YouVersion Logo
Search Icon

1 Yohane 4

4
Monsɔ ahonhom no nhwɛ
1 # 1 Te 5.21 Adɔfo, munnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn anaa; efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase. 2Eyi mu na munhu Nyankopɔn honhom. Honhom biara a ɔpae mu ka sɛ Yesu Kristo aba honam mu no fi Nyankopɔn mu. 3#1 Yoh 2.18 Na honhom biara a ɔnka sɛ Yesu aba (honam mu) no mfi Nyankopɔn mu. Na eyi ne antikristo a moate sɛ ɔreba na afei wanya aba wiase no de.
4Mma nkumaa, mufi Nyankopɔn mu, na moadi wɔn so nkunim, efisɛ nea ɔwɔ mo mu no so kyɛn nea ɔwɔ wiase mu. 5#Yoh 15.19 Wɔn de, wofi wiase. Eyi nti na wofi wiase kasa, na wiase tie wɔn. 6#Yoh 8.47 Yɛn de, yefi Nyankopɔn mu. Nea onim Nyankopɔn no tie yɛn, na nea omfi Nyankopɔn mu no ntie yɛn. Eyi mu na yehu nokware honhom ne nnaadaa honhom.
Onyankopɔn yɛ ɔdɔ
7Adɔfo, momma yɛnnodɔ yɛn ho; na ɔdɔ fi Nyankopɔn mu, na obiara a ɔdɔ no, Onyankopɔn na wawo no, na onim Nyankopɔn. 8Nea ɔnnɔ no nhuu Nyankopɔn, na Onyankopɔn ne ɔdɔ. 9#Yoh 3.16 Eyi mu na Onyankopɔn dɔ no yii ne ho adi wɔ yɛn ho, sɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa no so nnya nkwa. 10#1 Yoh 2.2 Eyi mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne Ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.
11 # Mat 18.33 Adɔfo, sɛ Onyankopɔn dɔɔ yɛn sɛɛ a, ɛnne ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho. 12#Yoh 1.18 Obi nhuu Nyankopɔn pɛn. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu, na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu. 13#1 Yoh 3.24 Eyi mu na yehu sɛ yɛte ne mu, na ɔno nso te yɛn mu, sɛ wama yɛn ne honhom. 14#Yoh 3.17 Na yɛahu na yedi adanse sɛ: Agya no asoma Ɔba no sɛ wiase Agyenkwa. 15#1 Yoh 5.5 Obiara a ɔpae mu ka sɛ Yesu ne Nyankopɔn Ba no, Onyankopɔn te ne mu, na ɔno nso te Nyankopɔn mu. 16#1 Yoh 4.8 Na yɛn de, yɛahu na yɛagye ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ no yɛn ho no adi. Onyankopɔn ne ɔdɔ, na nea ɔte ɔdɔ mu no te Nyankopɔn mu, na Onyankopɔn te ne mu.
17 # 1 Yoh 2.28 Eyi mu na ɔdɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu, na yɛayɛ nnam atemmu da, efisɛ sɛnea ɔno te no, sɛ nso yɛte ewiase ha ne no. 18Ehu nni dɔ mu, na mmom ɔdɔ a ɛyɛ pɛ no pam ehu, efisɛ ehu ne asotwe na ɛnam, na nea osuro no nwiee pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu. 19Yɛdɔ, efisɛ ɔno na ɔdɔɔ yɛn kan. 20Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn, na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Na nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhuu no ɛ? 21#Mar 12.29-31 Na ahyɛde yi na yɛanya ne nkyɛn sɛ, nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso.

Currently Selected:

1 Yohane 4: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in