YouVersion Logo
Search Icon

Efesofoɔ NHYƐNMU

NHYƐNMU
Deɛ ɛdi kan koraa wɔ Paulo krataa a ɔde kɔmaa Efesofoɔ no fa “Onyankopɔn nhyehyɛɛ … a ɔde n’abɔdeɛ nyinaa a ɛwɔ soro ne asase so bɛbɔ mu ama Kristo ayɛ etire” (1.10). Ɛsane nso yɛ adesrɛ a ɔde to Onyankopɔn nkurɔfoɔ anim sɛdeɛ wɔbɛyɛ ama saa nhyehyɛɛ pa yi a Onyankopɔn pɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa ka bom wɔ Kristo mu no ada adi.
Ɔfa a ɛdi kan wɔ Efesofoɔ nwoma yi mu no, ɔtwerɛfoɔ no ma yɛhunu nkabom sɛ asɛm titire. Ɔkasa fa ɔkwan a Onyankopɔn a ɔyɛ Agya afa so ayi ne nkurɔfoɔ ne sɛdeɛ ɔnam ne ba Yesu so de wɔn bɔne akyɛ wɔn na wɔayi wɔn afiri bɔne mu, ɛne sɛdeɛ ɔde ne Honhom Kronkron asɔ ne bɔhyɛ kɛseɛ no ano. Ɔfa a ɛtɔ so mmienu no, ɔde adesrɛ to n’akenkanfoɔ anim sɛ wɔnnante sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔn baakoyɛ a ɛwɔ Kristo mu no bɛyɛ adwuma wɔn nyinaa mu.
Ɔnam kasasu ahodoɔ so de kyerɛkyerɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ baakoyɛ a ɛwɔ wɔn ne Kristo nkabom no mu: Asafo no te sɛ nipadua a Kristo ne etire; anaasɛ asafo no te sɛ ɛdan a Kristo ne tweasoboɔ; anaasɛ asafo no te sɛ ɔyere a Kristo ne okunu. Ɔtwerɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn adom a ɛwɔ Kristo mu nimdeɛ teɛ. Ɔhwɛɛ biribiara sɛdeɛ ɛteɛ wɔ Kristo dɔ, n’afɔrebɔ, ne fakyɛ, n’adom ne n’ahoteɛ mu.
EMU NSƐM
Ahyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1-2
Kristo ne asafo no 1.3—3.21
Nkwa foforɔ a ɛwɔ Kristo mu 4.1—6.20
Awieeɛ 6.21-24

Currently Selected:

Efesofoɔ NHYƐNMU: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in