YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 47

47
Yosef de n'agya ne ne nuanom baanum kokyia Farao
1Na Yosef kɔka kyerɛɛ Farao sɛ: M'agya ne me nuanom ne wɔn nguan ne wɔn anantwi ne nea wɔwɔ nyinaa fi Kanaan asase so aba, na hwɛ, wɔwɔ Gosen asase so. 2Na ɔde ne nuanom mu baanum kogyinaa Farao anim. 3#Gye 46.33-34 Na Farao bisaa ne nuanom no sɛ: Mo adwuma ne dɛn? Na wɔka kyerɛɛ Farao sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfo, yɛn ne yɛn agyanom nso. 4Na wɔka kyerɛɛ Farao bio sɛ: Yɛaba sɛ yɛrebɛtena asase yi so, efisɛ wo nkoa nnya adidibea mma wɔn nguan, efisɛ ɔkɔm no mu yɛ den wɔ Kanaan asase so. Enti afei yɛsrɛ wo, ma wo nkoa ntena Gosen asase so. 5Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: W'agya ne wo nuanom aba wo nkyɛn. 6Misraim asase na ɛda w'anim yi, asase no mu nea eye no, ma w'agya ne wo nuanom ntena hɔ. Ma wɔntena Gosen asase so, na sɛ wunim sɛ wɔn mu bi yɛ nsiyɛfo a, fa wɔn si me mmoa a mewɔ so. 7Na Yosef de n'agya Yakob kogyinaa Farao anim. Na Yakob hyiraa Farao. 8Na Farao bisaa Yakob sɛ: Wo nkwa mu mfirihyia si ahe? 9#Nnw 90.10; 39.12 Na Yakob ka kyerɛɛ Farao sɛ: Me hɔhobea asetena mfirihyia mu nna yɛ mfe ɔha aduasa; me nkwa mfirihyia mu nna yɛ kakraa bi na amane nko, na ennu m'agyanom nkwa mfirihyia mu nna wɔ wɔn ahɔhobea asetena nna mu. 10Na Yakob hyiraa Farao, na ofii Farao anim kɔe.
11Na Yosef maa n'agya ne ne nuanom tenabea, na ɔmaa wɔn asase wɔ Misraim wɔ nea asase no ye, wɔ Rameses asase so, sɛnea Farao hyɛe no. 12#Gye 45.11 Na Yosef bɔɔ n'agya ne ne nuanom ne n'agya fifo nyinaa akɔnhama sɛnea abusua biara dodow te.
13Na aduan nni asase biara so, na ɔkɔm no mu yɛɛ den yiye maa Misraim asase ne Kanaan asase tɔɔ ɔkɔm no anim piti. 14Na Yosef boaboaa sika a ɛwɔ Misraim asase ne Kanaan asase so nyinaa wɔ aburow a wɔbɛtɔe no mu, na Yosef de sika no kɔɔ Farao fi. 15Na sika sae Misraimfo ne Kanaanfo ho asase so no, Misraimfo nyinaa baa Yosef nkyɛn sɛ: Ma yɛn aduan ɛ! Adɛn nti, na sɛ sika asa nti yenwuwu w'anim? 16Na Yosef se: Momfa mo mmoa mmra na sɛ mo sika asa a, mɛma mo bi magye mo mmoa. 17Na wɔde wɔn mmoa bae, na Yosef maa wɔn aduan gyigyee apɔnkɔ ne nguan ne anantwi ne mfurum, na ɔde aduan yɛn wɔn afirihyia no, ogyee wɔn mmoa nyinaa. 18Na afe no twaam no, afe a edi so no, wɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Yɛremfa nhintaw me wura sɛ yɛn sika asa, na mmoa akuwakuw no yɛ me wura dea, na biribiara nkae wɔ me wura anim sɛ yɛn honam ne yɛn asase nko. 19Ɛdɛn nti na yɛn ne yɛn asase nwu w'anim? Tɔ yɛn ne yɛn asase, na ma yɛn aduan, na yɛde yɛn ho ne yɛn asase bɛsom Farao, na ma yɛn aduaba, na yɛntena ase, na yɛanwu amma asase yi anna mpan. 20Na Yosef tɔɔ Misraim asase nyinaa maa Farao, na Misraimfo nyinaa tontɔn wɔn mfuw, efisɛ ɔkɔm no den wɔn, na asase no dan Farao dea. 21Na nkurɔfo no de ɔdan wɔn nkoa, efi Misraim hye so kosi afoforo ahye so.
22Gyee asɔfo asase nko na wantɔ, efisɛ Farao ahyɛ kyɛfa bi ama asɔfo no, na wodi wɔn kyɛfa a Farao de ma wɔn no nti, wɔantɔn wɔn asase. 23Na Yosef ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: Monhwɛ, nnɛ matɔ mo ne mo nsaase mama Farao, na hwɛ, mo aduaba a momfa nkodua asase no so ni. 24Na nea ɛbɛsow no, momfa nkyɛm anum mu biako mma Farao, na emu abupɛn anan no nyɛ mo dea, na mode bi adua mo mfuw mu, na mode bi ayɛ mo ne mo fifo ne mo mma aduan. 25Na wose: Woagye yɛn nkwa; ma yennya me wura anim dom ara, na yɛbɛyɛ Farao nkoa. 26Na Yosef hyɛɛ eyi ho mmara wɔ Misraim a ɛwɔ hɔ de besi nnɛ, sɛ wɔmfa Misraim asase so ade biara nkyɛm anum mu biako mma Farao, gye asɔfo asase nko na anyɛ Farao dea.
27 # Gye 46.3; Eks 1.7, 12 Na Israel tenaa Misraim asase a ɛwɔ Gosen no so, na wonyaa mu ade, wɔdɔe, na wɔn ase fɛee sɛ. 28Na Yakob tenaa Misraim asase so mfe dunsɔn, na Yakob nna, ne nkwa mfirihyia, yɛ mfe ɔha aduanan asɔn.
29 # Gye 24.2 Na Israel nna dui sɛ ɔbɛkɔ ne nsamankyi, na ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ manya w'anim dom a, fa wo nsa ka m'asen mu, na yɛ me adɔe di me nokware, na nsie me Misraim! 30#Gye 25.9-10; 49.29-32 Na mɛda m'agyanom nkyɛn, na soa me fi Misraim kosie me wɔ wɔn asiebea. Na Yosef kae se: Mɛyɛ sɛnea woaka yi. 31Na Yakob kae se: Ka me ntam. Na ɔkaa no ntam. Na Israel bɔɔ ne mu ase kyerɛɛ mpa no atifi.

Currently Selected:

Gyenesis 47: ATWDB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in