Na bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteɛteɛɛm dennennen sɛ: Ma wɔmmɔ no asɛnnua mu! 24#Deut 21.6 Na Pilato hui sɛ ontumi nyɛ ho hwee, na mmom sakasaka reba no, ɔfaa nsu hohoroo ne nsa nkurɔfokuw no anim kae sɛ: Medi bem wɔ onipa trenee yi mogya ho; mo ara monhwɛ! 25#Aso 5.28 Na ɔman mu no nyinaa buae sɛ: Ne mogya mmra yɛn ne yɛn mma tiri so. 26Ɛnna ogyaa Baraba maa wɔn; na ɔhwee Yesu mpire no, oyii no mae sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.
Yesu ho fɛwdi
(Marko 15.16-19; Yohane 19.2-3)
27Ɛnna amrado no asraafo de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔmaa asraafokuw no nyinaa behyiae n’anim. 28Na woyii n’atade, na wɔde nkatakonmu kɔkɔɔ bi guu no so, 29na wɔde nsɔe nwenee abotiri hyɛɛ ne ti, na wɔde demmire hyɛɛ ne nsa nifa mu, na wobuu nkotodwe n’anim goruu ne ho sɛ: Yudafo hene, mo oo! 30#Yes 50.6 Na wɔtoo ntasu guu no so, gyee demmire no, na wɔde paa n’apampam.
(Marko 15.20-41; Luka 23.26; 23.33-49; Yohane 19.16-30)
31Na wowiee ne ho fɛwdi no, woyii nkatakonmu no fii ne ho, na wɔde ɔno ara atade hyɛɛ no, na wɔde no kɔe sɛ wɔkɔbɔ no asɛnnua mu. 32Na wɔrefi adi no, wohuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon; ɔno na wɔhyɛɛ no maa ɔsoaa n’asɛnnua no.
Wɔbɔ Yesu asɛnnua mu
33Na wokoduu baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota (a ase ne tikwankorabea), 34#Nnw 69.21 wɔmaa no nsa akekakeka a wɔde bɔnwoma afra mu sɛ ɔnnom; na ɔkaa n’ano no, wampɛ sɛ ɔnom. 35#Nnw 22.18 Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu wiei no, wɔtwee ntonto kyɛɛ ne ntade (na ama nea wɔnam odiyifo no so kae no aba mu sɛ, wokyɛɛ me ntade mu maa wɔn ho, na wɔtwee ntonto wɔ me ntade so). 36Na wɔtenatenaa ase wɛn no. 37Na wɔde n’afɔdisɛm a wɔakyerɛw no fam n’atifi sɛ: Yesu, Yudafo hene no ni! 38#Yes 53.12 Ɛnna wɔbɔɔ adwowtwafo baanu asɛnnua mu kaa ne ho, obiako wɔ nifa, na obiako wɔ benkum.
Nkurɔfo no keka abususɛm
39 # Nnw 22.7 Na wɔn a wɔretwam no wosow wɔn ti kaa abususɛm tiaa no 40#Mat 26.61; Yoh 2.19 sɛ: Wo a wudwiriw asɔredan na woto no nnansa mu, gye wo ho ɛ! Sɛ Onyankopɔn ba ne wo a, fi asɛnnua no ho si fam! 41Saa ara nso na asɔfo mpanyimfo ne Kyerɛwfo ne mpanyimfo no goruu ne ho 42sɛ: Ogyee binom, na ontumi nnye ne ho. Sɛ ɔno ne Israel hene a, ma omfi asɛnnua no ho nsi fam, na yebegye no adi. 43#Nnw 22.8 Yiw, ɔde ne ho too Nyankopɔn so; afei sɛ ɔpɛ no a, ma onye no ɛ; efisɛ ɔkae sɛ: Onyankopɔn ba ne me! 44Saa ara na adwowtwafo a wɔbɔɔ wɔne no asɛnnua mu no nso yaw no.
Yesu wu
