YouVersion Logo
Search Icon

Nnwom 87

87
Nyankopɔn kuro mufoɔ
Kora mma dwom.
1AWURADE kuro a ɔkyekyereeɛ wɔ mmepɔ kronkron so.
2AWURADE dɔ Sion apono sene Yakob tenabea nyinaa.
3Wɔka wo ho animuonyamsɛm,
Nyankopɔn kuro.
4 # Yes 30.7; Dwom 68.31 Sɛ mebɔ Misraimfoɔ, Babelfoɔ, Filistifoɔ, Tirofoɔ ne Etiopiafoɔ
din wɔ wɔn a wɔni me mu mpo a,
yeinom wɔwoo wɔn hɔ ara.
5Na Sion ho deɛ, wɔbɛka sɛ:
Wɔwoo wɔn nyinaa mmaako mmaako wɔ ne mu,
na ɔno na ɔma n’ase tim, ɔsorosoroni no.
6Sɛ AWURADE twerɛ aman din a, ɔbɛka sɛ:
Oyi, wɔwoo no hɔnom.
7Na nnwontofoɔ ne asafoɔ bɛka sɛ:
Me mmasuo nyinaa wɔ wo mu.

Currently Selected:

Nnwom 87: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

Video for Nnwom 87