YouVersion Logo
Search Icon

Mateo 21

21
Yesu hyɛnee Yerusalem nkunimdie mu
(Marko 11:1-10; Luka 19:29-38; Yohane 12:12-19)
1Berɛ a bɛbɛnee Yerusalem, na beduruu Betfage, Ngo Bepɔ so he, Yesu somaa asuafoɔ mmienu, 2na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ akuraa a ɔda ho anim yi mu, na hoduru hɔaa pɛ hobehu afunumu a bɛamantam no a ne ba ka ne ho; honsane bɛ na homfa bɛ mmra me. 3#Mat 26:18 Sɛ bi bisa ho asɛm a, ho deɛ honka sɛ, ‘Bɛ ho hia ma Awurade.’ Na ntɛmaa ɔbɛma ho de bɛ aba.” 4Yei nyinaa siiɛ maa deɛ diyifoɔ he kaeɛ he baam, sɛ,
5 # Sak 9:9; Yes 62:11 “Honka nkyerɛ Sion babaa,
Hwɛ, wo hene ɔɔba wo nkyɛne,
ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumu ba a ɔsoa nnoɔma so.”
6Na asuafoɔ he kɔ kɔyɔɔ sɛdeɛ Yesu kyerɛeɛ he; 7na bɛde afunumu he ne ne ba he baeɛ, na bɛde bɛ ntoma guguu bɛ so, na Yesu tenaa so. 8#2 Ah 9:13 Nnipadɔm he mu pii de bɛ ntoma sesɛɛ kwane mu, na afoforɔ so twaa nnua mmane sesɛɛ kwane he mu. 9#Dwom 118:25-26Na nnipadɔm a bedi n’anim ne bɛ a bedi n’akyi he teateam sɛ, “Hosiana, Dawid ba! Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade dini mu ɔɔba! Hosiana ya sorosoro!” 10Berɛ a oduruu Yerusalem he, kuro mũ he nyinaa bɔɔ twi, bisaa sɛ, “Hwane di?” 11Nnipadɔm he kaa sɛ, “Yei ne Yesu, diyifoɔ a ofiri Nasaret a ɔya Galilea he.”
Yesu siesie asɔredane mu
(Marko 11:11-24; Luka 19:45-48)
12 # Yoh 2:14-16 Afei Yesu wuraa asɔredane mu hɔ na ɔpaamoo bɛ a bɛɛtɔno nnoɔma ne bɛ a bɛɛtɔ firii asɔredane he mu, na ɔkekaa sika sesafoɔ apono ne bɛ a bɛɛtɔno mmuburo nkonnwa butuiɛ. 13#Yes 56:7; Yer 7:11 Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛatwerɛ sɛ, ‘Bɛ bɛfrɛ me fie mpaebɔfie’; nso hoadane no akrɔmfoɔ atenaeɛ.”
14Anifirafoɔ ne mmubuafoɔ baa ne nkyɛne asɔredane mu hɔ, na ɔsaa bɛ yadeɛ. 15Nso berɛ a asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he huu anwanwadeɛ a ɔyɔeɛ he, na bɛtee sɛ mmɔfra ɔɔteam asɔredane mu hɔ sɛ, “Hosiana, Dawid Ba,” he bɛ bofuu paa 16#Dwom 8:2 na bebisaa no sɛ, “Nti wonte deɛ yeinom bɛɛka yi?” Yesu buaa bɛ sɛ, “Ɛɛ! honkenkanee no atwerɛ he mu sɛ,
‘Ofiri mmɔfra ne bɛ a betua nofoɔ ano
na woasiesie ayeyie ama wo ho’?”
17Na afei ogyaa bɛ hɔ, firii hɔ kɔɔ Betania, na ɔdaa hɔ anadwo he.
Yesu domee borɔdoma dua bi
18Na adeɛ kyeeɛ he, berɛ a Yesu sane kɔɔ kurom hɔ he, kɔm dee no. 19#Luk 13:6 Ohuu borɔdoma dua bi kwane nkyɛne; na ɔkɔɔ ho sɛ ɔɔkɔ pɛ n’aba he bi, nso wanhu hwee dua he so sɛ ahahane nkoaa. Na ɔdomee dua he sɛ, “Wonso aba bio da!” Na borɔdoma he wuu amonom hɔaa. 20Berɛ a asuafoɔ he huiɛ he, ɔyɛɛ bɛ nwanwa na bɛkaa sɛ, “Mmɛ nti ne borɔdoma dua he wuu amonom hɔaa yi?”
21 # Mat 17:20 Yesu buaa sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ howɔ gyidie na honnye akyinnye a, nka nyɛ deɛ meyɔɔ borɔdoma dua yi nkoaa ne hobɛyɔ, na mmom sɛ hoka kyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kogu po mu a,’ ɔbɛyɔ hɔ. 22Bibiaa a hode gyidie bɛsrɛ mpaebɔ mu he, ho nsa bɛka.”
Bebisaa tumi a Yesu de di dwuma
(Marko 11:27-33; Luka 20:1-8)
