YouVersion Logo
Search Icon

Adiyisɛm 2

2
Efeso nhoma
1 # Adi 1.13; 1.16; 1.20 Efeso asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea okura nsoromma ason ne nifa mu, nea ɔnam sika akaneadua ason no mfinimfini no se: 2#Adi 2.9; 2.13; 2.19; 3.1; 3.8; 3.15; 1 Yoh 4.1 Minim wo nnwuma ne wo brɛ ne wo boasetɔ, ɛne sɛ wuntumi nkura wɔn a wɔyɛ abɔnefo, na woasɔ wɔn a wose wɔyɛ asomafo a wɔnyɛ no ahwɛ, na woahu wɔn sɛ atorofo. 3Na wowɔ boasetɔ, na me din nti woahu amane nanso woampa abaw. 4Nanso mewɔ wo ho asɛm bi, ɛne sɛ woagyaw wo kan dɔ no. 5#Adi 2.16; 2.22; 3.3; 3.19 Enti kae nea wufi hwee ase, na sakra w’adwene, na yɛ kan nnwuma no! Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabeyi wo kaneadua mafi ne sibea, gye sɛ wosakra w’adwene. 6#Nnw 139.21; Adi 2.15 Nanso eyi na wowɔ, sɛ wotan Nikolaifo nnwuma a me nso metan no. 7#Adi 2.11; 2.17; 2.26; 3.5; 3.12; 3.21; 22.2; Gye 2.9; 3.22; 3.24 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafotow no: Nea odi nkunim no, mɛma no nkwadua a esi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi.
Smirna nhoma
8 # Adi 1.11; 1.17-18 Na Smirna asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkannifo ne okyikafo, nea owui na ɔte ase bio no se: 9#Yak 2.5; Adi 3.9; 2 Ko 11.14-15 Minim w’ahohia ne wo hia no, nanso woyɛ ɔdefo, ne wɔn a wose wɔyɛ Yudafo, na wɔnyɛ, na mmom wɔyɛ Satan hyiadan no abususɛm. 10#Mat 10.28; Adi 3.11; 2 Tim 4.8 Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu. Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri. 11#Adi 20.14 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no: Nea odi nkunim no, owuprenu renka no.
Pergamum nhoma
12 # Adi 1.16; Yes 49.2; Heb 4.12 Na Pergamum asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea okura afoa anofanu nnamnam no se: 13#Adi 13.2; 3.8 Minim nea wote, nea Satan ahengua si, na wukura me din mu, na woampa me gyidi, nna a wokum me dansefo nokwafo Antipa wɔ mo hɔ no mu, nea ɔbonsam te hɔ. 14#Num 31.16; Yuda 11 Nanso mewɔ wo ho nsɛm kakra: Sɛ wowɔ nnipa bi wo hɔ a wokura Bileam nkyerɛkyerɛ mu, nea ɔkyerɛɛ Balak sɛ ɔnto Israel mma hintidua na wonni nam a wɔakum ama abosom na wɔmmɔ aguaman no. 15#Adi 2.6 Saa ara nso na wowɔ wɔn a wokura Nikolaifo nkyerɛkyerɛ no mu. 16#Adi 1.16 Enti sakra w’adwene! Anyɛ saa a, mɛba wo so ntɛm, na mede m’anom afoa ne wo ako. 17#Adi 3.12 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafo no: Nea odi nkunim no, mɛma no mana a ahintaw no bi adi, na mɛma no ɔbo fitaa, na ɔbo no so na wɔakyerɛw din foforo a obiara nnim, sɛ nea onya no.
Tiatira nhoma
18 # Adi 1.14-15 Na Tiatira asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na Onyankopɔn ba a n’ani te sɛ ogyaframa na ne nan te sɛ ayowa fɛfɛ no se: 19Minim wo nnwuma ne wo dɔ ne wo gyidi ne wo som ne wo boasetɔ no, ne sɛ wo nnwuma a edi akyiri sen nea edi kan no. 20#Adi 2.4; 1 Ah 16.31 Nanso mewɔ wo ho asɛm, sɛ woma ɔbea Yesebel a ɔfrɛ ne ho sɛ odiyifo no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ na ɔnnaadaa me nkoa na wɔmmɔ aguaman na wonni nam a wɔakum ama abosom. 21Na mama no bere sɛ ɔmfa nsakra n’adwene mfi n’aguamammɔ mu, na wansakra. 22Hwɛ, mede no mɛto mpa so, na mede wɔn a wɔne no sɛe aware no magu ahohia kɛse mu, gye sɛ wɔsakra wɔn adwene wɔ wɔn nnwuma mu. 23#Nnw 7.9; Yer 17.10 Na mede owu mekum ne mma, na asafo no nyinaa ahu sɛ, mene nea ɔhwehwɛ adwene ne koma mu, na mɛma mo mu biara sɛnea mo nnwuma te. 24Na mise mo a moaka Tiatira no, dodow a wonni saa nkyerɛkyerɛ yi, wɔn a wonhuu Satan bun mu sɛnea wɔka no no sɛ: Merensoa mo adesoa foforo. 25#Adi 3.11 Nanso nea mowɔ no, munso mu dennen nkosi sɛ mɛba.
26 Na nea odi nkunim ne nea okura me nnwuma kosi ase no,
mɛma no amanaman so tumi,
27 # Adi 12.5; Nnw 2.8-9 na ɔde dade poma bɛyɛn wɔn,
na ɔbɛbobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo nkuku,
sɛnea me nso minyae wɔ m’agya nsam no;
28 na mɛma no adekyee nsoromma no. 29#Adi 3.6; 3.13; 3.22 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no.

Currently Selected:

Adiyisɛm 2: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in