YouVersion Logo
Search Icon

Adiyisɛm 1

1
Nhyɛnmu ne nkyia
1 # Adi 1.19 Yesu Kristo adiyi a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nea etwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfo so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane 2#Adi 1.9; 6.9 a wadi Nyankopɔn asɛm, ne Yesu Kristo adanse ne nea ohui nyinaa ho adanse. 3#Adi 22.7; 22.10 Nhyira ne nea ɔkekan ne wɔn a wotie adiyi nsɛm no, na wɔde nea wɔakyerɛw wɔ mu no sie; na ɛbere no abɛn.
4 # Adi 1.8; Eks 3.14-15; Adi 3.1; 5.6 Yohane de kɔma asafo horow ason a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoe mfi nea ɔwɔ hɔ seisei, nea na ɔwɔ hɔ dedaw, nea ɔreba no ne ahonhom ason a ɛwɔ n’ahengua anim, 5#Adi 3.14 ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefo nokwafo ne awufo mu abakan ne asase so ahene sodifo no nkyɛn nka mo. Nea ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya aguare yɛn afi yɛn bɔne mu, 6#Adi 5.10; 1 Pe 2.5; 2.9; Eks 19.6; Yes 61.6 na wayɛ yɛn ahemman sɛ yɛnyɛ asɔfo mma n’Agya Onyankopɔn no, ɔno na wɔmfa anuonyam ne tumi mma no daa daa. Amen.
7 # Dan 7.13; Sak 12.10; Yoh 19.37 Hwɛ, ɔnam amununkum mu reba,
na aniwa nyinaa behu no,
ɛne wɔn a wɔwɔɔ no peaw no,
na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho abubuw.
Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.
8 # Yes 41.4; Adi 1.4; 4.8; 21.6 Awurade se: Mene Alfa ne Omega no, nea ɔwɔ hɔ, na ɔwɔ hɔ dedaw, na ɔreba, ade nyinaa so tumfo no.
Kristo ho anisoadehu
9Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahenni ne boasetɔ no mu yɔnko no, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti, mewɔ supɔw a wɔfrɛ no Patmo no so, Onyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti. 10#Adi 1.15 Mewɔ honhom mu, Awurade da no, na metee nne kɛse bi wɔ m’akyi sɛ torobɛnto 11#Adi 1.8; 1.17; 2.8; 22.13 sɛ: Kyerɛw nea wuhu hyɛ nhoma mu, na fa kɔma asafo ahorow ason no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamum, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.
12 # Adi 1.20 Na medan m’ani sɛ mekɔhwɛ nne a ɛkasa kyerɛɛ me no. Na medan me ho no, mihuu sika akaneadua asɔn, 13#Adi 2.1; Dan 7.13; 10.5-6 na akaneadua no mfinimfini no, mihuu obi a ɔte sɛ onipa ba a ɔhyɛ atade yuu, na ɔde sika abɔso abɔ ne koko so. 14#Dan 7.9; Adi 2.18; 19.12 Na ne ti ne ne nwi hoa sɛ oguanten ho nwi fitaa, sɛ sukyerɛma, na n’aniwa te sɛ ogyaframa, 15#Adi 2.18 na ne nan te sɛ ayowa fɛfɛ a adɔ fononoo mu, na ne nne te sɛ asu bebree nne, 16#Adi 1.20; 2.1; 2.12; 2.16; 19.15 na okura nsoromma ason ne nifa mu, na afoa anofanu nnamnam fi n’ano; na n’anim te sɛ owia hyerɛn n’ahoɔden mu.
17 # Dan 8.18; 10.15-19 Na mihuu no no, mehwee ne nan ase sɛ owufo, na ɔde ne nsa nifa too me so ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, mene ɔkannifo ne okyidifo, 18ne nea ɔte ase no. Na miwui, na hwɛ, mete ase daa daa, na mikura owu ne asaman nsafe. 19Kyerɛw nea woahu, ne nea ɛwɔ hɔ, ne nea eyi akyi no ɛrebɛba: 20#Mal 2.7 Nsoromma ason a wuhui no me nifa so no ahintasɛm no, ne sika akaneadua ason no: Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo, na akaneadua ason a wuhui no yɛ asafo ason no.

Currently Selected:

Adiyisɛm 1: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in