YouVersion Logo
Search Icon

Nnwom 105

105
Onyankopɔn ne ne Man
(1 Berɛsosɛm 16.8-22)
1 # Yes 12.4 Monna AWURADE ase,
mommɔ ne din,
momma wɔnhunu ne nneyɛɛ, aman mu.
2Monto dwom mma no, monto ayeyie dwom mma no,
monnwene n’anwanwadeɛ nyinaa ho nka.
3Momfa ne din kronkron nhyehyɛ mo ho,
wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no akoma ntɔ wɔn yam.
4Mompɛ AWURADE ne ne tumi akyiri kwan,
monhwehwɛ n’anim daa.
5Monkae n’anwanwadeɛ a wayɛ,
n’ahodwirideɛ ne n’anom atemmusɛm no,
6mo, n’akoa Abraham asefoɔ,
Yakob a ɔyii no no mma.
7Ɔno ne AWURADE yɛn Nyankopɔn,
n’atemmuo wɔ asase nyinaa so.
8Ɔkae n’apam no de kɔsi daa,
asɛm a ɔhyɛ maa awoɔ ntoatoasoɔ apem no,
9apam a ɔne Abraham pameeɛ no
ne ne ntam a ɔkaa Isak no,
10na ɔde sii hɔ maa Yakob sɛ ahyɛdeɛ,
na ɔde maa Israel sɛ daa apam no,
11 # Gye 12.7 sɛ: Wo na mede Kanaan asase bɛma wo
sɛ mo apɛgyadeɛ a wɔkyɛ no homa soɔ.
12Ɛberɛ a nnipa no ano nnɔɔso,
wɔyɛ kakraa bi ne ahɔhoɔ wɔ hɔ
13na wɔnenam firi ɔman mu kɔ ɔman mu,
wɔfiri ahennie bi mu kɔ ɔman foforɔ bi mu no,
14 # Gye 12.17; 20.3, 7 wamma obiara kwan sɛ ɔnhom wɔn so,
na wɔn nti ɔkaa ahemfo anim sɛ:
15Monnka me nnipa a wɔasra wɔn no,
na monnyɛ m’adiyifoɔ bɔne bi.
16 # Gye 41.54 Na ɔmaa ɛkɔm baa asase no so,
ɔbubuu aduane poma nyinaa mu;
17 # Gye 37.28 Ɔsomaa onipa bi dii wɔn anim,
wɔtɔn Yosef maa no kɔyɛɛ akoa.
18Wɔde mpokyerɛ miaa ne nan,
de no too dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu
19kɔsii berɛ a n’asɛm baa mu,
AWURADE asɛm sɔɔ no hwɛe.
20 # Gye 41.14 ɔhene soma maa wɔkɔtuu no,
deɛ ɔdi aman soɔ no maa wɔkɔsanee no.
21Ɔde no sii ne fie so panin,
ne deɛ ɔwɔ nyinaa sodifoɔ,
22sɛ ɔnkyerɛ n’asafohene deɛ ɔpɛ,
na ɔnkyerɛ ne mpanimfoɔ nyansa.
23 # Gye 46.1 Ɛnna Israel baa Misraim,
na Yakob bɛsoɛɛ Ham asase so sɛ hɔhoɔ.
24 # Eks 1.7, 12 Na ɔmaa ne man ase kyenee bebree,
na ɔmaa wɔyɛɛ den sene wɔn ahohiahiafoɔ.
25Ɔdanee wɔn akoma sɛ wɔntane ne man,
na wɔmfa aniteɛ nhyɛ ne nkoa so.
26Ɔsomaa n’akoa Mose ne Aaron
a ɔyii no no.
27 # Eks 3.1—12.51 Wɔyii ne nsɛnkyerɛnneɛ sii wɔn mu,
ne anwanwadeɛ, Ham asase so.
28Ɔsomaa esum maa no duruu sum,
nanso wɔannwene ne nsɛm ho.
29Ɔdanee wɔn nsuo mogya,
na ɔde kum wɔn mpataa.
30Wɔn asase dɔɔ mponkyerɛne manyamanya
maa wɔbaa wɔn ahemfo mpia mu.
31Ɔkasae, na anwansena borebore bae,
ntontom baa wɔn asase nyinaa so.
32Ɔde asukɔtweaa yɛɛ wɔn osutorɔ
maa ogyaframa baa wɔn asase so.
33Na ɔbobɔɔ wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma,
na ɔbubuu wɔn asase so nnua.
34Ɔkasae, na ntutummɛ bae
ne mmɛbɛ a wɔn dodoɔ nni ano,
35na wɔbɛdii wɔn asase so ahahan nyinaa,
na wɔdii wɔn mfuo so aduane.
36Na ɔbobɔɔ wɔn asase so mmakan nyinaa,
wɔn ahoɔden nyinaa mu mma a ɛdi kan.
37 # Eks 12.35 Na ɔde wɔn ne dwetɛ ne sika firi kɔe,
na onipa a ɔyɛ mmerɛ biara nni ne mmusuakuo mu.
38Wɔn adifire yɛɛ Misraimfoɔ anigyeɛ,
na wɔn ho hu tɔɔ wɔn so.
39 # Eks 13.21 Ɔtrɛɛ mununkum mu yɛɛ nkatasoɔ,
ne ogya, sɛ ɛnyɛ hann anadwo.
40 # Eks 16.13-15; Yoh 6.31 Wɔbisae, na ɔde mmoko bae,
na ɔde ɔsoro aduane maa wɔmee.
41 # Eks 17.6 Ɔbuee ɔbotan maa nsuo tuee,
ɛtenee anwea pradada so sɛ asubɔnten.
42Na ɔkaee n’asɛm kronkron no,
ɔkaee n’akoa Abraham,
43na ɔyii ne man maa wɔde abotɔyam firii adi,
ɔmaa wɔn a ɔyii wɔn no de ahurisie kɔe.
44Na ɔde amanaman nsase maa wɔn,
na wɔdii nkurɔfoɔ adwuma so adeɛ,
45sɛ wɔnhwɛ n’ahyɛdeɛ nyɛ,
na wɔnni ne mmara so.
Monyi AWURADE ayɛ!

Currently Selected:

Nnwom 105: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in