YouVersion Logo
Search Icon

Marko 14

14
Wɔpam Yesu tiri so
(Mateo 26.1-5; Luka 22.1-2)
1Na aka nnanu na Twam ne Apiti afahyɛ adu no, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo no hwehwɛe sɛnea wɔbɛyɛ akyere no nyansam na wɔakum no. 2Na wɔkae sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na basabasa amma ɔman no mu.
Ɔdɔ akyɛde bi
(Mateo 26.6-13; Yohane 12.1-8)
3Na ɔwɔ Betania, Simon kwatani fi. Na ɔtenaa ɔpon ho no, ɔbea bi a okura sradehuam toa, a ngo huamhuam a ne bo yɛ den wɔ mu bae, na ɔbɔɔ toa no hwie guu ne mpampam. 4Na ebinom wɔ hɔ a anyɛ wɔn abodwo wɔ wɔn mu, na wɔkekae sɛ: Adɛn nti na wɔsɛee ngo huamhuam yi? 5Anka wobetumi atɔn ngo huamhuam yi agye bɛboro denare ahasa, na wɔde ama ahiafo. Na wonwiinwii tiaa no. 6Na Yesu kae sɛ: Munnyaa no! Adɛn na morehaw no? Wayɛ me ho adwuma pa. 7#Deut 15.11 Na mowɔ ahiafo mo nkyɛn daa, na da biara a mopɛ no, mutumi yɛ wɔn yiye; na me de, menni mo nkyɛn daa. 8Wayɛ nea obetumi; wadi kan asra me nipadua ama me sie da. 9Nokware mise mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, nea ɔbea yi ayɛ nso wɔbɛka de ayɛ no nkae.
Yuda yi Yesu ma
(Mateo 26.14-16; Luka 22.3-6)
10Na Yuda Iskariot, dumien no mu biako, siim kɔɔ asɔfo mpanyimfo no nkyɛn sɛ obeyi no ama wɔn. 11Na wɔtee no, ɛyɛɛ wɔn anigye, na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no sika bi, na ɔhwehwɛe sɛnea obenya kwan ayi no ama bere a ɛsɛ mu.
Twam no siesie
(Mateo 26.17-19; Luka 22.7-13)
12Na Apiti da a edi kan a wokum Twam guan no, n’asuafo no bisaa no sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yekosiesie ma wokodi Twam no? 13Na ɔsomaa n’asuafo no mu baanu, na osee wɔn sɛ: Monkɔ kurow no mu! Na onipa bi a ɔso ahina behyia mo; munni n’akyi, 14#Mar 11.3 na baabiara a ɔbɛhyɛn no, munse ofiwura no sɛ: Kyerɛkyerɛfo no se: Ɛhe na ahɔhodan a me ne m’asuafo bedi mu Twam no wɔ? 15Na ɔno ara bɛkyerɛ mo abansoro asa kɛse bi a wɔahyehyɛ mu, na wɔasiesie mu; ɛhɔ na munsiesie Twam no mma yɛn! 16Na asuafo no siim kɔe, na woduu kurow no mu no, wohuu sɛnea ɔka kyerɛɛ wɔn no, na wosiesiee Twam no.
Adidi a edi akyiri no — ɔfatwafo adiyi
(Mateo 26.20-29; Luka 22.14-23; Yohane 13.21-26)
17Na eduu anwummere no, Yesu ne dumien no bae. 18Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kae sɛ: Nokware mise mo sɛ, mo a mo ne me redidi yi, mo mu biako beyi me ama. 19Na wɔn werɛ howee, na wofii ase bisaa no mmiako mmiako sɛ: Ɛyɛ me? 20Na osee wɔn sɛ: Ɛyɛ dumien no mu biako a ɔne me to nsa asanka mu no a. 21Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw ne ho de, nanso onipa a obeyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka eye ma no.
