Gyenesis 41
41
Yosef kyerɛ Farao dae ase
1Na mfirihyia abien akyi no, Farao soo dae, na hwɛ, ogyina asubɔnten Nil no ho. 2Na hwɛ, anantwibere ason a wɔn ho yɛ fɛ na wɔn ho tua wɔn ho fi asubɔnten no mu bae bedidii sare no so. 3Na hwɛ, anantwibere ason foforo a wɔn ho yɛ tan na wɔafomfɔn nso fi asubɔnten no mu dii wɔn akyi bae, na wobegyinaa anantwi ason no nkyɛn wɔ asubɔnten no kɔn so. 4Na anantwi a wɔn ho yɛ tan na wɔafomfɔn no memmenee ason a wɔn ho yɛ fɛ na wɔn ho tua wɔn ho no. Na Farao nyanee. 5Na ɔdae, na ɔsoo dae bio, na hwɛ, awi mmɛtem ason a ɛtoatoa so na eye refifi wɔ nan koro so. 6Na hwɛ, mmɛtem ason nkorowankorowa a apuei mframa akisa no fifi dii akyiri bae. 7Na mmɛtem nkorowankorowa no memmenee mmɛtem ason a ɛtoatoa so na awi wɔ mu no. Na Farao nyanee, na hwɛ, ɛyɛ dae. 8#Dan 2.2 Na anɔpa no ne ho hiahiaa no, na ɔsoma kɔfrɛfrɛɛ Misraim kyerɛwfo nyinaa ne ɛhɔ anyansafo nyinaa, na Farao kaa ne dae no kyerɛɛ wɔn, nanso obiara antumi ankyerɛ Farao dae no ase. 9Ɛnna nsahyɛfo mu panyin no ka kyerɛɛ Farao sɛ: Mekae me mfomso nnɛ. 10Farao bo fuw ne nkoa, na ɔde me ne abodootofo so panyin no, kɔtoo duam ankɔbeafo so panyin fi no, 11yɛsosoo adae anadwo koro no ara, me ne no, ɛsonsono yɛn dae a yɛsosoe ne emu biara nkyerɛase. 12Na Hebrini aberante bi a ɔyɛ ankɔbeafo so panyin no akoa ne yɛn na ɛwɔ hɔ, na yɛkeka kyerɛɛ no, na ɔkyerɛɛ yɛn, yɛn adae no ase, sɛnea ebiara te. 13Na sɛnea ɔkyerɛɛ yɛn ase no, saa ara na ɛbae; wɔde me san kodii me dibea, na ɔno de, wɔsɛn no.
14Na Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ Yosef na wɔyɛɛ ntɛm yii no fii afiase hɔ, na woyii ne tinwin sakraa ne ntade, na ɔbaa Farao anim. 15Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Maso dae, nso obiara nni hɔ a otumi kyerɛ ase; na wo na mate wo nka sɛ, wote dae a, wutumi kyerɛ ase. 16#Gye 40.8 Na Yosef buaa Farao sɛ: Enni me fam, na mmom Onyankopɔn na ɔmfa mmuae pa mma Farao. 17Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Me dae mu no, hwɛ, migyina asubɔnten Nil no kɔn so. 18Na hwɛ, anantwi ason a wɔn ho tua wɔn ho na wɔn ho yɛ fɛ fi nsu no mu bae bedidii wɔ wuram hɔ. 19Na hwɛ, anantwi ason foforo nso a wɔyɛ kanyankanyan na wɔn ho yɛ tan yiye, na wɔafomfɔn a minhuu wɔn ho tan no so bi wɔ Misraim asase nyinaa so da, dii wɔn akyi bae. 20Na anantwi a wɔafomfɔn na wɔn ho yɛ tan no memmenee kan anantwi ason a wɔadɔ no. 21Na woduu wɔn yafunu mu no, obi anhu sɛ wɔadu wɔn yafunu mu, na wɔn ho da so yɛ tan sɛ kan no ara. Ɛnna minyanee. 22Na mihui wɔ me dae mu sɛ awi mmɛtem ason a ɛtoatoa so na eye refifi nan koro so. 23Na hwɛ, mmɛtem ason a ahow na ayɛ ntraantraa, na apuei mframa ama akisa dii akyiri fifii. 24Na mmɛtem ntraantraa no memmenee mmɛtem ason a eye no. Na maka makyerɛ nkonyaayifo no, nso obiara antumi ankyerɛ me ase.
25Na Yosef ka kyerɛɛ Farao sɛ: Farao adae no yɛ biako; Onyankopɔn rekyerɛ Farao nea ɔrebɛyɛ. 26Anantwi pa ason no yɛ mfe asɔn, na mmɛtem ason a eye no nso yɛ mfe asɔn; ɛyɛ dae biako. 27Na anantwi ason a wɔafomfɔn a wɔn ho yɛ tan a wodii wɔn akyi bae no ne mmɛtem ason afuruntum a apuei mframa akisa no bɛyɛ mfirihyia ason kɔm. 28Ɛne asɛm a maka makyerɛ Farao: Nea Onyankopɔn rebɛyɛ na ɔde akyerɛ Farao yi: 29Hwɛ, mfirihyia ason reba a aduan bebree bɛba Misraim asase nyinaa so. 30Na ɛno akyi no, ɔkɔm bɛba mfirihyia ason ama werɛ afi aduan bebrebe no nyinaa wɔ Misraim asase so, na ɔkɔm no bɛhyew asase no, 31na ɔkɔm a ebedi akyiri no nti wɔrenhu asase no so aduan bebrebe no bio, efisɛ ɔkɔm no mu bɛyɛ dennennen. 32Na dae no a ɛyɛɛ mmɔho abien maa Farao no ase ne sɛ: Onyankopɔn ahyɛ saa ade no ampa, na Onyankopɔn rebɛyɛ no ntɛmntɛm.
