YouVersion Logo
Search Icon

Yesaia 15

15
Nkɔmhyɛ A Etia Moab
1Adehu a ɛfa Moab ho:
Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moab
Da koro anadwo bi,
wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moab
da koro anadwo bi!#15.1 Ar ne Kir yɛ Moabfo nkurow atitiriw abien.
2Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu,
ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kosu;
Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho.
Wɔayi eti biara so nwi
na abogyesɛ biara nso wɔatwitwa.
3Wofurafura atweaatam wɔ mmɔnten so;
wɔ adan atifi ne ɔman ahyiae
wɔn nyinaa retwa adwo,
wɔdeda fam na wosu.
4Hesbon ne Eleale teɛ mu su,
wɔte wɔn nne kodu Yahas nohɔ.
Enti Moab mmarima akofo teɛ mu su,
na wɔbotobotow.
5Midi Moab ho awerɛhow wɔ me koma mu;
nʼaguanfo guan kodu Soar,
ne Eglat Selisiya.
Wɔforo kɔ Luhit,
wɔrekɔ nyinaa na wɔresu;
Horonaim kwan so nso
wodi wɔn sɛe ho awerɛhow.
6Nimrim nsuwansuwa ayoyow
na sare no ahyew
afifide nyinaa ayera
na ɛnkaa wura biara a ɛyɛ amono.
7Enti ahonyade a wɔapɛ agu hɔ no
wɔsoa de kotwa mpampuro bon.
8Wɔn nkekawmu gyigye wɔ Moab ahye so;
wɔn agyaadwotwa kodu Eglaim
na wɔn abubuwbɔ kodu Beer Elim.
9Dimon nsu ayɛ mogya nko ara
nanso mɛkɔ so ne no adi
gyata bɛba Moab aguanfo so
ne wɔn a wɔbɛka asase no so no so.

Currently Selected:

Yesaia 15: AKNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in