YouVersion Logo
Search Icon

Nnwom 86

86
Ahohia kɛseɛ mu mpaebɔ
Dawid mpaebɔ.
1AWURADE, brɛ w’aso ase tie me,
na meyɛ mmɔborɔni ne ohiani.
2 # Dwom 18.20-26 Hwɛ me kra so, na meyɛ ɔhotefoɔ;
wo, me Nyankopɔn, gye w’abɔfra
a ɔde ne ho twere woɔ.
3 # Dwom 6.2 O AWURADE, hu me mmɔbɔ,
na wo na mesu mefrɛ wo da mu nyinaa.
4Ma w’akoa kra ani nnye,
na wo, AWURADE, na mema me kra so mema.
5 # Dwom 86.15 Na wo, AWURADE, woyɛ, na wode kyɛ,
na w’adɔeɛ dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ woɔ nyinaa.
6AWURADE, yɛ aso ma me mpaebɔ,
na tie me nkotosrɛ nne.
7 # Dwom 50.15 M’ahohia da mu mɛfrɛ wo,
na wobɛgye me so.
8 # Dwom 71.19 Obiara nte sɛ wo, anyame mu, AWURADE,
na biribiara nte sɛ wo nnwuma.
9Amanaman a woyɛeɛ nyinaa bɛba
abɛkoto w’anim, AWURADE,
na wɔabɛhyɛ wo din animuonyam.
10Na woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwadeɛ,
wo nkutoo ne Onyankopɔn.
11 # Dwom 27.11 AWURADE, kyerɛ me wo kwan,
mɛnante wo nokorɛ mu;
ka m’akoma bom ma no nsuro wo din.
12O AWURADE, me Nyankopɔn, mede m’akoma nyinaa bɛda wo ase,
na mahyɛ wo din animuonyam daa,
13sɛ w’adɔeɛ so wɔ me soɔ,
na woayi me kra afiri Asamando bunu mu.
14Onyankopɔn, ahantanfoɔ asɔre atia me,
na atirimuɔdenfoɔ asafo rehwehwɛ me kra,
na wɔamfa wo ansi wɔn ani so.
15 # Eks 34.6 Na wo, AWURADE, woyɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ,
wo boasetɔ kyɛ, na w’adɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso.
16 # Dwom 116.16 Dane w’ani kyerɛ me, na dom me,
fa w’ahoɔden ma w’akoa,
na gye w’afenaa ba nkwa.
17Yɛ me ho nsɛnkyerɛnneɛ ma no nsi me yie,
na m’atamfoɔ nhunu, na wɔn ani nwu,
sɛ wo, AWURADE, woaboa me akyekyere me werɛ.

Currently Selected:

Nnwom 86: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in