1
1 Yohane 4:18
KYERƐW KRONKRON
Ehu nni dɔ mu, na mmom ɔdɔ a ɛyɛ pɛ no pam ehu, efisɛ ehu ne asotwe na ɛnam, na nea osuro no nwiee pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu.
Compare
Explore 1 Yohane 4:18
2
1 Yohane 4:4
Mma nkumaa, mufi Nyankopɔn mu, na moadi wɔn so nkunim, efisɛ nea ɔwɔ mo mu no so kyɛn nea ɔwɔ wiase mu.
Explore 1 Yohane 4:4
3
1 Yohane 4:19
Yɛdɔ, efisɛ ɔno na ɔdɔɔ yɛn kan.
Explore 1 Yohane 4:19
4
1 Yohane 4:7
Adɔfo, momma yɛnnodɔ yɛn ho; na ɔdɔ fi Nyankopɔn mu, na obiara a ɔdɔ no, Onyankopɔn na wawo no, na onim Nyankopɔn.
Explore 1 Yohane 4:7
5
1 Yohane 4:8
Nea ɔnnɔ no nhuu Nyankopɔn, na Onyankopɔn ne ɔdɔ.
Explore 1 Yohane 4:8
6
1 Yohane 4:10
Eyi mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne Ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.
Explore 1 Yohane 4:10
7
1 Yohane 4:11
Adɔfo, sɛ Onyankopɔn dɔɔ yɛn sɛɛ a, ɛnne ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho.
Explore 1 Yohane 4:11
8
1 Yohane 4:9
Eyi mu na Onyankopɔn dɔ no yii ne ho adi wɔ yɛn ho, sɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa no so nnya nkwa.
Explore 1 Yohane 4:9
9
1 Yohane 4:20
Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn, na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Na nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhuu no ɛ?
Explore 1 Yohane 4:20
10
1 Yohane 4:15
Obiara a ɔpae mu ka sɛ Yesu ne Nyankopɔn Ba no, Onyankopɔn te ne mu, na ɔno nso te Nyankopɔn mu.
Explore 1 Yohane 4:15
11
1 Yohane 4:21
Na ahyɛde yi na yɛanya ne nkyɛn sɛ, nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso.
Explore 1 Yohane 4:21
12
1 Yohane 4:1-2
Adɔfo, munnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn anaa; efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase. Eyi mu na munhu Nyankopɔn honhom. Honhom biara a ɔpae mu ka sɛ Yesu Kristo aba honam mu no fi Nyankopɔn mu.
Explore 1 Yohane 4:1-2
13
1 Yohane 4:3
Na honhom biara a ɔnka sɛ Yesu aba (honam mu) no mfi Nyankopɔn mu. Na eyi ne antikristo a moate sɛ ɔreba na afei wanya aba wiase no de.
Explore 1 Yohane 4:3
Home
Bible
Plans
Videos