1
Mateo 26:41
KYERƐW KRONKRON
Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ de, na ɔhonam na ɛyɛ mmerɛw.
Compare
Explore Mateo 26:41
2
Mateo 26:38
Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Awerɛhow ahyɛ me kra so de rekɔ owu mu; montena ha na mo ne me nwɛn.
Explore Mateo 26:38
3
Mateo 26:39
Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kobutuw fam bɔɔ mpae sɛ: M’agya, sɛ ebetumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛnea mepɛ, na sɛnea wopɛ.
Explore Mateo 26:39
4
Mateo 26:28
na eyi ne me mogya a ɛyɛ apam ade a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fakyɛ.
Explore Mateo 26:28
5
Mateo 26:26
Na wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ohyiraa so bubuu mu de maa asuafo no sɛ: Munnye nni; eyi ne me honam.
Explore Mateo 26:26
6
Mateo 26:27
Na ɔfaa kuruwa, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn sɛ: Mo nyinaa monnom bi
Explore Mateo 26:27
7
Mateo 26:40
Na ɔbaa asuafo no nkyɛn no, obehuu wɔn sɛ wɔada. Na osee Petro sɛ: So muntumi ne me nwɛn dɔnhwerew biako?
Explore Mateo 26:40
8
Mateo 26:29
Na mise mo sɛ, efi nnɛ merennom bobe aba yi bi bio de bɛkɔ akosi da a me ne mo bɛnom no foforo m’agya ahenni mu.
Explore Mateo 26:29
9
Mateo 26:75
Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no. Na ofii adi kosui yayaayaw.
Explore Mateo 26:75
10
Mateo 26:46
Monsɔre mma yɛnkɔ! Hwɛ, nea ɔreyi me ama no abɛn.
Explore Mateo 26:46
11
Mateo 26:52
Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.
Explore Mateo 26:52
Home
Bible
Plans
Videos