Mateo 26
26
Wɔpam Yesu tiri so
(Marko 14.1-2; Luka 22.1-2)
1Na ɛbae sɛ Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, osee n’asuafo no sɛ: 2#Mat 20.18 Munim sɛ aka nnanu na Twam da adu, na wobeyi Onipa Ba no ama sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu. 3Ɛnna asɔfo mpanyimfo ne ɔman no mpanyimfo kohyiaa ɔsɔfo panyin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu, 4na wotuu agyina sɛ wɔnam nyansa so bɛkyere Yesu akum no. 5Nanso wɔkae sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na sakasaka amma ɔman mu.
Ɔdɔ akyɛde
(Marko 14.3-9; Yohane 12.1-8; Luka 7.36-50)
6Na Yesu wɔ Betania, Simon kwatani fi no, 7ɔbea bi a okura ngo huamhuam a ne bo yɛ den, sradehuam toa ma baa ne nkyɛn. Na ɔte adidii no, obehwiee ngo no guu n’atifi. 8Na asuafo no hui no, anyɛ wɔn abodwo, na wɔkae sɛ: Adesɛe yi ase ne dɛn? 9Anka wobetumi atɔn eyi agye sika pii, na wɔde ama ahiafo. 10Na Yesu hui no, osee wɔn sɛ: Adɛn na morehaw ɔbea no? Wayɛ me ho adwuma pa. 11#Deut 15.11 Na ahiafo wɔ mo nkyɛn daa, na me de, morennya me daa. 12Na sɛ wahwie ngo huamhuam yi agu me nipadua so yi, wayɛ ama me sie. 13Nokware mise mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, wɔbɛka nea ɔbea yi yɛe nso de ayɛ no nkae.
Yuda nkɔnkɔnsa
(Marko 14.10-11; Luka 22.3-6)
14Ɛnna dumien no mu biako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot kɔɔ asɔfo mpanyimfo no nkyɛn 15#Yoh 11.57; Sak 11.12 sɛ: Dɛn na mobɛma me na mayi no mahyɛ mo nsa? Na wɔkarii nnwetɛbona aduasa de maa no. 16#1 Tim 6.9-10 Na efi ɛno so no, ɔhwehwɛe sɛnea obenya ɔkwan ayi no ama.
Twam afahyɛ no ho siesie
(Marko 14.12-16; Luka 22.7-13)
17 #
Eks 12.18-20
Na Apiti da a edi kan no, asuafo no baa Yesu nkyɛn sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yekosiesie ma wo na wukodi Twam (afahyɛ) no? 18#Mat 21.3 Na ose: Monkɔ kurow no mu asiamasi nkyɛn, na monkɔka nkyerɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfo se: Me bere abɛn; wo nkyɛn na me ne m’asuafo rebedi Twam (afahyɛ) no. 19Na asuafo no kɔyɛe sɛnea Yesu hyɛɛ wɔn no, na wosiesiee Twam (afahyɛ) no.
Adidi a edi akyiri
(Marko 14.17-26; Luka 22.14-23; Yohane 13.21-26)
20Na eduu anwummere no, ɔne asuafo dumien no bɛtenaa ase. 21Na wɔredidi no, ɔkae sɛ: Nokware mise mo sɛ, mo mu biako rebeyi me ama. 22Na wɔn werɛ howee yiye, na wofii ase sisee no mmiako mmiako sɛ: Awurade, ɛyɛ me anaa? 23Na obuae sɛ: Nea ɔne me to nsa asanka mu no, ɔno ara na obeyi me ama. 24Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw ne ho de, nanso onipa a obeyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka eye ma no. 25Ɛnna Yuda a oyii no mae no bisaa no sɛ: Rabi, ɛyɛ me anaa? Obuaa no sɛ: Woaka.
