Yesaia 14
14
1 Awurade behu Yakob mmɔbɔ;
ɔbɛsan afa Israel
na ɔbɛbɔ wɔn atenase wɔ wɔn ankasa asase so.
Ananafo bɛba abɛka wɔn ho
na wɔne Yakobfi aka abɔ mu.
2Amanaman bɛfa wɔn
de wɔn aba wɔn ankasa atenae.
Na Israelfi bɛfa amanaman no ayɛ wɔn de
sɛ nkoa ne mfenaa wɔ Awurade asase so.
Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfo no nnommum
na wobedi wɔn sohwɛfo so.
3Na da a Awurade bɛma mo ɔhome afi amanehunu, ahoyeraw ne nkoasom dennen mu no, 4mubedi Babiloniahene ho fɛw se:
hwɛ sɛnea sohyɛfo no aba nʼawie!
ne sɛnea nʼabufuw nso to atwa!
5 Awurade abubu otirimɔdenfo no abaa mu,
sodifo ahempema no,
6nea abufuw mu no ɔde bobɔɔ wɔn
toatoaa so hwehwee fam,
na abufuwhyew mu otintim wɔn so a ahomegye nni mu
de brɛɛ amanaman no ase no.
7Nsase no nyinaa rehome wɔ asomdwoe mu;
na wɔto dwom.
8Mpo, ɔpepaw nnua ne Lebanon sida
nya ho anigye na wɔka se,
“Afei a wɔabrɛ wo ase yi,
duatwafo biara remmetwa yɛn.”
9Awufo nna a ɛwɔ ase no rekeka ne ho
abehyia wo kwan;
ɛkanyan wɔn a wɔafi mu no honhom
sɛ wɔmmɛma wo akwaaba,
wɔn a na wɔyɛ akannifo wɔ wiase
ɛma wɔsɔre fi wɔn nhengua so,
wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so.
10Wɔn nyinaa begye so,
wɔbɛka akyerɛ wo se,
“Wo nso woayɛ mmerɛw sɛ yɛn;
woayɛ sɛ yɛn ara.”
11Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba ɔda mu,
ne huuyɛ a efi wo asanku no;
wɔde nsaammoa asɛw kɛtɛ ama wo
na asunson akata wo so.
12Sɛnea wufi ɔsoro abɛhwe fam,
anɔpa nsoromma, adekyee babarima!
Wɔato wo abɛhwe asase so,
wo a na kan no wobrɛ amanaman ase!
13Wokaa no wo koma mu se,
“Mɛforo akɔ ɔsoro;
mɛma mʼahengua so
asi Onyankopɔn nsoromma atifi;
mɛtena ase adi hene wɔ ahyiae bepɔw so,
nea ɛkorɔn pa ara wɔ bepɔw kronkron no so.
14Mɛforo atra omununkum atifi;
mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.”
15Nanso wɔde wo abɛto ɔda mu,
amoa donkudonku ase tɔnn.
16Wɔn a wuhu wo no hwɛ wo haw,
wodwen nea ato wo no ho bisa se,
“Ɛnyɛ ɔbarima a ɔwosow asase
na ɔmaa ahenni ho popoe,
17ɔbarima a ɔmaa wiase dan nweatam,
nea ɔdan ne nkuropɔn butuwii
na wamma ne nneduafo ankɔ wɔn nkyi no ni?”
18Amanaman ahemfo no nyinaa wɔadeda wɔn
obiara wɔ ne da mu.
19Nanso wɔapam wo afi wo da mu
te sɛ dubaa a wɔapo;
wɔde wɔn a wɔatotɔ akata wo so,
wɔn a wɔtɔɔ wɔ afoa ano,
wɔn a wosian kɔ abo amoa mu,
te sɛ funu a wɔatiatia so,
20Wɔrensie wo nka wɔn ho,
efisɛ woasɛe wʼasase
na wakunkum wo nkurɔfo.
Otirimɔdenfo asefo no
wɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼade sɛ ɔhene.
21Siesie faako a wobekunkum ne mmabarima
wɔ wɔn agyanom bɔne nti;
ɛnsɛ sɛ wɔsɔre di asase no so
na wɔde wɔn nkuropɔn pete so.
22“Mɛsɔre atia wɔn,”
Sɛnea Asafo Awurade se ni.
“Metwa ne din ne ne nkae,
ne mma ne ne nenanom afi Babilonia ho,”
sɛnea Asafo Awurade se ni.
23“Mɛdan no ayɛ faako a mpatu wɔ
ne ɔwora;
mede ɔsɛeprae bɛpra no,”
sɛnea Asafo Awurade se ni.
Nkɔmhyɛ A Etia Asiria
24Asafo Awurade aka ntam se,
“Nokware, sɛnea mahyehyɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ,
na sɛnea masusuw no, ɛrensesa.
25Mɛsɛe Asiria pasaa wɔ mʼasase so;
metiatia no so me mmepɔw so.
Obeyi ne konnua afi me nkurɔfo so,
na nʼadesoa nso afi wɔn so.”
26Eyi ne nhyehyɛe a wɔayɛ ama wiase nyinaa;
eyi ne nsa a wɔateɛ wɔ aman nyinaa so.
27Na sɛ Asafo Awurade ayɛ nʼadwene a hena na obesiw no kwan?
Na sɛ wateɛ ne nsa, hena na obesianka no?
Nkɔmhyɛ A Etia Filistifo
28Saa adehu yi baa afe a ɔhene Ahas wui no:
29Munnni ahurusi, mo Filistifo,
sɛ abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu;
saa ɔwɔ no ase na ahurutoa befi aba,
na nʼaba bɛyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hare na nʼano wɔ bɔre.
30Ahiafo mu hiani benya didibea,
na mmɔborɔni bɛda asomdwoe mu.
Nanso wʼasefo de, mede ɔkɔm bɛtɔre wɔn ase;
ebekunkum wo nkae no.
31Twa adwo, kurow pon! Su teɛ mu kuropɔn!
munguan, mo Filistifo!
Wusiw kumɔnn bi fi atifi fam reba,
na obiara ntwentwɛn ne nan ase wɔ wɔn mu.
32Mmuae bɛn na wɔde bɛma
saa ɔman no ananmusifo?
“Awurade de Sion atim hɔ,
ne mu na nʼamanehunufo benya guankɔbea.”
Currently Selected:
Yesaia 14: AKNA
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.