Efesofoɔ 5
5
Monnɔ mo ho sɛ mo soro Agya dɔ mo no
1 #
Mat 5.48
Enti monsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, 2#Efe 5.25; Gal 2.20; Heb 10.10 na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.
Bɔne a ɛsi kwan
3 #
Kol 3.5
Na adwamammɔ ne efi adeyɛe nyinaa anaa anibereɛ deɛ, mommma wɔmmmɔ din mpo wɔ mo mu, sɛdeɛ ɛsɛ ahotefoɔ. 4#Efe 4.29 Na mommma wɔnte aniwudeɛ ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda. 5#1 Ko 6.9-10 Ɛfiri sɛ monim dada sɛ odwamammɔfoɔ biara anaa efi adeyɛni anaa oniberefoɔ (a ɔyɛ ɔbosonsonni) nni apɛgyadeɛ Kristo ne Nyankopɔn ahennie mu.
Nkontabuo
6Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo; na saa nnoɔma no nti na Nyankopɔn abufuhyeɛ ba wɔn a wɔyɛ asoɔden soɔ. 7Enti mo ne wɔn nnni twaka.
Esum ne hann
8 #
Efe 2.11; 2.13; 1 Pe 2.9; Luka 16.8; Yoh 12.36 Na akane no, na moyɛ sum, na afei deɛ, moyɛ hann, Awurade mu; monnante sɛ hann mma, 9ɛfiri sɛ hann aba da adi papayɛ ne tenenee ne nokorɛ nyinaa mu, 10#Efe 5.17; Rom 12.2 na monsɔ deɛ ɛsɔ Awurade ani yie no nhwɛ. 11Na monnyɛ esum nnwuma a ɛnso aba no bi, na mmom mompa ho ntoma! 12#Rom 1.24 Ɛfiri sɛ nnoɔma a wɔhunta yɛ no, ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ din mpo. 13#Yoh 3.20-21 Na nnoɔma no nyinaa, sɛ wɔma ɛda adi a, hann yi no adi; ɛfiri sɛ deɛ wɔyi adi nyinaa yɛ hann. 14#Yes 60.1; Rom 13.11 Enti na ɔse:
Wo a woada, nyane,
na sɔre firi awufoɔ mu,
na Kristo no bɛhyerɛn ama wo.
Asetena pa ho afotuo
15 #
Mat 10.16; Kol 4.5 Enti monhwɛ mo nanteɛ yie, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔnnim nyansa, na mmom sɛ anyansafoɔ. 16Monhwɛ mo adagyeɛ yie, ɛfiri sɛ nna yi yɛ nna bɔne. 17#Efe 5.10 Yei nti monnyɛ nnipa a wɔnni adwene, na mmom monyɛ nnipa a wɔhunu adeɛ a Awurade pɛ yie. 18#Luka 21.34 Na mommmoro nsa, ɛfiri sɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu. 19#Kol 3.16; Dwom 33.2-3 Momfa sankuo ho nnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛkyerɛ mo ho, monto dwom na mommɔ sankuo mo akoma mu mma Awurade, 20monna Agya Nyankopɔn ase daa wɔ ade nyinaa ho, yɛn Awurade Yesu Kristo din mu, 21#1 Pe 5.5 mommrɛbrɛ mo ho ase mma mo ho wɔ suro a mowɔ wɔ Kristo mu.
Ɛyerenom
22 #
Gye 3.16; Kol 3.18; 1 Pe 3.1 Ɛyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ara mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade, 23#1 Ko 11.3 ɛfiri sɛ okunu yɛ ɛyerɛ ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no tiri no, na ɔno ara na ɔyɛ Agyenkwa ma nipadua no. 24Na sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara nso na ɛyerenom nyɛ mma wɔn kununom, ade nyinaa mu.
Okununom
25 #
Kol 3.19
Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛdeɛ Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho maeɛ maa no, 26#Tito 3.5 sɛ ɔde nsuo adwareɛ bɛte ne ho wɔ asɛm no mu, ayɛ no kronkron, 27#Dwom 45.13; 2 Ko 11.2 na ɔde asafo no asi hɔ animuonyam mu, a nkekaeɛ anaa mpomponeeɛ anaa yeinom biara nni ho, na mmom ayɛ kronkron a ɛdɛm nso nni ho. 28Saa ara nso na ɛsɛ okununom, sɛ wɔdɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ara nipadua. Deɛ ɔdɔ ɔno ara ne yere no, dɔ ne ho. 29Na obiara ntane ɔno ara ne honam, na mmom ɔyɛ no yie, na ɔsom no bo, sɛdeɛ Kristo nso yɛ asafo no. 30#Efe 1.23; 1 Ko 6.15; Gye 2.23 Ɛfiri sɛ yɛyɛ ne nipadua ho akwaa. 31#Gye 2.24 Yei nti na ɔbarima bɛgya n’agya ne ne na, na wakɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ honam korɔ. 32Ahuntasɛm yi so, na me deɛ, mese, ɛfa Kristo ne asafo no ho. 33Nanso mo mmaako mmaako nso, momma obiara nnɔ ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɛyerɛ nso mmu ne kunu.
Currently Selected:
Efesofoɔ 5: ASW
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012