YouVersion Logo
Search Icon

Marko 7

7
Atetesɛm ho nkyerɛkyerɛ
(Mateo 15.1-20)
1Na Farisifo ne kyerɛwfo no mu binom a wofi Yerusalem bae behyiaa ne nkyɛn. 2#Luka 11.38 Na wohuu n’asuafo bi sɛ wɔde wɔn nsa fi, ɛne sɛ, nsa a wɔanhohoro, redidi. 3(Na Farisifo ne Yudafo nyinaa, sɛ wɔanhohoro wɔn nsa yiye a, wonnidi, efisɛ wokura mpanyimfo atetesɛm mu; 4na sɛ wofi gua so ba na wɔanhohoro wɔn ho a, wonnidi; na nneɛma pii keka ho a wogyei sɛ wobekura mu, nkuruwa ne nkuku ne kɔberesɛn ne adidii ntwerimu ho hohoro). 5Ɛnna Farisifo ne kyerɛwfo no bisaa no sɛ: Adɛn nti na w’asuafo no nni mpanyimfo atetesɛm so na wɔde nsa fi didi yi? 6#Yes 29.13 Na obua see wɔn sɛ: Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo nyaatwomfo ho nkɔm, sɛnea wɔakyerɛw sɛ:
Ɔman yi de wɔn ano na edi me ni,
na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri.
7 Na wɔsɔre me kwa,
na wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.
8 Na moagyaw Onyankopɔn ahyɛde kura nnipa atetesɛm mu. 9Na osee wɔn sɛ: Moayɛ ade sɛ mokwae Onyankopɔn ahyɛde sɛ ɛbɛyɛ na mubedi mo atetesɛm so! 10#Eks 20.12; 21.17 Na Mose kae sɛ: Di w’agya ne wo na ni, ɛne: Nea ɔka n’agya anaa ne na ho asɛmmɔne no, owu na ma onwu! 11Na mo de, muse: Sɛ onipa bi ka kyerɛ n’agya anaa ne na sɛ: Ade a anka wode benya me ho mfaso no yɛ Korban (Ɛne sɛ, wɔde ma Onyankopɔn)#7.11 KORBAN: Ase ne: Ayɛyɛde. 12ana momma ɔnyɛ biribi mma n’agya anaa ne na bio, 13na mode mo atetesɛm a mokyerɛ no sɛe Onyankopɔn asɛm no, na nneɛma a ɛte sɛ eyinom pii na moyɛ. 14Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no nyinaa baa ne nkyɛn see wɔn sɛ: Mo nyinaa muntie, na monte ase! 15#Aso 10.14-15 Biribiara nni onipa ho a ɛkɔ no mu a ebetumi agu ne ho fi. 16(Sɛ obi wɔ aso a ɔde betie a, ma ontie!) 17Na ofii nkurɔfokuw no nkyɛn baa fie no, n’asuafo no bisaa no ɛbɛ no ase. 18Na osee wɔn sɛ: Mo nso munni ntease sɛɛ? Munhu sɛ ade biara a efi onipa ho na ɛkɔ no mu no ntumi ngu ne ho fi anaa? 19Efisɛ ɛnkɔ ne komam, na mmom ɛkɔ ɔyafunu mu, na efi adi gu tiafi mu. (Ɔkaa eyi de tew aduan nyinaa ho). 20Na ɔkae sɛ: Nea efi onipa mu ba no, ɛno na egu onipa ho fi. 21Na nnipa mu, ne wɔn komam, na adwemmɔne fi ba: Aguamansɛm, awifosɛm, awudisɛm, 22ayerefasɛm, aniberesɛm, amumɔyɛ, nsisi, ahohwi, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm. 23Nnebɔne yi nyinaa fi onipa mu na ɛba, na egu onipa ho fi.
Siro-Foinikeni bea bi gyidi
(Mateo 15.21-28)
24Na ɔsɔre fii hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fam. Na ɔkɔɔ ofi bi mu, na wampɛ sɛ obiara te; nanso wantumi anhintaw. 25Na amonom hɔ ara ɔbea bi a ne babea kumaa bi wɔ honhom fi tee ne nka no, ɔba bɛhwee ne nan ase; 26nso na ɔbea no yɛ Helani, na n’awo mu ɔyɛ Siro-Foinikeni; na ɔsrɛɛ no sɛ ontu honhommɔne no mfi ne babea no mu. 27Na osee no sɛ: Ma mma mmee ansa; na ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduan tow ma akraman mma. 28Na ɔbea no buaa see no sɛ: Ɛwom, Awurade, nanso akraman mma a wɔwɔ ɔpon ase no nso di mmofra no mporoporowa no bi! 29Na Yesu see no sɛ: Asɛm yi nti kɔ! Honhommɔne no afi wo babea no mu. 30Na ɔkɔɔ ne fi no, okohui sɛ honhommɔne no afi kɔ, na ne babea no da mpa so.
Ɔdodowpofo bi ayaresa
31 # Mat 15.29-31 Na ofii Tiro ahye so nam Sidon baa Galilea po ho faa Dekapoli ahye so. 32#Mat 5.23 Na wɔde ɔsotifo bi a ɔpo dodow brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nto no so. 33#Mar 8.23 Na Yesu faa no fii nkurɔfokuw no mu kɔɔ nkyɛn de ne nsatea hyehyɛɛ n’asom, na ɔtoo ntasu de kaa ne tɛkrɛma, 34#Mar 6.41; Yoh 11.41 na ɔhwɛɛ ɔsoro guu ahome, na osee no sɛ: Efata! Ɛne sɛ: Bue! 35Na n’aso buei, na ne tɛkrɛma hama no sanee ntɛm ara, na otumi kasae. 36#Mar 1.43-45 Na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara; nanso mpɛn dodow a ɔkɔ so bra wɔn no, na wɔkɔ so pae mu ka. 37Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw boroo so, na wɔkae sɛ: Wayɛ ade nyinaa yiye, ɔma asotifo te asɛm, na ɔma mumu kasa.

Currently Selected:

Marko 7: ATWDB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in