23 # Yoh 2:18 Na afei berɛ a Yesu wuraa asɔredane mu hɔ he, asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne mane he mu mpanyimfoɔ baa ne nkyɛne, berɛ a ɔɔkyerɛkyerɛ he. Na bebisaa no sɛ, “Mmɛ tumi ne wode yɔ saa nnoɔma yi, na hwane ne maa wo saa tumi yi?” 24Yesu buaa bɛ sɛ, “Me nso mebisa ho asɛm baako; sɛ homa me mmuaeɛ a, hedeɛ me nso mɛkyerɛ ho tumi a mede yɔ saa adwuma yi. 25Na Yohane asubɔ he firi soro, anaa ofiri nnipa?” Na besusuu ho sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ‘Ofiri soro’ a, obebisa yɛ sɛ, ‘Mmɛ nti ne hoannye no anni?’ 26#Mat 14:5 Nso sɛ yɛka sɛ, ‘Ofiri nnipa,’ a yesuro nea nnipadɔm he bɛyɔ; efiri sɛ bɛ nyinaa bebu Yohane sɛ diyifoɔ.” 27Saa nti bebuaa Yesu sɛ, “Yennim.” Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Saa ara ne me nso mennka tumi korɔ a mede yɔ yeinom nkyerɛ ho.”
Setie ne asoɔdene ho asɛm
28Yesu bisaa sɛ, “Hodwene yei ho sɛ? Beema bi wɔ mma mmienu; ɔkɔɔ deɛ odi kane he hɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Me ba, kɔ na kɔyɔ bobe turo he mu adwuma nnɛ.’ 29Na obuaa no sɛ, ‘Mennkɔ’; nso akyire he ɔsesaa n’adwene na ɔkɔeɛ. 30#Mat 7:21 Papa he kɔɔ deɛ ɔtɔ so mmienu he hɔ kɔkaa asɛm korɔ heaa kyerɛɛ no; na ne ba he buaa sɛ, ‘Owura mɛkɔ’; nso woankɔ. 31#Luk 18:14 Hohwɛ a bɛ mmienu mu hwane ne yɔɔ ne papa he apɛdeɛ?” Bebuaa sɛ, “Deɛ odi kane he a.” Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, togyefoɔ ne adwamammɔfoɔ oodi ho anim kane Nyankopɔn ahennie mu, 32#Luk 7:29 efiri sɛ Yohane baa ho nkyɛne tenenee kwane so, nso hoanye no anni, na togyefoɔ ne nwamanmɔfoɔ gyee no diiɛ; mpo akyire yi a hohuiɛ yɛ nso, hoannsesa ho adwene anye no anni.
Nhwɛsofoɔ bɔne he
(Marko 12:1-12; Luka 20:9-19)
33 # Yes 5:1-2; Mat 25:14 Afei Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hontie mfantoho foforɔ yi, afuowura bi yɔɔ bobe turo, too bane faa ho, tuu mu nsa-kyi-amena, na osii abane tentene. Na ɔde hyɛɛ nhwɛsofoɔ nsa firii hɔ kɔɔ mane foforɔ so. 34Berɛ a twaberɛ duruiɛ he, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ nhwɛsofoɔ he hɔ sɛ bɛnkɔgye n’afudeɛ mmra no. 35Nso nhwɛsofoɔ he kyee ne nkoa he, hwee baako, kuu foforɔ, na besii foforɔ nso aboɔ. 36Na ɔsane somaa nkoa foforɔ a bɛ dɔɔso kyɛne kane deɛ he; na bɛde bɛfaa saa kwane heaa so. 37Afei nea Afuowura he yɔ twaa toɔ ne sɛ, ɔsomaa ne ba nhwɛsofoɔ he hɔ, susuu sɛ, ‘Bɛbɛfɛre me ba yi.’ 38#Mat 27:18 Nso berɛ a nhwɛsofoɔ he huu ne ba he, bɛka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, ‘Yei ne nea obedi adeɛ he; homma yenku no na yɛmfa n’agyapadeɛ he.’ 39Nti bɛkyee no, twee no firii bobeturo he mu, na bekuu no. 40Nti sɛ afuowura he ba a, mmɛ ne ɔde bɛyɔ saa nhwɛsofoɔ yi?” 41Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbɛsɛe saa nnipa bɔnefoɔ he pasaa, na ɔde bobe turo he ama nhwɛsofoɔ foforɔ a bɛde afudeɛ bɛbra no twaberɛ.”
42 # Dwom 118:22-23; Aso 4:11; Rom 9:33; 1 Pe 2:6-8 Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkenkanee no twerɛ nsɛm he mu pɛn sɛ:
‘Boɔ a abantofoɔ apo he;
abɛyɛ tweaso tiboɔ titire;
yei yɛ deɛ Awurade ayɔ,
na ɔyɛ yɛ ani so nwanwa’ anaa?
43Nti meeka akyerɛ ho, bɛbɛgye Nyankopɔn ahennie he afiri ho nsam na bɛde ama bɛ a bɛsõ ahennie he ho aba.” 44#Dan 2:34-35; 2:44-45 [Deɛ ɔbɛhwe saa boɔ yi so he mu bɛpaepae; na nea boɔ he bɛhwe ne so biaa nso ɔbɛyam no muhumuhu.]#21:44 Tete atwerɛeɛ he bi mfa yei nka ho.
45Berɛ a asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he tee ne mfantoho he, behuu sɛ bɛ ho asɛm ne ɔɔka. 46Na bɛpɛ sɛ bɛkye no, nso na besuro nnipadɔm he, efiri sɛ na nnipadɔm he gye no tom sɛ diyifoɔ.

Currently Selected:

Mateo 21: BBTP

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in