YouVersion Logo
Search Icon

Mateo 22

22
Yesu de soro ahennie totoo ayefohyia ho
(Luka 14:16-24)
1Bio, Yesu de mfantoho bi kyerɛkyerɛ bɛ sɛ: 2#Yoh 3:29 “Soro ahennie he te sɛ hene bi a otoo ayefohyia pono maa ne ba. 3Ɔsomaa ne nkoa sɛ bɛnkɔfrɛ bɛ a bɛtoo nsa frɛɛ bɛ ayefohyia he ase nyinaa, nso bɛampɛ sɛ bɛba. 4#Mat 21:36 Nti ɔsane somaa nkoa foforɔ, kaa sɛ, ‘Honka nkyerɛ bɛ a bɛato nsa afrɛ bɛ he sɛ: Hwɛ masiesie me nnuane, maaku m’anantwie ne mmoa a bɛadɔre sradeɛ, mawie nnoɔma nyinaa; hommra ayefohyia apontoɔ he ase.’ 5Nso bɛamfa n’asɛm he annyɛ hwee na bɛkɔɔ bɛ baabi, baako kɔɔ n’afuom, bi nso kɔɔ n’adwuma, 6binom nso kyee nkoa he, bɔɔ bɛ adapaa kukuu bɛ. 7#Mat 24:2 Na hene he bo fuiɛ. Ɔsomaa ne dɔm maa bɛkɔsɛe saa wudifoɔ he hyee bɛ kuro. 8Na ɔka kyerɛɛ ne nkoa he sɛ, ‘Bɛasiesie ayefohyia apontoɔ he awie, nso bɛ a bɛtoo nsa frɛ bɛ he, amfata bɛ. 9#Mat 13:47; 21:43 Nti honkɔ mmɔntene so, na homfrɛ biaa a hobehu no ma no mmra ayefohyia apontoɔ he ase.’ 10Nti nkoa he te sii mmɔntene so na bɛboaboa bɛ a behuu bɛ nyinaa ano, nnipa pa ne nnipa bɔne; yei maa ahɔhoɔ bɛhyɛɛ ayefohyia apontoɔ dane he ma.
11“Nso berɛ a hene he behuu ahɔhoɔ he, ohuu beema bi a na ɔnhyɛ ayefohyia ataadeɛ he bi, 12na obisaa no sɛ, ‘Damfo, ɔyɛɛ dɛ na wonhyɛ ayefohyia ataadeɛ he bi, na nso wotumi bewuraa mu yi?’ Na akoa he tɔree mmum. 13#Mat 8:12 Na hene he ka kyerɛɛ asomfoɔ he sɛ, ‘Honkyekyere ne nsa ne ne nane, na honto no ntwene akyirikyiri sum kabii he mu, hɔ ne suu ne setwerɛ ya.’ 14Na bɛafrɛ bebree nso kakraa bi na bɛayi bɛ.”
Toɔtua ho asɛmmisa
(Marko 12:13-17; Luka 20:20-26)
15Na afei Farisifoɔ he kotuu agyina sɛ bebesum Yesu fidie asɛm a ɔbɛka ho. 16#Mar 3:6 Nti bɛsomaa bɛ asuafoɔ ne Herodefoɔ kɔɔ ne nkyɛne, kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yenim sɛ woyɛ nɔkwafoɔ, wonam nɔkorɛ so kyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwane, na wonsuro nipa biaa, saa nso ne wonhwɛ nnipa anim. 17Kyerɛ yɛ nea wodwene fa yei ho. Ɔsɛ sɛ yetua toɔ ma Kaesare, anaa sɛ ɔnsɛ yetua ma no?” 18Nso ɔnam sɛ na Yesu nim bɛ adwemmɔne nti, ɔkaa sɛ, “Ho nyaatwomfoɔ, mmɛ nti ne hoosɔ me ahwɛ? 19Homfa dwetɛ deɛ yɛde tua toɔ he bi nkyerɛ me.” Na bɛde denare braa no. 20Na afei obisaa bɛ sɛ, “Hwane ti ne ne abodini ne bɛakurukyire agu sika yi so yi?” 21#Rom 13:7 Bebuaa sɛ, “Kaesare dea.” Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Saa deɛ a, homfa deɛ ɔyɛ Kaesare deɛ mma Kaesare, na homfa deɛ ɔyɛ Nyankopɔn deɛ mma Nyankopɔn.” 22Berɛ a bɛteeɛ he, bɛ ho dwirii bɛ; na begyaa ne hɔ kɔeɛ.
Wusɔreɛ ho asɛmmisa
