Marko 8
8
Nnipa mpemnan aduanma
(Mateo 15.32-39)
1Nna no mu a nkurɔfokuw no dɔɔso bio na wonni biribi a wodi no, Yesu frɛɛ asuafo no bae see wɔn sɛ: 2#Mar 6.34-44 Nkurɔfokuw yi yɛ me mmɔbɔ, efisɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wonni biribi a wodi. 3Na sɛ migya wɔn kwan na wɔde kɔm kɔ fie a, wɔbɛtotɔ baha ɔkwan mu; efisɛ wɔn mu binom fi akyirikyiri na ɛbae. 4Na n’asuafo no buaa no sɛ: Ɛhefa na obi betumi anya abodoo a eyinom bedi amee wɔ anwea pradada so ha? 5Na obisaa wɔn sɛ: Abodoo ahe na mowɔ? Na wɔkae sɛ: Asɔn. 6Na ɔhyɛɛ nkurɔfokuw no sɛ wɔntenatena fam. Na ɔfaa abodoo ason no daa ase bubui, na ɔde maa asuafo no sɛ wɔnkyekyɛ mma wɔn; na wɔkyɛ maa nkurɔfokuw no. 7Na wɔwɔ mpataa kakraa bi; na ohyiraa so kae sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn. 8Na wodi mee; na wɔtasee mporoporowa a ɛkae no nkɛntɛn ason mama. 9Na wɔn a wodii no bɛyɛ sɛ mpemnan. Na ogyaa wɔn kwan. 10Na ntɛm ara ɔne n’asuafo no kɔtenaa ɔkorow mu, na ɔbaa Dalmanuta fam.
Ɔsoro sɛnkyerɛnne
(Mateo 16.1-12)
11Na Farisifo no bae, na wofii ase bisabisaa no nsɛm hwehwɛɛ ne nkyɛn sɛnkyerɛnne a efi soro de sɔɔ no hwɛe. 12Na oguu ahome ne honhom mu kae sɛ: Adɛn na nnɛ mma yi hwehwɛ sɛnkyerɛnne yi? Nokware mise mo sɛ: Wɔremma nnɛ mma yi sɛnkyerɛnne biara. 13Na ogyaw wɔn tenaa ɔkorow mu bio kɔɔ asuogya noho.
Farisifo ne Herode mmɔkaw
14Na wɔn werɛ fii sɛ wɔfa abodoo, na wonni biribi wɔn nkyɛn ɔkorow no mu sɛ abodoo biako pɛ. 15#Luka 12.1; Mar 3.6 Na Yesu see wɔn sɛ: Hwɛ, monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Herode mmɔkaw ho! 16Na wɔdwennwene sisee wɔn ho sɛ wonni abodoo. 17#Mar 6.52 Na Yesu hui no, osee wɔn sɛ: Adɛn na modwennwene abodoo a munni ho? Munnya nhui na montee ase ɛ? Mo koma da so apirim? 18Mowɔ ani na munhu ade, na mowɔ aso nso monte asɛm? Na monkae? 19#Mar 6.41-44 Mibubuu abodoo anum memaa mpemnum no, mporoporowa nkyerɛnkyɛ ma ahe na motasee? Ɛnna wose: Dumien. 20#Mar 8.6-9 Mibubuu ason no memaa mpemnan no, mporoporowa nkɛntɛn ma ahe na motasee? Ɛnna wose: Asɔn. 21Na osee wɔn sɛ: Ɛnna afei monte ase ara yi?
Betsaida onifuraeni bi ayaresa
22 #
Mar 6.56
Na woduu Betsaida. Na wɔde onifuraefo bi brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no. 23#Mar 7.32-33; Yoh 9.6 Na osoo onifuraefo no nsa de no fii akuraa no ase, na ɔtoo ntasu guu n’ani so de ne nsa guu no so bisaa no sɛ: Wuhu ade anaa? 24Na onifuraeni no maa n’ani so kae sɛ: Yiw, mihu nnipa a ɛnenam hɔ, nanso mihu wɔn sɛ nnua. 25Afei ɔde ne nsa guu n’ani so bio, na ɔhwɛɛ ade haa; na ne ho san no, na ohuu biribiara kann. 26#Mar 7.36 Na ɔma ɔkɔɔ ne fi see no sɛ: Nkɔ akuraa no mpo ase.
Yesu ne Kristo no
(Mateo 16.13-20; Luka 9.18-21)
27Na Yesu ne n’asuafo no fii hɔ kɔɔ Kaesarea Filipi nkuraa ase. Na ɔkwan mu no, obisaa n’asuafo no sɛ: Nnipa ka sɛ mene hena? 28#Mar 6.15 Na wobuae sɛ: Yohane suboni; na ebinom se: Elia; na ebinom nso se: Adiyifo no mu biako. 29Na obisaa wɔn sɛ: Na mo de, muse mene hena? Na Petro bua see no sɛ: Wone Kristo no. 30#Mar 9.9 Na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka ne ho asɛm nnkyerɛ obiara.
Yesu wu ne ne wusɔre ho nkɔmhyɛ
(Mateo 16.21-28; Luka 9.22-27)
31Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hu amane pii na mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no po no, na wokum no, na ne nnansa so wasɔre; 32na ɔkaa asɛm no pefee. Na Petro de no kɔɔ nkyɛn fii ase kaa n’anim. 33Na ɔdan ne ho hwɛɛ n’asuafo no kaa Petro anim sɛ: Fi me so, Satan, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de.
34Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no ne n’asuafo no bae ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua, na onni m’akyi. 35#Mat 10.39 Na obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne kra nkwa no, ebefi ne nsa; na nea ne kra befi ne nsa me ne asɛmpa no nti no, wobegye no nkwa. 36Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? 37Anaasɛ dɛn na onipa bɛma de asesa ne kra? 38#Mat 10.33 Na obiara a n’ani bewu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefo ne nnebɔneyɛfo yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ onipa ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfo kronkron no bɛba wɔ n’agya anuonyam mu no.
Currently Selected:
Marko 8: ATWDB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.