YouVersion Logo
Search Icon

Daniel 6

6
Daniel da agyata amena mu
1Ɛsɔɔ Dario ani sɛ ɔde amantam ahemfo ɔha aduonu bɛsisi n’ahennie no soɔ, sɛ wɔnni ahemman no nyinaa so 2ne wɔn so aberempɔn baasa a Daniel yɛ wɔn mu baako, sɛ amantam ahemfo no mmu akonta nkyerɛ wɔn, na ɔhene adeɛ ammɔ no. 3#Dan 5.12 Na Daniel yi kyɛnee aberempɔn ne amantam ahemfo no, ɛfiri sɛ na honhom a ɛkyɛne soɔ wɔ ne mu. Na ɔhene no yɛɛ sɛ ɔde no bɛsi ahemman no nyinaa so.
4Ɛnna aberempɔn ne amantam ahemfo no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya Daniel ho asɛm bie, ahennie no fam; nanso wɔannya asɛm anaa bɔne biara, ɛfiri sɛ na ɔdi nokorɛ, na wɔnhunu ne ho mfomsoɔ anaa bɔne biara. 5Ɛnna mmarima no kaa sɛ: Yɛrennya Daniel yi ho asɛm biara, gye sɛ yɛhunu bi ne Nyankopɔn mmara ho. 6#Dan 3.9; 5.10 Ɛnna aberempɔn ne amantam ahemfo no kɔtoaa ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔhene Dario nnya nkwa daa! 7Ahemman yi mu aberempɔn, mmakoma, amantam ahemfo, agyinatufoɔ ne amradofoɔ nyinaa atu agyina sɛ wɔde ɔhene mmara bɛbara na wɔahyɛ ɛmom mmaraden sɛ: Obiara a ɔbɛbisa onyame bi anaa onipa bi hɔ adeɛ biara adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amena mu. 8#Dan 6.17; Est 1.19; 8.8 Enti ɔhene, hyɛ ɛmom no den, na ma wɔnkurukyire atwerɛ a wɔrensakyera, sɛdeɛ Media ne Persia mmara a wɔnnane ani no teɛ no. 9Yei nti Ɔhene Dario maa wɔkurukyiree atwerɛ ne ɛmom no.
10 # 1 Ah 8.48; Yer 51.50; Dwom 55.17 Na Daniel tee sɛ wɔakurukyire atwerɛ no, ɔkɔɔ ne fie, nso na n’abansoro dan mu mpomma a ɛkyerɛ Yerusalem abuebue, na ɔkɔɔ ne nkotodwe anim da koro mprɛnsa, na ɔbɔɔ mpaeɛ daa ase, ne Nyankopɔn anim sɛdeɛ na ɔyɛ no kane no ara. 11Ɛnna mmarima yi bɛtoaa Daniel na wɔhunuu no sɛ ɔrebisa adeɛ koto srɛ Nyankopɔn anim. 12#Dan 3.10 Ɛnna wɔtwe pinii bɛkaa ɔhene ɛmom no ho asɛm ɔhene anim sɛ: Woanhyɛ ɛmom sɛ onipa biara a ɔbɛbisa onyame anaa onipa biara hɔ adeɛ bi adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amena mu? Ɔhene buaa sɛ: Asɛm no atim sɛdeɛ Media ne Persia mmara a wɔnnane ani no teɛ. 13Ɛnna wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Daniel a ɔfiri Yuda atukɔfoɔ mu no mmu wo, ɔhene, ne ɛmom a woahyɛ no, na ɔbɔɔ mpaeɛ srɛ adeɛ da koro mprɛnsa.
14Ɛnna ɔhene tee asɛm yi no, ɛyɛɛ no ya kɛseɛ, na ɔsuaee ne tirim sɛ ɔbɛgye Daniel, na ɔbɔɔ mmɔden ara kɔsii owiatɔberɛ sɛ ɔbɛgye no. 15Ɛnna mmarima no bɛtoaa ɔhene na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ao Ɔhene, hunu sɛ ɛyɛ Media ne Persia mmara sɛ ɛmom ne ahyɛdeɛ biara a ɔhene ahyɛ no, wɔnnane ani.
16 # Dan 6.20 Ɛnna ɔhene ka maa wɔkɔfaa Daniel baeɛ, na wɔtoo no twenee agyata amena no mu. Nso ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Wo Nyankopɔn a wosom no daa daa no, ɔno na ɔnnye woɔ. 17Na wɔde ɔboɔ bi ba bɛtoo amena no ano, na ɔhene de ne pɛtea, ne n’aberempɔn mpɛtea sɔɔ ano, na wɔansakyera Daniel ho adeɛ biara. 18Ɛnna ɔhene kɔɔ n’aban mu, na ɔdii abuada anadwo no, nso wamma wɔamfa n’anigyedeɛ amma n’anim, na n’ani soroe.
19Ɛnna ɔhene sɔree ahemadakye, na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ agyata amena no ano. 20#Dan 3.17 Na ɔbɛnee amena no ano no, ɔde awerɛhoɔ nne teaa mu frɛɛ Daniel. Ɔhene bisaa Daniel sɛ: Daniel, Onyankopɔn teasefoɔ no akoa, wo Nyankopɔn a wosom no daa no atumi agye wo afiri agyata no anomu anaa? 21Ɛnna Daniel ne ɔhene no kasaa sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! 22#Dan 3.28; Heb 11.33 Me Nyankopɔn asoma ne bɔfoɔ ama no abɛmuamua agyata no ano, na wɔanyɛ me hwee, ɛsiane sɛ wahu me sɛ medi bem n’anim, na wo, ɔhene, anim nso menyɛɛ bɔne biara. 23#Dwom 37.40 Ɛno na ɔhene bo tɔɔ ne yam kɛse, na ɔkaa sɛ wɔnyi Daniel mfiri amena no mu. Na wɔyii Daniel firii amena no mu baa soro, na wɔanhunu biribiara a ɛtii no, ɛfiri sɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so. 24Na ɔhene hyɛe maa wɔde mmarima a wɔtotoo Daniel ano no bae de wɔn bɛguu agyata amena no mu, wɔn ne wɔn mma ne wɔn yerenom; na wɔnnya nnuruu amena no aseɛ no, agyata no faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu.
25Ɛnna Ɔhene Dario twerɛ kɔmaa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa a wɔtete asase soɔ no nyinaa sɛ: Ɛnsi mo yie mmoroso. 26#Dan 4.3 Mehyɛ mmara sɛ m’ahemman a medi so tumi nyinaa mu wɔmfɛre na wɔnsuro Daniel Nyankopɔn anim,
na ɔno ne Onyankopɔn a ɔte aseɛ
na ɔgyina hɔ daa,
na n’ahennie yɛ deɛ ɛnsɛe da,
na ne tumi bɛtena hɔ akɔsi aseɛ.
27Ɔne deɛ ɔyie na ɔgyeɛ,
na ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ɔsoro ne asase soɔ,
ɔno na ɔyii Daniel
firii agyata nsam.
28 # Dan 1.21 Na Daniel yi dii yie Dario ahennie ase ne Persiani Kores ahennie ase.

Currently Selected:

Daniel 6: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in