YouVersion Logo
Search Icon

Efesofoɔ 4

4
Asafo no baakoyɛ
1 # Kol 1.10 Enti afei me, Awurade deduani, metu mo fo sɛ monnante sɛdeɛ ɛfata frɛ a wɔde afrɛ mo, 2#Kol 3.12 ahobrɛaseɛ adwene ne ɔdwoɔ nyinaa mu, abodwokyɛre mu, monkurakura mo ho mu wɔ ɔdɔ mu, 3mommɔ mmɔden mfa asomdwoeɛ homa nkura honhom baakoyɛ mu. 4#Rom 12.5 Ɛfiri sɛ nipadua baako ne honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔafrɛ mo nso mo frɛ anidasoɔ baako mu no: 5#1 Ko 8.6 Awurade baako, gyidie baako, asubɔ baako, 6#1 Ko 12.6 yɛn nyinaa Nyankopɔn ne Agya baako a ɔdi yɛn nyinaa soɔ, na ɔfa yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu.
Adom akyɛdeɛ
7 # Rom 12.3; 12.6; 1 Ko 12.11 Na wɔde adom adom yɛn nyinaa mmaako mmaako, sɛdeɛ Kristo asusu n’akyɛdeɛ ama no. 8#Dwom 68.18; Kol 2.15 Enti ɔse:
Ɔforo kɔɔ soro no, ɔde nnommum pii a ɔfaeɛ no kɔe,
na ɔde akyɛdeɛ maa nnipa.
9 # Yoh 3.13 (Na sɛ ɔse: Ɔforo kɔɔ soro a, ɛnneɛ na ɛnyɛ deɛ ɔrekyerɛ ara ne sɛ ɔsianee kɔɔ asase ase hɔnom ansa? 10Ampa ara, deɛ ɔsianeeɛ no ara ne deɛ ɔsiane nso foro traa ɔsorosoro nyinaa so ama wahyɛ nnoɔma nyinaa ma no.)
11 # 1 Ko 12.28; Aso 21.8 Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafoɔ, ebinom adiyifoɔ, ebinom asɛmpakafoɔ, ebinom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ, 12#1 Pe 2.5 na wɔatoto ahotefoɔ yie ama ɔsom adwuma no, ama Kristo nipadua no sie akɔ so, 13akɔduru sɛ yɛn nyinaa bɛduru Nyankopɔn Ba no ho gyidie ne ne nhunumu baakoyɛ mu, ayɛ onipa a wawie nyini a yɛaduru Kristo mayɛ susudeɛ no tebea soɔ, 14#1 Ko 14.20; Heb 13.9 na yɛanna so anyɛ mmotafowa a nkyerɛkyerɛ mframa biara woso wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa bradɛtoɔ mu, anifire a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛeɛ mu, 15#Efe 1.22; 5.23; Kol 1.18 na mmom momma yɛnni nokorɛ mfa ɔdɔ mu nnyini nnoɔma nyinaa mu, Kristo a ɔne etire no mu. 16#Kol 2.19 Ne mu na nipadua nyinaa ayɛ mua ɛsiane akwaa ahodoɔ a aka atoatoa mu asisi so pɛpɛɛpɛ na ebiara yɛ n’adwuma yie nti, na ɛma nipadua no nyini na ɛyɛne ne ho ɔdɔ mu.
Ɛsɛ sɛ wɔgu amanaman nneyɛɛ bɔne no
17 # Rom 1.21 Enti meka yei na medi adanseɛ, Awurade mu, sɛ monnnante bio sɛdeɛ amanaman mufoɔ a aka no nante wɔn adwene hunuyɛ mu no. 18#Efe 2.12 Wɔn na wɔn adwene mu aduru sum, na ɛsiane sɛ wɔnni nteaseɛ na wɔn akoma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafoɔ. 19Ɛsiane sɛ wɔn ani nwu adeɛ bio nti, wɔde wɔn ho ama ahohwie, na wɔyɛ afideɛ nyinaa anibereɛ mu.
Ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ Kristo su
20Na mo deɛ, moansua Kristo saa, 21sɛ ampa ara sɛ moate ne ho asɛm, na wɔakyerɛkyerɛ mo ne mu, sɛdeɛ Yesu mu nokorɛ teɛ no. 22#Rom 8.13; Kol 3.9; Gal 6.8 Ɛne sɛ, mo kane abrabɔ fam deɛ, monyi onipa dada a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no ntwene, 23#Rom 12.2 na momma wɔnyɛ mo foforɔ mo adwene honhom mu, 24#Gye 1.26 na monhyɛ onipa foforɔ a wɔbɔɔ no Nyankopɔn suban so, nokorɛ tenenee ne ahoteɛ mu no.
Kristofoɔ abrabɔ pa ho mmɔdemmɔ
25 # Sak 8.16 Enti monyi atorɔ ntwene, na obiara nni ne yɔnko nokorɛ, ɛfiri sɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa. 26#Dwom 4.4; Yak 1.19-20 Mo bo mfu, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuo so, 27na mommma ɔbonsam kwan! 28#1 Te 4.11 Owifoɔ nnwia adeɛ bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma deɛ ɔdi hia. 29#Efe 5.4; Kol 3.16-17; 4.6 Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfiri mo anomu, na mmom asɛm a ɛyɛ na ɛma nkɔsoɔ a ɛhia, na wɔde adom wɔn a wɔteɛ no. 30#Yes 63.10; Efe 1.13-14 Na monnho Nyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ. 31#Kol 3.8 Momma wɔnyi yeadie nyinaa ne koko bɔne ne abufuo ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfiri mo mu. 32#Mat 6.14; 18.22-35; Kol 3.13 Na momma mo yam nyɛ yie na ɛnhyehye mo mmema mo ho, momfa nkyekyɛ mo ho, sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de kyɛɛ mo no.

Currently Selected:

Efesofoɔ 4: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in