33Na afei Farao nhwehwɛ onipa a ɔyɛ ɔbadwemma ne onyansafo mfa no nsi Misraim asase so. 34Na Farao nyɛ eyi, na onsisi asase no so ahwɛfo, na wonnyigye Misraim asase so aduan so ntotoso anum anum mfirihyia ason a aduan bebree wɔ mu no mu. 35Na ma wɔmmoaboa mfirihyia pa a ɛrebɛba yi mu aduan nyinaa ano, na wɔmfa awi ngugu asan so sɛnea Farao bɛhyɛ, na ɛnyɛ nkurow mu aduan, na wɔmfa nsie. 36Na ayɛ aduan a wɔakora ama asase no asie mfirihyia ason kɔm a ɛbɛba Misraim asase so no, na asase no ansɛe wɔ ɔkɔm no mu.
Yosef anuonyamhyɛ
37Na asɛm no sɔɔ Farao ne ne nkoa nyinaa ani. 38#Mmb 14.35 Na Farao ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Yebetumi anya onipa bi a ɔte sɛ oyi a Onyankopɔn honhom wɔ ne mu yi anaa? 39Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Sɛ Onyankopɔn ayi eyi nyinaa akyerɛ wo yi, obiara nni hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma ne onyansafo sɛ wo. 40#Ɔsɛ 4.14; Nnw 113.7; 37.37 Wubedi me fi so, na w'anom asɛm so na me man nyinaa bedi, gye ahengua nko so na mɛsen wo. 41#Aso 7.10 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, mede wo masi, Misraim asase nyinaa so. 42#Est 3.10; 8.2; Dan 5.29 Na Farao yii nsɔanokaa fii ne nsa de hyɛɛ Yosef nsa, na ɔhyɛɛ no sedaa nnwira atade, na ɔde sika ntweaban guu ne kɔn mu, 43na ɔma ɔtenaa ne teaseɛnam a ɛto so abien mu, na wɔteɛɛm dii n'anim sɛ: Mommɔ mo mu ase! Na ɔde no sii Misraim asase nyinaa so. 44Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Mene Farao, na obiara renkwati wo nyɛ bribiara wɔ Misraim asase nyinaa so. 45Na Farao frɛɛ Yosef sɛ Safnat-panea. Na ɔde On sɔfo Potifera babea Asnat maa no aware. Na Yosef fii adi kokyinii Misraim asase so. 46Na Yosef kopuee Misraim hene Farao anim no, na wadi mfirihyia aduasa. Na Yosef fii Farao anim hɔ kokyinii Misraim asase nyinaa so.
47Na ahotɔ mfirihyia ason no mu no, aduan pii baa asase no so ma ebuu so. 48Na ɔboaboaa ahotɔ mfirihyia ason a ɛbaa Misraim asase so no mu aduan nyinaa ano, na ɔde aduan no siee nkurow no mu; nkuraa a atwa ho ahyia mu aduan na ɔde siee nkurow no mu. 49Na Yosef boaboaa awi ano pii pa ara sɛ mpoano anwea de kosii sɛ wogyaee kan, efisɛ wontumi nkan.
50Na wɔwoo mma baanu maa Yosef ansa na ɔkɔm mfirihyia no dui; wɔn na On sɔfo Potifera ba Asnat wo maa no. 51Na Yosef too abakan no din Manase, efisɛ ose: Onyankopɔn ama me werɛ afi m'amane ne m'agya fi nyinaa. 52Na ɔtoo nea ɔto so abien no din Efraim, efisɛ ose: Onyankopɔn ama madɔ wɔ m'amanehunu asase yi so. 53Na mmoroso a ɛbaa Misraim asase so mfirihyia ason no to twae.
54Na ɔkɔm mfirihyia ason no fii ase bae, sɛnea Yosef kae no, na ɔkɔm baa nsaase nyinaa so. Na Misraim asase nyinaa so de, na aduan wɔ hɔ. 55Na ɔkɔm kaa Misraim asase nyinaa no, ɔman no kosuu kɔm kyerɛɛ Farao. Na Farao ka kyerɛɛ Misraim nyinaa sɛ: Monkɔ Yosef nkyɛn, nea ɔbɛka akyerɛ mo no, monyɛ. 56Na ɔkɔm no baa asase no so nyinaa. Na Yosef buebuee aduankora adan no nyinaa, na ɔtɔn aburow maa Misraimfo no, na ɔkɔm no mu yɛɛ den Misraim asase so. 57#Gye 12.10 Na aman nyinaa baa Misraim bɛtɔɔ aduan wɔ Yosef nkyɛn, efisɛ ɔkɔm no mu yɛɛ den wɔ asase nyinaa so.
Currently Selected:
Gyenesis 41: ATWDB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.