Nkae adidi no asehyɛ
26 #
1 Ko 11.23-25
Na wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ohyiraa so bubuu mu de maa asuafo no sɛ: Munnye nni; eyi ne me honam. 27Na ɔfaa kuruwa, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn sɛ: Mo nyinaa monnom bi; 28#Eks 24.8; Yer 31.31; Sak 9.11 na eyi ne me mogya a ɛyɛ apam ade a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fakyɛ. 29Na mise mo sɛ, efi nnɛ merennom bobe aba yi bi bio de bɛkɔ akosi da a me ne mo bɛnom no foforo m’agya ahenni mu. 30#Luka 22.39; Yoh 18.1 Na wɔtoo ayeyi dwom no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw so.
Ɔpa a Petro bɛpa ne wura no ho nkɔmhyɛ
(Marko 14.27-31; Luka 22.31-34)
31 #
Sak 13.7; Yoh 16.32 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me ho bɛyɛ mo nyinaa hintidua anadwo yi. Na wɔakyerɛw sɛ: Mɛbɔ oguanhwɛfo no, na ekuw no mu nguan no abɔ apete. 32#Mat 28.7 Na me sɔre akyi no, medi mo anim makɔ Galilea. 33Na Petro bua see no sɛ: Sɛ wo ho bɛyɛ wɔn nyinaa hintidua po a, me de, ɛrenyɛ me hintidua da. 34#Yoh 13.38 Yesu see no sɛ: Nokware mise wo sɛ, anadwo yi, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa. 35#Mat 26.56 Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ etwa sɛ me ne wo bewu po a, merempa wo. Saa ara na asuafo no nyinaa nso kae.
Yesu Getsemane awerɛhow
(Marko 14.32-42; Luka 22.40-46)
36Ɛnna Yesu ne wɔn duu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na ɔka kyerɛɛ asuafo no sɛ: Montena ase ha, na menkɔ noho nkɔbɔ mpae ansa. 37#Heb 5.7 Na ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho no, ne werɛ fii ase howee, na ne ho yeraw no pa ara. 38#Yoh 12.27 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Awerɛhow ahyɛ me kra so de rekɔ owu mu; montena ha na mo ne me nwɛn. 39#Yoh 18.11; Heb 5.8 Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kobutuw fam bɔɔ mpae sɛ: M’agya, sɛ ebetumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛnea mepɛ, na sɛnea wopɛ. 40Na ɔbaa asuafo no nkyɛn no, obehuu wɔn sɛ wɔada. Na osee Petro sɛ: So muntumi ne me nwɛn dɔnhwerew biako? 41#Heb 2.14; 4.15 Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ de, na ɔhonam na ɛyɛ mmerɛw. 42Ɔkɔɔ bio ne mprenu so kɔbɔɔ mpae sɛ: M’agya, sɛ eyi rentwa me ho nkɔ na gye sɛ menom a, wo pɛ nyɛ hɔ. 43Na ɔbae no, obehuu wɔn sɛ wɔada bio; na wɔn ani kum. 44#2 Ko 12.8 Na ogyaw wɔn kɔe bio kɔbɔɔ mpae ne mprɛnsa so kaa asɛnkoro no ara. 45Ɛnna ɔbaa asuafo no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Afei de, monna na monhome ɛ! Hwɛ, dɔn no adu a wɔrebeyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa. 46Monsɔre mma yɛnkɔ! Hwɛ, nea ɔreyi me ama no abɛn.
Yuda de asraafo ba
(Marko 14.43-50; Luka 22.47-53; Yohane 18.3-12)
47Na ogu so kasa no, hwɛ, Yuda a ɔyɛ dumien no mu biako bae, na nkurɔfokuw bebree a wokurakura nkrante ne mmaa fi asɔfo mpanyin ne ɔman no mpanyimfo nkyɛn ka ne ho. 48Na nea oyii no mae no ama wɔn sɛnkyerɛnne sɛ: Nea mefew n’ano no, ɔne no; monkyere no! 49Na ntɛm ara ɔbaa Yesu nkyɛn sɛ: Rabi, mo! Na ofew n’ano. 50Na Yesu see no sɛ: Damfo, wobaa ha bɛyɛɛ dɛn? Ɛnna wɔbae besusoo Yesu mu kyeree no. 51Na hwɛ, wɔn a wɔka Yesu ho no mu biako teɛɛ ne nsa twee ne nkrante, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panyin no akoa twaa n’aso. 52#Gye 9.6 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu. 53Anaasɛ wususuw sɛ anka mintumi mensrɛ m’agya mprempren na ɔnsoma abɔfo asafodɔm bɛboro dumien mmegyina me ho? 54Na ɛnne ɛbɛyɛ dɛn na kyerɛw nsɛm no bɛba mu sɛ etwa sɛ ɛyɛ saa?
