Gyenesis 40
40
Nneduafo baanu no adaeso
1Na nsɛm yi akyi no, Misraim hene nsahyɛfo ne n'abodootofo fom wɔn wura, Misraim hene no. 2Na Farao bo fuw n'asomfo baanu no, nsahyɛfo so panyin ne abodootofo so panyin no. 3#Gye 39.20 Na ɔde wɔn koguu afiase wɔ ankɔbeafo so panyin no fi, faako a Yosef da hɔ. 4Na ankɔbeafo so panyin no maa Yosef hwɛɛ wɔn so som wɔn; na wɔkyɛɛ afiase hɔ kakra.
5Na Misraim hene nsahyɛfo ne n'abodootofo a wogu afiase hɔ no baanu nyinaa sosoo adae anadwo koro, ɛsono oyi ne ne dae asekyerɛ, na ɛsono oyi nso de. 6Na Yosef kɔɔ wɔn nkyɛn anɔpa kɔhwɛɛ wɔn, na hwɛ, wɔayeyɛ bosobosoo. 7Na obisaa Farao asomfo a wɔne no gu afiase wɔ ne wura fi no sɛ, ɛdɛn nti na nnɛ mo anim ayɛ siamosiamoo sɛɛ? 8#Gye 41.16; Dan 2.27-28 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛasoso adae, nso obiara nni hɔ a ɔbɛkyerɛ yɛn ase. Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So nkyerɛase no mfi Nyankopɔn hɔ anaa? Monka nkyerɛ me ɛ! 9Ɛnna nsahyɛfo so panyin no kaa ne dae kyerɛɛ Yosef sɛ: Me dae mu no, na hwɛ, obobe bi si m'anim, 10na obobe no abɔ nkorabata abiɛsa, na ayɛ sɛ ɛrefefɛw, na anyin agu nhwiren, na abɔ akasiaw ayɛ aba a abere. 11Na Farao kuruwa kura me na metetew bobe aba no mikyi miguu Farao kuruwa no mu, na mede kuruwa no mehyɛɛ Farao nsa. 12Na Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Ne nkyerɛase ni: Nkorabata abiɛsa no yɛ nnansa; 13na aka nnansa na Farao ayi wo de wo asan akodi wo dibea bio, na wode Farao kuruwa ahyɛ ne nsa sɛ kan a woyɛ ne nsahyɛfo no. 14Nanso sɛ ɛyɛ a, kae me, na sɛ esi wo yiye a, yɛ me adɔe, na bɔ me din kyerɛ Farao, na beyi me ɔdan yi mu, 15#Gye 37.28 efisɛ owia na wowiaa me Hebrifo asase so, na ɛha nso menyɛɛ hwee a anka ɛsɛ sɛ wɔde me bɛto amoa yi mu. 16Na abodootofo so panyin no hui sɛ nkyerɛase no ye no, ɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: Me nso, me dae mu no, na hwɛ, aboodoo nkyerɛnkyɛ abiɛsa a esisi so wɔ m'atifi. 17Na kyerɛnkyɛ a edi soro no mu, na Farao anom atoduan nyinaa bi wɔ; na nnomaa redi wɔ kyerɛnkyɛ no mu wɔ m'atifi. 18Na Yosef buae sɛ: Ne nkyerɛase ni: Nkyerɛnkyɛ abiɛsa no yɛ nnansa; 19na aka nnansa na Farao ayi wo afi ha, na wasɛn wo dua ho ma nnomaa adi wo nam afi wo ho.
20Na da a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ Farao awoda no, ɔtow ne nkoa nyinaa pon, na oyii nsahyɛfo so panyin ne abodootofo so panyin no de wɔn baa ne nkoa anim; 21na ɔsan de nsahyɛfo so panyin no sii ne nsahyɛ so bio a ɔde kuruwa hyɛ Farao nsa. 22Na abodootofo so panyin no de, ɔsɛn no, sɛnea Yosef kyerɛɛ wɔn ase no.
23 #
Gye 40.14
Nanso nsahyɛfo so panyin no ankae Yosef, na ne werɛ fii no.
Currently Selected:
Gyenesis 40: ATWDB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.