45Na efi bɛyɛ awia dumien bere mu no, esum duruu asase nyinaa so kosii awia nnɔnabiɛsa. 46#Nnw 22.1 Na ɛbɛyɛ sɛ nnɔnabiɛsa no, Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: Eli, Eli, lama sabaktani? Ɛne sɛ: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woagyaw me? 47Na wɔn a wogyina hɔ no mu bi tee no, wɔkae sɛ: Oyi refrɛ Elia. 48#Nnw 69.21 Na ntɛm ara wɔn mu biako tuu mmirika kɔfaa sapɔw de bɔɔ nsa kekakeka bi mu, na ɔde tuaa demmire ano de ma ɔnomee. 49Na wɔn a aka no kae sɛ: Gyae na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abegye no anaa? 50Na Yesu de nne kɛse teɛɛm bio no, ogyaa ne honhom mu.
Anwonwade a ɛbae
51 # Eks 26.22; Heb 10.19-20 Na hwɛ, ntama a etwa asɔredan no mu no mu tewee abien fi soro de besii fam, na asase wosowee, na abotan paapaee, 52na aboda buebuei, na nnipa kronkron a wɔawuwu no amu bebree nyannyanee, 53#Aso 26.23 na ne nyan akyi no wofii adi fii wɔn aboda mu kɔɔ kurow kronkron no mu koyiyii wɔn ho kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree.
Asraafo no suro
54Na asraafo ha so panyin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no huu asasewosow ne nneɛma a esisii no, wosuroe pii kae sɛ: Ampa ara Onyame ba ni! 55#Luka 8.2-3 Na mmea bebree wɔ hɔ a wogyina akyirikyiri rehwɛ; wɔn na wodii Yesu akyi fi Galilea som no; 56na Maria Magdalene ne Maria, Yakob ne Yosef ne na, ne Sebedeo mma no na ka wɔn ho.
Yesu sie
(Marko 15.42-47; Luka 23.50-55; Yohane 19.38-42)
57 # Eks 34.25 Na eduu anwummere no, ɔdefo bi a ofi Arimatea a wɔfrɛ no Yosef a ɔno nso adan Yesu suani bae; 58ɔno na ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no. Ɛnna Pilato hyɛe sɛ wɔmfa amu no mma no. 59Na Yosef faa amu no de nwera a ani tew kyekyeree ho. 60#Yes 53.9 Na ɔde kɔtoo ɔno ara ne da foforo a watwa ɔbotan mu mu, na opirew ɔbo kakraka bi hinii ɔda no ano, na ofii hɔ kɔe. 61Na Maria Magdalene ne Maria biako no wɔ hɔ tete ɔda no ntentenso.
Asɔfo mpanyimfo no ahodaso
62Na ade kyee a ɛyɛ da a edi ahosiesie da no akyi no, asɔfo mpanyimfo ne Farisifo no behyiaa Pilato nkyɛn 63#Mat 27.40; 12.40 sɛ: Owura, yɛakae sɛ ɔdaadaafo no te ase no, ɔkae sɛ: Nnansa akyi, menyan. 64Enti ma wɔnkɔwɛn ɔda no yiye nkodu da a ɛto so abiɛsa no, na asuafo no ammewia no, na wɔanka ankyerɛ ɔman no sɛ: Wanyan afi awufo mu, na anka akyiri yi nnaadaa bɛsen kan de no. 65Pilato see wɔn sɛ: Munnye awɛmfo nkɔ nkɔwɛn sɛnea mubetumi. 66#Dan 6.17 Na wɔkɔe kɔsɔɔ ɔbo no ano maa awɛmfo no wɛn ɔda no.

Επιλέχθηκαν προς το παρόν:

Mateo 27: ATWDB

Επισημάνσεις

Κοινοποίηση

Αντιγραφή

None

Θέλετε να αποθηκεύονται οι επισημάνσεις σας σε όλες τις συσκευές σας; Εγγραφείτε ή συνδεθείτε