Gyenesis 46
46
Yakob ne ne fifo kɔ Misraim
1 #
Gye 26.23-25
Na Israel ne nea ɔwɔ nyinaa siim, na oduu Beer-seba, na ɔbɔɔ afɔre maa n'agya Isak Nyankopɔn. 2Na Onyankopɔn nam anadwo anisoadehu mu ka kyerɛɛ Israel sɛ: Yakob, Yakob! Na ose: Mini. 3Na ose: Mene Onyankopɔn, w'agya Nyankopɔn no. Nsuro sɛ wubesian akɔ Misraim, na mɛyɛ wo ɔman kɛse wɔ hɔ. 4Me ne wo besian akɔ Misraim, na mede wo masan maba nso, na Yosef abasa so na wobewu.
5Na Yakob siim fii Beer-seba. Na Israel mma de wɔn agya Yakob ne wɔn mma ne wɔn yerenom tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma kɔfaa no no mu. 6Na wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn ahode a wɔanya wɔ Kanaan asase so kɔɔ Misraim, Yakob ne n'asefo nyinaa: 7ne mmammarima ne mmabea ne ne nenanom ne n'asefo nyinaa, na ɔne wɔn kɔɔ Misraim.
8 #
Eks 6.14-16
Na eyinom ne Israel mma a wɔkɔɔ Misraim no din, Yakob ne ne mma: Yakob abakan Ruben. 9Na Ruben mmammarima ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi. 10Na Simeon mmammarima ne: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Kanaanni bea ba Saul. 11Na Lewi mmammarima ne: Gerson, Kahat ne Merari. 12Na Yuda mmammarima ne: Er, Onan, Sela, Peres ne Serah; na Er ne Onan wui Kanaan asase so. Na Peres mmammarima ne: Hesron ne Hamul. 13Na Isakar mmammarima ne: Tola, Puwa, Hiob ne Simron. 14Na Sebulon mmammarima ne: Sered, Elon ne Yahleel. 15Eyinom ne Lea mmammarima a ɔwo maa Yakob wɔ Mesopotamia, ne ne babea Dina, ne mmammarima ne ne mmabea nyinaa si akra aduasa abiɛsa. 16Na Gad mmammarima ne: Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli. 17Aser mmammarima ne: Yimna, Isua, Isui, Beria ne wɔn nuabea Sera. Na Beria mmammarima ne: Heber ne Malkiel. 18Eyinom ne Silpa a Laban de no maa ne babea Lea no mma a ɔwo maa Yakob, wosi akra dunsia. 19Yakob yere Rahel mmammarima ne: Yosef ne Benyamin. 20#Gye 41.50-52 Na Yosef mma a On sɔfo Potifera babea Asnat wo maa no Misraim asase so ne: Manase ne Efraim. 21Na Benyamin mmammarima ne: Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard. 22Eyinom ne Rahel mma a wɔwo maa Yakob, akra no nyinaa si dunan. 23Na Dan babarima ne: Husim. 24Na Naftali mmammarima ne: Yahseel, Guni, Yeser ne Silem. 25Eyinom ne Bilha a Laban de no maa ne ba Rahel no mma a ɔwo maa Yakob, akra no nyinaa si baasɔn. 26Akra a wɔne Yakob kɔɔ Misraim a wofi n'asen mu, Yakob mma yerenom nka ho a, akra no nyinaa si aduosia asia. 27#Eks 1.5 Na Yosef mma a wɔwoo wɔn Misraim no yɛ akra baanu. Yakob fi akra a wɔbaa Misraim no nyinaa si aduɔsɔn.
28 #
Gye 45.10
Na ɔsomaa Yuda dii n'anim kɔɔ Yosef nkyɛn sɛ ommedi n'anim nkyerɛ no Gosen kwan. Na woduu Gosen asase so. 29Na Yosef siesiee ne nteaseɛnam kohyiaa n'agya Israel wɔ Gosen. Na ɔde ne ho kɔkyerɛɛ no no, osoo ne kɔn mu, na osui ara kyeree mu wɔ ne kɔn ho.
30 #
Gye 45.28
Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Afei a manya mahu w'anim sɛ woda so te ase yi, wɔmma mintiw me nenanom wɔ asamando. 31Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom ne n'agya fifo sɛ: Merekɔ makɔka makyerɛ Farao sɛ: Me nuanom ne m'agya fifo a wɔwɔ Kanaan asase so no aba me nkyɛn. 32Na nnipa no yɛ nguanhwɛfo, na mmoa na wɔyɛn, na wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi ne nea wɔwɔ nyinaa aba. 33Na sɛ Farao bɛfrɛ mo, na obisa mo sɛ: Mo adwuma ne dɛn a, 34#Gye 43.32 munse no sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfo fi yɛn mmofraase de besi nnɛ, yɛn ne yɛn agyanom, na moatena Gosen asase so, efisɛ Misraimfo kyi mmoahwɛfo nyinaa.
Currently Selected:
Gyenesis 46: ATWDB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.