Adidi Kronkron asehyɛ
22 # 1 Ko 11.23-25 Na wɔredidi no, Yesu faa abodoo hyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kae sɛ: Munnye! Eyi ne me honam. 23Na ɔfaa kuruwa no daa ase de maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi. 24Na osee wɔn sɛ: Eyi ne me mogya a ɛyɛ apam foforo no mogya a nnipa bebree nti wɔrehwie agu. 25Nokware mise mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio de bɛkɔ akosi da a mɛnom no foforo Onyankopɔn ahenni no mu.
Petro pa ho nkɔmhyɛ
(Mateo 26.30-35; Luka 22.31-34; 22.39)
26Na wɔtoo dwom no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw no so. 27#Sak 13.7 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ:
Me ho bɛyɛ mo nyinaa hintidua;
efisɛ wɔakyerɛw sɛ:
Mɛbɔ oguanhwɛfo no,
na nguan no abɔ apete.
28 # Mar 16.7 Na me wusɔre akyi no, medi mo anim makɔ Galilea. 29Na Petro see no sɛ: Sɛ ɛbɛyɛ wɔn nyinaa hintidua po a, me de, ɛrenyɛ me hintidua. 30#Yoh 13.38 Na Yesu see no sɛ: Nokware mise wo sɛ, ɛnnɛ anadwo yi, akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa. 31Na Petro de, ɔkasae anibere so sɛ: Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu po a, merempa wo da! Na saa ara na wɔn nyinaa nso kae.
Getsemane awerɛhow
(Mateo 26.36-46; Luka 22.40-46)
32 # Yoh 18.1 Na woduu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na osee n’asuafo no sɛ: Montena ha, na menkɔbɔ mpae ansa. 33Na ɔfaa Petro ne Yakob ne Yohane kaa ne ho, na ne ho fii ase hiahiaa no, na ne ho yeraw no. 34#Yoh 12.27 Na osee wɔn sɛ: Awerɛhow ahyɛ me kra so de kɔ owu mu; montena ha, na monwɛn! 35Na ɔkɔɔ n’anim kakra kobutuw fam, na ɔbɔɔ mpae sɛ, sɛ ebetumi a, dɔn no ntwa ne ho nkɔ. 36#Mar 10.38 Na ɔkae sɛ: Abba, agya! Wutumi ade nyinaa yɛ; yi kuruwa yi fi me ho kɔ; nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ. 37Na ɔba behuu wɔn sɛ wɔadeda, na osee Petro sɛ: Simon, woada? Woantumi anwɛn dɔnhwerew biako? 38Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ de, na ɔhonam na ɛyɛ mmerɛw. 39Na osiim kɔe bio kɔbɔɔ mpae kaa asɛnkoro no ara. 40Na ɔsan bae behuu wɔn sɛ wɔada bio; na wɔn ani pam so, na wonhu nea wɔmfa mmua no. 41Na ɔbae ne mprɛnsa so, na osee wɔn sɛ: Afei de, monna na monhome! Adɔɔso! Dɔn no adu; hwɛ, wɔreyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa. 42Monsɔre mma yɛnkɔ, hwɛ, nea ɔreyi me ama no abɛn!
Yuda ne asraafo ba
(Mateo 26.47-58; Luka 22.47-55; Yohane 18.2-18)
43Na amonom hɔ ara, ogu so rekasa no, Yuda, dumien no mu biako, bae, na nkurɔfokuw bebree a wokurakura nkrante ne mmaa fi asɔfo mpanyimfo ne kyerɛwfo ne mpanyimfo no nkyɛn ka ne ho. 44Na nea oyii no mae no ama wɔn sɛnkyerɛnne sɛ: Nea mefew n’ano no, ɔne no, monkyere no, na monso no mu yiye mfa no nkɔ! 45Na odui no, ntɛm ara na ɔbaa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Rabi! Na ofew n’ano. 46Na wɔde wɔn nsa kosoo no mu kyeree no. 47Na wɔn a wogyina hɔ no mu biako twee ne nkrante de bɔɔ ɔsɔfo panyin akoa twaa n’aso.
