YouVersion Logo
Search Icon

2 Petro 3

3
Awurade ba no ho bɔhyɛ
1 # 2 Pe 1.13 Adɔfo, eyi ne nhoma a ɛto so abien a merekyerɛw mabrɛ mo. Emu na mede nkae mekanyan mo adwene gyenennyenen, 2sɛ monkae nsɛm a adiyifo kronkron no aka ato hɔ, ne yɛn a yɛyɛ mo asomafo ahyɛde a ɛyɛ Awurade ne Agyenkwa de no.
3 # 1 Tim 4.1 Munhu eyi kan sɛ, nna a ebedi akyiri no mu, fɛwdifo a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi de fɛwdi bɛba 4#Yes 5.19; Hes 12.22; Mat 24.48 abɛka se: Ne ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na efii sɛ agyanom dedae yi, ade nyinaa te nea ɛte fi adebɔ mfiase. 5#Mat 24.38; Gye 1.2; 1.6; 1.9; Nnw 24.2 Na wɔhyɛ da ma wɔn werɛ fi sɛ, efi teteete no, ɔsoro ne asase a efii nsu mu, na efi nsu mfinimfini na ebetim hɔ wɔ Onyankopɔn asɛm so. 6#2 Pe 2.5; Gye 7.21 Wɔn so ara na ɛnam na nsu yirii sɛe wiase a na ɛwɔ hɔ wɔn bere so no. 7#2 Pe 3.10 Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara akora so, na wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no.
8 # Nnw 90.4 Na, adɔfo, mommma ade biako yi nnhintaw mo, sɛ da koro yɛ Awurade sɛ mfirihyia apem, na mfirihyia apem yɛ no sɛ da koro. 9#Hab 2.3; 1 Tim 2.4 Awurade nkyɛ ne bɔhyɛ ho, sɛnea ebinom bu sɛ ɛkyɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu. 10#1 Te 5.2-3; 2 Pe 3.7; Mat 24.29; 24.35; Adi 20.11 Na Awurade da no bɛba sɛ owifo ba. Emu na ɔsoro de kukurududu betwam akɔ, na ewim mfitiasede bɛhyew asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhyew.
11Enti sɛ eyinom nyinaa bɛsɛe a, nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu, 12sɛ motwɛn na morepɛ Onyankopɔn da no ba ntɛm yi? Ɛno mu na ɔsoro bɛsɔ ogya asɛe, na wim mfitiasede anan ahyew. 13#Yes 65.17; 66.22; Adi 21.1; 21.27 Na, sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu no.
Afotu a edi akyiri ne awie
14 # 1 Ko 1.7-8 Enti, adɔfo, sɛ moretwɛn eyinom nti, mommɔ mmɔden na wɔahu mo sɛ nnipa a wonni nkekae ne dɛm asomdwoe mu, 15#Rom 2.4 na mummu yɛn Awurade abodwokyɛre no sɛ nkwagye, sɛnea yɛn nua dɔfo Paulo nso de ne nyansa a wɔde ama no kyerɛw mo no, 16sɛnea ɔyɛe ne nhoma nyinaa a ɔka eyinom ho nsɛm wɔ mu no mu nso. Emu na nsɛm a ntease yɛ den, na wɔn a wonsuaa ade na wɔn ase ntimii toto no, sɛnea wɔyɛ kyerɛw nsɛm a aka no nso, ma wɔn ankasa sɛe no.
17 # Mar 13.5; 13.9; 13.33 Enti, adɔfo, sɛ munim dedaw nti, monhwɛ mo ho so yiye, na wɔamfa amumɔyɛfo nnaadaasɛm no amfa mo ankɔ bi, na moamfi mo ankasa tim a moatim no mu anhwe ase. 18Na munnyin yɛn Awurade ne agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na anuonyam nka no afei ne daa. Amen.

Currently Selected:

2 Petro 3: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in