YouVersion Logo
Search Icon

Nnwom 93

93
Daa hene
1 # Eks 15.18; Dwom 97.1; 99.1; 96.10 AWURADE di hene, ɔde animuonyam ahyehyɛ ne ho.
AWURADE ahyehyɛ ne ho, ɔde ahoɔden akyekyere ne ho,
na wiase tim hɔ a ɛrenhinhim.
2W’adwa tim hɔ firi tete,
wowɔ hɔ firi daa.
3Asutene ama so, AWURADE,
asutene ama wɔn nne so,
asutene ma wɔn huuyɛ so.
4Deɛ ɔsene nsukɛseɛ nne, nsuo a ɛwɔ tumi,
ɛpo mu asorɔkyeɛ nne,
ɔne ɔsoro hɔ tumfoɔ AWURADE.
5 # Dwom 19.7-10 W’adansesɛm yɛ nokorɛ pii;
kronkronyɛ na ɛfata wo fie,
AWURADE, nnasanten nyinaa.

Currently Selected:

Nnwom 93: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

Video for Nnwom 93