(Marko 12:18-27; Luka 20:27-40)
23 # Aso 23:6; 23:8 Saa da heaa Sadukifoɔ a bɛ gyidie ne sɛ wusɔreɛ biaa nni hɔ he mu bi baa Yesu nkyɛne; na bebisaa no sɛ, 24#Deut 25:5-6“Kyerɛkyerɛfoɔ, Mose kaa sɛ, ‘Sɛ beema bi ware na wanwo ba na owu a, ne nua nware kunafoɔ he, na wawo mma ama ne nua a waawu he.’ 25Na yɛ ne anuanom nson ne ya ha; nea odi kane he wareeɛ, na owuiɛ a wannya ba, yei maa ne nua waree kunafoɔ he.
26Deɛ ɔtɔ so mmienu he nso wuiɛ a wannya ba. Asɛm korɔ heaa too nea ɔtɔ so mmeɛnsa ne bɛ a bɛaka he nyinaa kosii nea ɔtɔ so nson he so. 27Na bɛ nyinaa bɛ akyi he, kunafoɔ he ankasa nso wuiɛ. 28Sɛ ɔkɔ ba saa a wusɔreɛ he mu he, nnipa nson he mu mmɛneɛ ne baa he bɛyɛ ne yerɛ berɛ a bɛ nyinaa bɛaware no da he?”
29Yesu buaa bɛ sɛ, “Nea hooka yi, te ne honte aseɛ yie, efiri sɛ honnim atwerɛeɛ he anaa Nyankopɔn tumi. 30Na wusɔreɛ akyi he mmeema nware, na bɛmfa mma nso mma awareɛ, sɛnea abɔfoɔ a bɛya soro nware he, saa ara ne bɛ nso bɛnware. 31Na awufoɔ sɔreeɛ ho he, honkenkanee deɛ Nyankopɔn ka kyerɛɛ ho sɛ, 32#Eks 3:6‘Meyɛ Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn anaa’? Ɔnnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ɔyɛ ateasefoɔ Nyankopɔn.” 33Na berɛ a nnipadɔm he tee saa he, ne nkyerɛkyerɛ he yɛɛ bɛ ahodwiri.
Dɔ ne mmara he mu kɛseɛ paa
(Marko 12:28-31; Luka 10:25-28)
34Afei berɛ a Farisifoɔ he tee sɛ Yesu aka Sadukifoɔ he ano atum he, behyia faako. 35Na bɛ mu baako a ɔyɛ mmaranimfoɔ paa de asemmisa sɔɔ no hwɛɛ sɛ 36“Kyerɛkyerɛfoɔ, mmaransɛm he mu nea ɔya he ne yɛ kɛseɛ paa?” 37#Deut 6:5 Obuaa no sɛ “Fa w’akoma nyinaa, wo kra nyinaa, ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn. 38Yei ne mmaransɛm he mu kɛseɛ paa ne deɛ odi kane. 39#Lew 19:18Na deɛ ɔtɔ so mmienu a ɔte sɛ ɔno ne sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ 40#Mat 7:12; Rom 13:10; Gal 5:14 Saa mmaransɛm mmienu yi so ne mmara ne adiyifoɔ he nyinaa gyina.”
Dawid ba ho asɛmmisa
41Afei berɛ a Farisifoɔ he hyiaeɛ he, Yesu bisaa bɛ asɛm yi sɛ: 42“Ɛɛne ne hodwene fa Kristo he ho? Ɔyɛ hwane ba?” Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔyɛ Dawid ba.” 43Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Saa deɛ a mmɛ nti ne Dawid nam Honhom he so frɛ no Awurade, berɛ a ɔkaa sɛ,
44‘Awurade ka kyerɛɛ m’Awurade sɛ,
“Tena me nsa nifa so,
kosi sɛ mede w’atamfoɔ bɛhyɛ wo nane ase” ’?
45Sɛ Dawid frɛ no Awurade a, ɔyɛɛ dɛ na ɔyɛ ne ba?” 46Biaa antumi ammua no asɛm biaa, na ofiri saa da he biaa ammisa no asɛm biaa bio.

Currently Selected:

Mateo 22: BBTP

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in