Daniel 7
7
Mmoa nnan no ho oyikyerɛ
1 #
Dan 2
Babelhene Belsasar afe a ɛdi kan mu no, Daniel soo daeɛ bi na ɔhunuu ne tirim anisoadeɛ bi ne mpa so. Ɛnna ɔtwerɛɛ daeɛ no kaa nsɛm no mu ade titire. 2#Adi 17.15 Daniel firii aseɛ sɛ: Mehunuu m’ani so adeɛ anadwo, na hwɛ, ɔsoro mframa nnan tu bɔe wɔ ɛpo kɛseɛ no so. 3#Adi 13.1-2 Na mmoa akɛseɛ nnan pue firii ɛpo no mu, ɛsono oyi, na ɛsono oyi. 4#Dan 4.34 Deɛ ɔdi kan no te sɛ gyata, na ɔwɔ ɔkɔdeɛ ntaban; mehwɛe ara kɔsii sɛ wɔtutuu ne ntaban no, na wɔmaa no so firii fam, na wɔmaa no gyinaa nan mmienu so sɛ onipa, na wɔmaa no onipa akoma. 5Na hwɛ, aboa foforɔ a ɔtɔ so mmienu te sɛ sisire na ɔgyinaa hɔ tɔ kɔɔ ɔfa baako so, na mpadeɛ mmiɛnsa hyɛ n’anomu ne se ntam, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre di nam bebree! 6Yei akyi, mehwɛe ara, na hwɛ, aboa foforɔ a ɔte sɛ ɔsebɔ, na n’akyi ɔwɔ anomaa ntaban nnan, na aboa no wɔ tiri nnan, na wɔmaa no tumi. 7Yei akyiri no, mede hwɛ ara anadwo adehunu mu, na hwɛ, aboa a ɔtɔ so nnan a ne ho yɛ hu ne nwanwa na ɔyɛ den boro soɔ nie. Ɔwɔ dadeɛ se akɛseɛ, na ɔdidi kekaa mu de ne nan pɛkyɛɛ nkaeɛ, na ɛsono no ne mmoa a wɔdii n’anim nyinaa, na ɔwɔ mmɛn du. 8#Dan 11.36 Merehwɛ mmɛn no no, hwɛ, abɛn ketewa foforɔ bi puee wɔ wɔn ntam, na akane mmɛn no mu mmiɛnsa ase tutuu ɛno anim, na hwɛ, na aniwa a ɛte sɛ onipa aniwa ne ano a ɛkeka nsɛnkɛseɛ wɔ abɛn no ho.
9 #
Dwom 90.2
Mehwɛe ara kɔsii
sɛ wɔsisii ahennwa,
na deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen bɛtenaa ase,
n’atadeɛ hoa sɛ nwera,
na ne tirinwi hoa sɛ odwanten nwi fitafita;
n’adwa yɛ ogyaframa ara nko,
ne ntwahonan ogya a ɛrefranam.
10 #
Dwom 68.17; Adi 5.11 Ogya te sɛ asubɔnten sene
firi n’anim bae,
mpem mpem som no,
na mpemdu mpemdu buburugyaa gyina n’anim,
wɔtenaa ase sɛ wɔrebu atɛn,
na wɔbuebuee nwoma no mu.
11 #
Adi 19.20
Mehwɛe ara kɔsii sɛ ɛsiane nsɛm akɛseɛ a abɛn no kekaeɛ nti, wɔkumm aboa no, na wɔsɛee ne honam, na wɔde maa ogya a ɛrefranam no. 12#Dan 2.21 Na mmoa a aka no nso, wɔgyee wɔn tumi, nanso wɔhyɛɛ wɔn berɛ ne dɔn a wɔn nkwa nna nkɔduro. 13#Luka 21.27 Mehunuu anadwo anisoadehunu no mu ara,
na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba
nam ɔsoro mununkum mu reba,
na ɔduruu deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen no nkyɛn,
na wɔmaa no pinkyɛɛ n’anim.
14Na ɔno na wɔde tumi
ne animuonyam ne ahennie maa no
maa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa
som no;
ne tumi yɛ daa tumi
a ɛrentwam da,
na n’ahennie yɛ
deɛ ɛrensɛe da.
Anisoadehunu no nkyerɛaseɛ
15Me, Daniel, me honhom bɔmee wɔ me honam mu, na m’anisoadehunu no haa me. 16#Dan 7.10 Metwe pinii wɔn a wɔgyina hɔ no mu baako, na mebisaa no yei nyinaa ase; na ɔka kyerɛɛ me, na ɔmaa mehunuu nnoɔma no nkyerɛaseɛ. 17Mmoa akɛseɛ yi a wɔyɛ nnan yi yɛ ahemfo baanan a wɔbɛfiri asase soɔ asɔre agyina. 18#Dan 7.22 Na ɔsorosoroni no ahotefoɔ bɛfa ahennie no, na wɔanya ahennie no daa daa mmerɛ santen.
19 #
Dan 7.7
Ɛnna mepɛɛ sɛ mehunu nokorɛ a ɛfa aboa a ɔtɔ so nnan a ɛsono ɔno wɔn nyinaa mu a ne ho yɛ hu boro soɔ a ne se yɛ dadeɛ na ne bɔwerɛ yɛ kɔbere mfrafraeɛ a ɔdidi keka mu de ne nan pɛkyɛ nkaeɛ no ho asɛm no ase, 20ne ne tiri so mmɛn du ne foforɔ a ɛpueeɛ no a mmiɛnsa tutuu wɔ n’anim, abɛn no a ɛwɔ aniwa ne ano a ɛkeka nsɛnkɛseɛ, na wɔhwɛ a, ɔso sene ne mfɛfoɔ no deɛ; 21#Adi 13.7 mehwɛe na saa abɛn no ne ahotefoɔ dii ako, na ɛtumii wɔn, 22kɔsii sɛ deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen no baeɛ, na wɔbuu ɔsorosoroni no ahotefoɔ no bem, na ɛberɛ a ɛsɛsɛ ahotefoɔ sɔ ahennie mu no durui.
23Ɔkaa sɛ: Aboa a ɔtɔ so nnan no
bɛyɛ ahennie a ɛtɔ so nnan,
asase so a ɛbɛsono ɛno, ahennie nyinaa mu,
na ɛbɛmene asase nyinaa
atiatia so abubu no asinasini.
24 #
Adi 17.12
Na mmɛn du no,
ahennie no ara mu na ahemfo du bɛsɔreɛ,
na wɔn akyiri no, ɔfoforɔ bi bɛsɔre,
na ɛbɛsono ɔno ne akanefoɔ no,
na ɔbɛbrɛ ahemfo baasa ase.
25 #
Adi 13.5-6; Dan 12.7; 4.13 Na ɔbɛkeka nsɛm atia deɛ ɔwɔ Ɔsorosoro no,
na ɔbɛha ɔsorosoroni no akronkronfoɔ,
na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdane mmerɛ ne mmara,
na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa,
mfeɛ mmiɛnsa ne fa.
26Na wɔbɛtena ase abu atɛn,
na wɔagye ne nsam tumi
asɛe no ama no ayera akɔsi aseɛ.
27Na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahemman
so ahennie ne tumi ne kɛseyɛ
bɛma Ɔsorosoroni akronkronfoɔ man;
n’ahennie yɛ daa ahennie,
na tumi nyinaa bɛsom no na atie no.
28Ɛha na nsɛm no ase asie. Na me, Daniel deɛ, m’adwene haa me pii, na m’anim sakyerae, na mede asɛm no mesiee m’akoma mu.
Currently Selected:
Daniel 7: ASW
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012