1
2 Petro 3:9
KYERƐW KRONKRON
Awurade nkyɛ ne bɔhyɛ ho, sɛnea ebinom bu sɛ ɛkyɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.
Compare
Explore 2 Petro 3:9
2
2 Petro 3:8
Na, adɔfo, mommma ade biako yi nnhintaw mo, sɛ da koro yɛ Awurade sɛ mfirihyia apem, na mfirihyia apem yɛ no sɛ da koro.
Explore 2 Petro 3:8
3
2 Petro 3:18
Na munnyin yɛn Awurade ne agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na anuonyam nka no afei ne daa. Amen.
Explore 2 Petro 3:18
4
2 Petro 3:10
Na Awurade da no bɛba sɛ owifo ba. Emu na ɔsoro de kukurududu betwam akɔ, na ewim mfitiasede bɛhyew asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhyew.
Explore 2 Petro 3:10
5
2 Petro 3:11-12
Enti sɛ eyinom nyinaa bɛsɛe a, nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu, sɛ motwɛn na morepɛ Onyankopɔn da no ba ntɛm yi? Ɛno mu na ɔsoro bɛsɔ ogya asɛe, na wim mfitiasede anan ahyew.
Explore 2 Petro 3:11-12
Home
Bible
Plans
Videos