Yesu asɛmmisa. Asuafo no aguan
55Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Moaba sɛnea moreba odwowtwafo so de nkrante ne mmaa rebɛkyere me? Metenaa asɔrefi mekyerɛkyerɛe daa, nanso moankyere me. 56#Mat 26.31 Na eyi nyinaa aba na nea adiyifo no kae kyerɛw nsɛm mu no aba mu. Ɛnna asuafo no nyinaa gyaw no guanee.
Yesu gyina Kaiafa anim
(Marko 14.53-72; Luka 22.54-71; Yohane 18.13-27)
57Na wɔn a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa hɔ, faako a Kyerɛwfo ne mpanyimfo no ahyia no. 58Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri koduu ɔsɔfo panyin no aban mu, na ɔkɔɔ mu ne asomfo no kɔtenaa hɔ sɛ ɔrehwɛ asɛm no awiei.
Adansekurum ne animtiaabu
59Na asɔfo mpanyimfo ne abaguafo no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adansekurum, na wɔagyina so akum no, 60nanso wɔannya bi. Adansekurumfo bebree bae de, nanso wɔannya bi. Na akyiri yi no, baanu bae 61#Yoh 2.19-21 sɛ: Oyi aka sɛ: Metumi madwiriw Onyankopɔn asɔredan, na mato no nnansa. 62Na ɔsɔfo panyin no sɔre ka kyerɛɛ no sɛ: Wummua bi? Ɛdɛn ho na eyinom di adanse tia wo yi? 63#Mat 27.12 Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panyin no ka kyerɛɛ no sɛ: Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Kristo, Onyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn. 64#Nnw 110.1; Mat 16.27; 24.30 Yesu see no sɛ: Woaka; nanso mise mo sɛ, efi nnɛ mubehu Onipa Ba no sɛ ɔte nea ɔwɔ tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum so. 65#Yoh 10.33 Ɛnna ɔsɔfo panyin no sunsuanee n’atade mu sɛ: Waka abususɛm! Dɛn hia na ehia yɛn adansefo bio? Hwɛ, afei moate n’abususɛm no. 66#Yoh 19.7; Lew 24.16 Mudwen ho dɛn? Na wobuae sɛ: Ɔsɛ owu. 67#Yes 50.6 Ɛnna wɔtoo ntasu guu n'ani so, na wɔbobɔɔ no akuturuku; ebinom nso bobɔɔ no asotɔre 68sɛ: Kyerɛ yɛn, Kristo, hena na ɔbɔɔ wo?
Petro pa ne wura
69Na Petro de, ɔte adiwo hɔ. Na abaawa bi baa ne nkyɛn sɛ: Wo nso wo ne Yesu Galileani no na ɛnam! 70Na ɔsanee wɔn nyinaa anim sɛ: Minnim nea woka yi. 71Na ofii adi kɔɔ abrannaa no so hɔ no, abaawa foforo bi nso huu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ sɛ: Na oyi nso ne Yesu Nasareni no na ɛnam! 72Na ɔde ntam sanee bio sɛ: Minnim onipa no. 73Na ɛkyɛe kakraa no, wɔn a wogyina hɔ no bae bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: Ampa ara, wo nso woka wɔn ho; na wo kasa nso yi wo adi! 74Ɛno na ofii ase didii nsew kekaa ntam sɛ: Minnim onipa no! Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee. 75#Mat 26.34 Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no. Na ofii adi kosui yayaayaw.
Currently Selected:
Mateo 26: ATWDB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.