Mateo 22
22
Ɔhene ba ayeforohyia
(Luka 14.16-24)
1Na Yesu kasa kyerɛɛ wɔn mmebu mu bio sɛ: 2#Yoh 3.29 Ɔsoro ahenni te sɛ ɔhene bi a ɔtoo ayeforo pon maa ne ba. 3Na ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔfrɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra ayeforo no ase no, wɔampɛ sɛ wɔba. 4#Mat 21.36 Bio, ɔsomaa nkoa foforo sɛ: Monkɔka nkyerɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ: Hwɛ, masiesie m’aduan, wɔakum m’anantwi ne me nyɛmmoa, na wɔawie ade nyinaa; mommra ayeforo no ase! 5Na wɔn de, wɔamfa anyɛ hwee, na wɔkokɔe, obi kɔɔ n’afum, na obi nso kodii ne gua. 6Na wɔn a aka no kyekyeree ne nkoa no bɔɔ wɔn adapaa kunkum wɔn. 7#Mat 24.2 Na ɔhene no tee no, ne bo fuwii, na ɔsomaa ne dɔm kokunkum awudifo no, na ɔhyew wɔn kurow. 8Ɛnna osee ne nkoa no sɛ: Wɔasiesie ayeforohyia no de, nanso wɔn a wɔahyia wɔn no, ansɛ wɔn. 9#Mat 13.47; 21.43 Enti monkɔ atempɔn nkwanta so, na dodow ara a mubehu wɔn no, momfrɛ wɔn mmra ayeforo apontow no ase. 10Na nkoa no fii adi kɔɔ akwan so kɔboaboaa dodow a wohuu wɔn no ano, nnipa bɔne ne nnipa pa; na ahɔho bɛhyɛɛ ayeforohyia dan no ma.
11 Na ɔhene no baa mu bɛhwɛɛ ahɔho a wɔaba no, obehuu onipa bi a ɔnhyɛ ayeforohyia atade wɔ hɔ. 12Na obisaa no sɛ: Awɛ, wobaa mu ha dɛn ni na wonhyɛ ayeforohyia atade yi? Na ɔtɔɔ mum. 13#Mat 8.12 Ɛnna ɔhene no see asomfo no sɛ: Monkyekyere ne nan ne ne nsa mfa no nkɔtow no nkyene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ. 14Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no dɔɔso, nanso wɔn a wɔapaw wɔn no de, wɔyɛ kakraa bi.
Tow ho asɛmmisa
(Marko 12.13-17; Luka 20.20-26)
15Ɛnna Farisifo no kɔe kotuu agyina sɛnea wobesum no afiri ɔkasa mu. 16#Mar 3.6 Na wɔsomaa wɔn asuafo kaa Herodefo no ho baa ne nkyɛn sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, na wokyerɛ Onyankopɔn kwan nokware mu, nanso obiara asɛm mfa wo ho; na wonhwɛ nnipa anim. 17Enti kyerɛ yɛn nea wudwen. Ɛwɔ ho kwan sɛ woyi tow ma Kaesare anaasɛ wonnyi? 18Na Yesu huu wɔn amumɔyɛ no, ɔkae se: Mo nyaatwomfo, adɛn na mosɔ me hwɛ? 19Momfa ɔtow sika no bi mmɛkyerɛ me! Na wɔde denare brɛɛ no. 20Na obisaa wɔn sɛ: Hena mfonini ne nkyerɛwee ni? 21#Rom 13.7 Wose: Kaesare dea. Ɛnna osee wɔn sɛ: Ɛnne momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn! 22Na wɔtee no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa; na wogyaw no hɔ kɔe.
Owusɔre ho asɛmmisa
(Marko 12.18-27; Luka 20.27-40)
23 #
Aso 23.6; 23.8 Da no ara na Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ no baa ne nkyɛn bebisaa no 24#Deut 25.5-6 sɛ: Kyerɛkyerɛfo, Mose kae sɛ: Sɛ obi wu na onni mma a, ne nua nware ne yere no, na ɔnwo mma ne nua no. 25Na anuanom baason tenaa yɛn nkyɛn ha. Nea odi kan no waree, na owui; wannya mma, na ogyaw ne yere no maa ne nua. 26Saa ara nso na nea ɔto so abien ne abiɛsa no yɛe de beduu ason no so. 27Na wɔn nyinaa akyi no, ɔbea no nso wui. 28Enti owusɔre mu no, baason yi mu hena na ɔbɛyɛ ne yere? Efisɛ wɔn nyinaa aware no. 29Na Yesu bua see wɔn sɛ: Mofom, na munnim kyerɛw nsɛm ne Nyankopɔn tumi. 30Na owusɔre mu no, wɔnnware na wɔmma aware, na wɔte sɛ abɔfo wɔ ɔsoro. 31Na ɛfa awufo sɔre ho de, monnkenkan nea Onyankopɔn kaa no pɛn sɛ: 32#Eks 3.6 Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn? Onyankopɔn nyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo Nyankopɔn. 33Na nkurɔfo akuwakuw no tee no, ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiriw.
Ɔdɔ ne mmara a edi kan
(Marko 12.28-31; Luka 10.25-28)
34Na Farisifo no tee sɛ wamua Sadukifo no ano no, wokohyiaa faako. 35Na wɔn mu biako a ɔyɛ mmarakyerɛfo bisaa no de sɔɔ no hwɛe sɛ: 36Kyerɛkyerɛfo, mmara no mu kɛse ne nea ɛwɔ he? 37#Deut 6.5 Na osee no sɛ: Dɔ Awurade wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! 38Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan. 39#Lew 19.18 Na nea ɛto so abien te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! 40#Mat 7.12; Rom 13.10; Gal 5.14 Mmara nsɛm abien yi so na mmara ne adiyifo nyinaa gyina.
Dawid ba ne Dawid wura
(Marko 12.35-37; Luka 20.41-44)
41Na Farisifo no hyiae no, Yesu bisaa wɔn 42sɛ: Mudwen Kristo no ho dɛn? Hena ba ne no? Wosee no sɛ: Dawid. 43Obisaa wɔn sɛ: Na afei adɛn na Dawid nam honhom mu frɛ no owura ka sɛ: 44#Nnw 110.1; Mat 26.64 Awurade see me wura sɛ:
Tena me nifa
kosi sɛ mede w’atamfo megu wo nan ase?
45 Sɛ Dawid frɛ no owura a, na ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba? 46Na obiara antumi ammua no asɛm bi, nanso efi da no, obiara antumi ammisa no asɛm bi bio.
Επιλέχθηκαν προς το παρόν:
Mateo 22: ATWDB
Επισημάνσεις
Κοινοποίηση
Αντιγραφή

Θέλετε να αποθηκεύονται οι επισημάνσεις σας σε όλες τις συσκευές σας; Εγγραφείτε ή συνδεθείτε
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.