Yesu kyere ne n’asuafo no guan
48Na Yesu bisaa wɔn sɛ: Moaba sɛnea moreba odwowtwafo so de nkrante ne mmaa rebɛkyere me? 49Daa mewɔ mo nkyɛn asɔrefi mekyerɛkyerɛ no, moankyere me; na sɛ kyerɛw nsɛm no bɛba mu ntia! 50Na wɔn nyinaa gyaw no guanee. 51Na aberante bi a ofura nwera de akata n’adagyaw so dii n’akyi; na wɔkyeree no; 52na ogyaw nwera no, fii wɔn nsa de adagyaw guanee.
Yesu gyina ɔsɔfo panyin anim
53Na wɔde Yesu kɔɔ ɔsɔfo panyin no nkyɛn, na asɔfo mpanyimfo ne mpanyimfo ne kyerɛwfo no nyinaa behyiae. 54Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri koduu ɔsɔfo panyin no aban mu, na ɔne asomfo no kɔtenaa hɔ too gya.
(Mateo 26.59-68; Luka 22.63-71; Yohane 18.19-24)
55Na asɔfo mpanyimfo ne baguafo no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adanse pɛe sɛ wokum no, nanso wɔannya bi. 56Na nnipa pii dii adansekurum tiaa no, nanso wɔn adanse no anhyia. 57Na ebinom sɔre dii adansekurum tiaa no sɛ: 58#Yoh 2.19 Yɛate sɛ ɔka sɛ: Medwiriw asɔredan a wɔde nsa ayɛ yi, na nnansa mu mɛto bi a wɔamfa nsa anyɛ. 59Na ɛno ho mpo wɔn adanse no anhyia. 60Na ɔsɔfo panyin no sɔre gyinaa mfinimfini bisaa Yesu sɛ: Wummua bi? Ɛdɛn ho na eyinom di adanse tia wo yi? 61#Mar 15.5; Yes 53.7 Nanso omuaa n’ano, na wammua bi. Na ɔsɔfo panyin no bisaa no bio, na osee no sɛ: Wone Kristo no, nea wohyira no no ba no anaa?
62Na Yesu kae sɛ:
Mene no; na mubehu onipa ba no sɛ
ɔte tumi nifa,
na ɔreba ɔsoro mununkum mu.
63Na ɔsɔfo panyin no sunsuanee ne ntade mu kae sɛ: Ɛdɛn hia na ehia yɛn adansefo bio? 64#Yoh 19.7 Moate n’abususɛm no; mudwen ho dɛn? Na wɔn nyinaa buu no fɔ sɛ ɛsɛ sɛ owu. 65Na ebinom fii ase hinam ntasu guu no so, na wɔkataa n’ani, na wɔbobɔɔ no akuturuku, na wosee no sɛ: Hyɛ nkɔm! Na asomfo no bobɔɔ no asotɔre.
Petro pa Yesu
(Mateo 26.69-75; Luka 22.56-62; Yohane 18.15-18, 25-27)
66Na Petro wɔ fam adiwo hɔ no, ɔsɔfo panyin no mmaawa mu biako bae, 67na ohuu Petro sɛ ɔreto gya no, ɔhwɛɛ no haa kae sɛ: Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam! 68Na ɔsanee sɛ: Minnim na mente nea woka yi ase po. Na ofii adi kɔɔ abrannaa no mu, na akokɔ bɔnee. 69Na abaawa no huu no bio, na ofii ase ka kyerɛɛ wɔn a wogyina hɔ no sɛ: Oyi fra wɔn mu bi. 70Na ɔsanee bio. Na ɛkyɛe kakra no, wɔn a wogyina hɔ no ka kyerɛɛ Petro bio sɛ: Ampa wofra wɔn mu; efisɛ woyɛ Galileani. 71Na ofii ase dii nsew, na ɔkekaa ntam sɛ: Minnim onipa a moreka ne ho asɛm yi. 72#Mar 14.30 Na amonom #Mar 14.30hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu so. Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa. Na ne werɛ howee pii, na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu so ma osui!

Currently Selected:

Marko 14: ATWDB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in