YouVersion Logo
Search Icon

Hosea 2

2
Wɔsɛe Nyankopɔn apam
1 # Hos 1.9; 1.6 Monka nkyerɛ mo nuammarimanom sɛ: Ammi#2.1 Asekyerɛ ne: Me man. ne mo nua mmaanom sɛ: Ruhama.#2.1 Asekyerɛ ne: Deɛ wɔahu no mmɔborɔ.
2 # Hes 16; 23 Mo ne mo na nkasa, monkasa,
na ɔno deɛ, ɔnyɛ me yere,
na me nso menyɛ ne kunu,
na ɔnyi n’adwamammɔ no mfiri n’anim
ne n’awaresɛeɛ no mfiri ne nufoɔ ntam,
3na mampa ne ho ntoma mamma no anna adagya,
na mamfa no mansi hɔ sɛ da a wɔwoo no,
na manyɛ no sɛ ɛserɛ so,
na mamfa no mansi hɔ sɛ asase pɛsɛɛ,
na mamfa sukɔm anku no.
4Na merenhu ne mma mmɔbɔ,
na adwamammɔ mma ne wɔn.
5 # Yer 44.17 Na adwaman na wɔn na bɔeɛ,
na deɛ ɔnyinsɛnee wɔn no yɛɛ aniwudeɛ;
na ɔkaa sɛ: Mɛdi m’adɔfo akyi;
wɔn na wɔma me m’aduane ne me nsuo,
me dwannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa.
6Saa nti, hwɛ, mede nwerɛ bɛgye wo kwan mu ban,
na mato emu fasuo,
na wanhunu kwan mu.
7Na ɔbɛti n’adɔfo,
na ne nsa renka wɔn,
na ɔbɛhwehwɛ wɔn akyiri kwan,
na ɔrenhunu;
na ɔbɛka sɛ: Mɛsane
m’akyiri makɔ me kane kunu no nkyɛn;
na ɛno mu na ɛyɛ ma me sene afei.
8Na ɔno deɛ, na ɔnnim sɛ
me na memaa no
ayuo ne nsa ne ngo,
na memaa ne dwetɛ dɔreeɛ,
ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.
9Saa nti mɛsane mabɛgye
m’ayuo, ne berɛ mu,
ne me nsa, ne hyɛberɛ mu,
na mayi me dwannwi ne m’asaawa
a ɔde kataa n’adagya soɔ no.
10 # Yer 13.22, 26 Na afei mɛyi n’ahuhusɛm adi,
n’adɔfo anim,
na obiara renyi no mfiri me nsam.
11Na mɛma n’ahosɛpɛ nyinaa to atwa,
ne nnapɔnna, ne bosome foforɔ ne ne homeda
ne n’afahyɛ nyinaa.
12Na mɛsɛe ne bobe ne ne borɔdɔma
a ɔkaa sɛ:
Yeinom ne m’apɛdeɛ
a m’adɔfoɔ de maa me no ne no;
na mɛyɛ no kwaeɛ
ama wiram mmoadoma adi.
13Na mɛba mabɛtwe no nna a ɔdi maa Baalim no ho aso,
sɛ ɔhyee aduhwam maa wɔn,
na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinneɛ kekaa ne ho,
na ɔdii n’adɔfo akyi,
na me deɛ, ne werɛ firii me no, AWURADE asɛm nie.
Nyankopɔn nokorɛ
14 # Hes 20.35; Yes 40.2 Saa nti, hwɛ, mɛbɔ no adafa
mede no makɔ ɛserɛ so,
na maka no abodwosɛm
15 # Yos 7.24-26; Eks 15.1 na mafiri hɔ mama no ne bobe nturo,
na Akor bonhwa no, mayɛ no anidasoɔ pono,
na ɔbɛgye so wɔ hɔ sɛ ne mmabaaberɛ mu
ne ɛda a ɔfiri Misraim asase so foro baeɛ no.
16Na ɛda no, AWURADE asɛm nie, wobɛfrɛ me: Ishi.#2.16 Asekyerɛ ne: Me kunu. Na woremfrɛ me: Me Baal! bio. 17Na mɛyi Baal ahodoɔ din mafiri n’anomu, na wɔremfa wɔn din nkae wɔn bio. 18#Hes 34.25 Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mɛbubu tadua ne nkrantɛ ne akodie mafiri asase no so, na mama wɔatena dwoodwoo. 19#Adi 19.7 Na mɛgye wo aware mafa akɔsi daa, na mɛgye wo aware mafa, tenenee ne atemmuo so, ne adɔeɛ ne mmɔborɔhunu so, 20#Dwom 146.6; Yer 31.34 na mɛgye wo aware mafa, gyidie so, na woahunu AWURADE.
21Na ɛda no ɛbɛba sɛ mɛgye so, AWURADE asɛm nie,
mɛgye ɔsoro so,
na ɛno nso agye asase so,
22na asase agye ayuo ne nsa ne ngo so,
na ɛno nso agye Yesreel so.
23 # Hos 1.6; 1.9; Rom 9.25; 1 Pe 2.10 Na mɛdua no mafa, asase so,
na mɛhunu deɛ wɔnhunuu no mmɔborɔ no mmɔbɔ,
na mɛka makyerɛ deɛ ɔnyɛ me man no sɛ: Me man ne wo!
Na ɔno nso aka akyerɛ me sɛ: Me Nyankopɔn!

Currently Selected:

Hosea 2: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in