YouVersion Logo
Search Icon

Nnwom 104

104
Nyankopɔn adebɔ mu ayeyie
1Me kra, hyira AWURADE.
AWURADE, me Nyankopɔn, woso kɛse,
woahyɛ ɔhran ne animuonyam.
2Ɔfira hann sɛ ntoma,
ɔtrɛ ɔsoro mu sɛ ntomadan tam,
3ɔde ne mpia sam nsuo so,
ɔde mununkum yɛ ne teaseɛnam,
ɔde mframa ntaban nenam.
4 # Heb 1.7 Ɔde mframa yɛ n’abɔfoɔ,
ɔde ogya a ɛderɛ yɛ n’asomfo.
5Ɔde asase atim ne nnyinasoɔ so,
na anhinhim da biara da.
6Wode ebunu kataa so sɛ atadeɛ,
nsuo gyinaa mmepɔ so,
7 # Hiob 38.8-11 w’animka nti ɛdwanedwanee,
w’aprannaa nne nti na ɛyɛɛ ntɛm kɔeɛ,
8mmepɔ memaa wɔn ho so, ɛsene kɔɔ abɔn mu,
deɛ woasiesie ama no hɔ.
9Woatwa ɔhyeɛ sɛ ɛnntra,
na ansane ammɛkata asase so.
10Ɔyi nsuo aniwa, abɔn mu,
ɛsene nenam mmepɔ ntam.
11Ɛma wiram mmoa nyinaa nom bi,
atorɔmo de kum wɔn sukɔm.
12Ɛso na ewiem nnomaa teteɛ,
nnua mman mu na wɔfiri ma wɔn nne soɔ.
13Ɔfiri ne soro mpia mu gu mmepɔ so nsuo,
wo nnwuma so aba mee asase.
14 # Dwom 147.8 Ɔma wira fifiri ma afieboa,
ne afuomduane a onipa yɛ ho adwuma,
sɛ ɔbɛma aduane afiri asase mu.
15 # Ate 9.13; Ɔsɛ 10.19 Na nsa ama ɔdasani akoma atɔ ne yam,
na wama ngo ayɛ onipa anim dɛhyɛdɛhyɛ,
na aduane awowa ɔdasani akoma.
16Wɔma AWURADE nnua nso mee,
Lebanon ntweneduro a ɔduaeɛ no.
17Ɛhɔ na nnomaa yɛ wɔn mpirebuo,
asukɔnkɔn wɔ ne fie, pepeaa nnua so.
18Mmepɔ atentene yɛ dwanekɔbea ma akyekyeregya,
na abotan yɛ ma mmoakua.
19 # Dwom 19.6; 74.16 Ɔyɛɛ ɔsrane sɛ ɛnkyerɛ berɛ mu nsakyeraeɛ,
owia nim ne tɔberɛ.
20Woma sum duru, na adeɛ sa,
ɛno mu na kwaeɛ mu mmoa nyinaa keka wɔn ho.
21Gyataburuwa bobom di mmoa akyi,
na wɔkɔpɛ wɔn aduane, Nyankopɔn nsam.
22Owia pue a, wɔtwe wɔn ho,
na wɔbutubutu wɔn atu mu.
23Onipa firi kɔ n’adwuma
ne ne dwumadie ho kɔsi anwummerɛ.
24AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si dɔɔso fa,
nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa,
w’abɔdeɛ ahyɛ asase so ma.
25Ɛpo ni, ɛso, na ɛtrɛ kakraa,
ɛhɔ na mmoa manyamanya a ɛnni ano nenam,
mmoa nketewa ne akɛseɛ.
26Ɛhɔ na ahyɛn nenam,
dɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no sɛ ɔngoro mu no ni.
27 # Dwom 145.15-16 Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan
sɛ ma wɔn wɔn aduane, ne berɛ mu.
28Woma wɔn, na wɔtase,
wobue wo nsam, na adepa mee wɔn.
29 # Gye 3.19 Wohunta w’ani, na wɔpatu wu,
woyi wɔn ahome, na wɔgyaa mu,
na wɔsane kɔ wɔn mfuturo mu.
30Wosoma w’ahome ba, na wode bɔ wɔn,
na woma asase ani yɛ foforɔ.
31Ma AWURADE animuonyam ntena hɔ daa,
ma AWURADE ani nnye ne nnwuma mu.
32 # Dwom 144.5 Ɔno na ɔhwɛ asase na ɛwosoɔ,
ɔka mmepɔ na ɛfiri wisie.
33Mete aseɛ yi, mɛto dwom mama AWURADE,
mewɔ hɔ yi, mɛto ayeyie dwom mama me Nyankopɔn.
34Ɔmma m’adwene yi nyɛ no fɛ,
na me nso m’ani bɛgye AWURADE ho.
35Ma nnebɔneyɛfoɔ nsa asase so,
na mma abɔnefoɔ nntena hɔ bio.
Me kra, hyira AWURADE.
Monyi AWURADE ayɛ.

Currently Selected:

Nnwom 104: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

Video for Nnwom 104