Hosea 1
1
Hosea yere ne ne mma
1 #
Yes 1.1; 2 Ah 14.23; Amos 1.1 AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ, ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ nie.
2 #
Hos 3.1
Mfitiaseɛ a AWURADE ne Hosea kasaeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Hosea sɛ: Kɔ na kɔfa ɔbaa dwamamfoɔ ne adwamammɔ mma, na adwaman na asase no afiri AWURADE akyire rebɔ. 3Na ɔkɔ kɔfaa Diblaim babaa Gomer, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin maa no.
4 #
2 Ah 10.30
Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Yesreel, na aka kakra na mabɛtɔ Yesreel mogya so were Yehu fie, na mama Israel fie ahennie no to atwa. 5Na ɛda no mɛbubu Israel tadua, Yesreel bonhwa no mu.
6 #
Hos 2.1, 23 Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama,#1.6 Asekyerɛ ne: Deɛ wɔanhu no mmɔbɔ. na merenna so menhunu Israel fie mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio. 7Na Yuda fie na mɛhu wɔn mmɔbɔ, na magye wɔn nkwa, AWURADE wɔn Nyankopɔn mu, nanso meremfa tadua ne nkrantɛ ne akodie ne apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ so mennye wɔn.
8Na ɔtwaa Lo-Ruhama nufoɔ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. 9#Hos 2.1, 23 Na ɔse: To no din sɛ Lo-ami,#1.9 Asekyerɛ ne: Ɛnyɛ me man. na monyɛ me man, na me nso, merenyɛ mo Nyankopɔn.#1.9 NYANKOPƆN: Hebri Atwerɛ no nni Nyankopɔn.
10 #
Gye 22.17; Rom 9.26 Nanso Israel mma dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔnsusuo na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn teasefoɔ mma. 11#Yes 11.11-13; Yer 3.18; Hes 37.22 Na Yuda mma ne Israel mma bɛbom ahyia, na wɔasi tire baako afa, na wɔaforo afiri asase no so aba. Na Yesreel da no bɛyɛ da kɛseɛ.
Currently Selected:
Hosea 1: ASW
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012