YouVersion Logo
Search Icon

Yesaia 16

16
1Momfa nguantenmma sɛ sonkahiri
nkɔma asase no sodifo,
efi Sela fa nweatam no so,
kɔka Ɔbabea Sion bepɔw no so.
2Te sɛ nnomaa a wɔaka wɔn afi berebuw mu
na wotu nenam wim no
saa na Moabfo mmea te
wɔ Arnon asutwabea.
3Moab ka se, “Munsi mo adwene pi,
monna mo gyinaesi adi.
Monyɛ mo sunsuma sɛ anadwo,
awia ketee.
Momfa aguanfo no nhintaw
munnyi atubrafo no mma.
4Momma Moabfo aguanfo no ne mo ntena;
monyɛ wɔn bammɔ wɔ ɔsɛefo no ho.”
Ɔhyɛsoni no bɛba nʼawie
na adesɛe to betwa;
opoobɔfo no bɛyera wɔ asase no so.
5Ɔdɔ mu na Onyankopɔn besi ahengua bi;
ɔbarima bi de nokwaredi bɛtena so,
obi a ofi Dawid fi,
nea atemmu mu no ɔpɛ atɛntrenee
na ɔntwentwɛn adetreneeyɛ ho.
6Yɛate Moab ahantan a ɔyɛ,
nʼani a atra ne ntɔn mmoroso,
nʼahomaso ne nʼasoɔden
nanso hwee nni nʼahomaso no mu.
7Enti Moabfo twa adwo,
wɔbɔ mu su ma Moab.
Wodi awerɛhow na wɔbɔ abubuw,
ma Kir Hereset bobe aba ɔfam.
8Hesbon mfuw no hyew,
Sibma bobe mfuw nso saa ara.
Aman sodifo no atiatia bobe papa no so,
nea kan na wɔde kɔ Yaser
na ɛtrɛtrɛw kɔ nweatam so no.
Wɔn mman trɛtrɛw kɔka mpoano pɛɛ.
9Enti misu sɛnea Yaser su,
de ma Sibma bobe mfuw.
Hesbon ne Eleale,
mede misu fɔw mo!
Mo aduaba a abere ho ahurusi
ne otwabere de no aka.
10Ahosɛpɛw ne anigye nni mfikyifuw no mu;
obiara nto dwom, na ɔnteɛteɛ mu wɔ bobeturo mu;
obiara nkyi nsa wɔ nsakyiamoa so,
efisɛ mede nteɛteɛmu aba nʼawiei.
11Misi apini wɔ me koma mu wɔ Moab ho
te sɛ sankuten so kwadwom;
na me yam hyehye me ma Kir Hereset.
12Sɛ Moab kɔ ne sorɔnsorɔmmea a
ɔhaw ne ho kwa;
sɛ ɔkɔ nʼabosonnan mu kɔbɔ mpae a,
ɛrenkosi hwee.
13Eyi ne asɛm a Awurade aka dedaw afa Moab ho. 14Nanso mprempren Awurade ka se, “Mfe abiɛsa mu, sɛnea akoa a nhyehyɛe kyekyere no no bebu nna no, wobebu Moab anuonyam ne ne nkurɔfo dodow no nyinaa animtiaa, na ne nkae no bɛyɛ kakraa bi a wonni ahoɔden.”

Currently Selected:

Yesaia 16: AKNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in