YouVersion Logo
Search Icon

Yesaia 13

13
Nkɔmhyɛ A Etia Babilonia
1Amos babarima Yesaia adehu a ɛfa Babilonia ho ni:
2Ma frankaa so wɔ bepɔw a hwee nni so no atifi,
teɛ mu frɛ wɔn:
nyama wɔn
ma wɔnhyɛn atitiriw no apon mu.
3Mahyɛ mʼahotewfo;
mafrɛ mʼakofo sɛ wɔnna mʼabufuwhyew adi,
wɔn a wodi me nkonimdi ho ahurusi.
4Tie huuyɛ bi a ɛwɔ mmepɔw no so
te sɛ dɔm kɛse bi de!
Tie akasakasa a ɛwɔ ahenni ahorow mu,
te sɛ amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano!
Asafo Awurade reboa dɔm ano akɔ ɔko.
5Wofifi akyirikyiri aman so,
wofifi ɔsoro ahye so,
Awurade ne nʼakode a ɛyɛ nʼabufuwhyew;
bɛsɛe ɔman no nyinaa.
6Twa adwo, na Awurade da no abɛn;
ɛbɛba te sɛ ɔsɛe a efi Otumfo no.
7Eyi nti, nsa nyinaa bedwudwo,
obiara koma bɛbotow.
8Wɔbɛbɔ hu,
ɔyaw ne apinisi bekita wɔn;
wobebubu wɔn mu te sɛ ɔbea a awo aka no.
Wɔde ahodwiriw bɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim,
a wɔn ani asosɔ gya.
9Hwɛ, Awurade da no reba
da bɔne a abufuw ne abufuwhyew wɔ mu,
ɛrebɛsɛe asase no
na asɛe abɔnefo a wɔte so no.
10Ɔsoro nsoromma ne wɔn akuw renhyerɛn.
Sum beduru owia a ɛrepue
na ɔsram nso renhyerɛn.
11Mɛtwe wiase aso, ne bɔne nti,
ne amumɔyɛfo wɔ wɔn nnebɔne ho.
Metwa ahantanfo ahomaso so
mɛbrɛ nea odi awurukasɛm no ahantan ase.
12Mɛma onipa ho ayɛ na asen sika kɔkɔɔ ankasa
ɔbɛsen Ofir sikakɔkɔɔ.
13Enti mɛma ɔsoro awosow;
na asase ahinhim wɔ ne sibea
wɔ Asafo Awurade abufuwhyew ano
nʼabufuwhyewda no.
14Te sɛ ɔwansan a ɔbɔmmɔfo rehwehwɛ no akum no,
te sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo,
obiara bɛkɔ ne nkurɔfo mu,
obiara beguan akɔ nʼasase so.
15Obiara a wɔbɛfa no dedua no, wobehwirew no afoa akum no;
wɔn a wɔbɛkyere wɔn no nyinaa bɛtotɔ wɔ afoa ano.
16Wɔbɛtotow nkokoaa ahwehwe fam wɔ wɔn anim:
wɔbɛfom wɔn afi mu nneɛma na wɔato wɔn yerenom mmonnaa.
17Hwɛ mɛhwanyan Mediafo atia wɔn,
wɔn na wɔmfa dwetɛ nyɛ hwee
na wɔn ani nnye sikakɔkɔɔ ho.
18Wɔn tadua bɛbobɔ mmerante ahwehwe fam;
wɔrenhu nkokoaa mmɔbɔ
na wɔrennya ayamhyehye mma mmofra.
19Babilonia, ahenni ahorow mu ɔbohemaa,
anuonyam a Babiloniafo de hoahoa wɔn ho no
Onyankopɔn bɛdan abutuw
te sɛ Sodom ne Gomora.
20Nnipa rentena hɔ bio
awo ntoatoaso nyinaa mu;
Arabni biara rensi ne ntamadan wɔ hɔ
oguanhwɛfo biara remfa ne nguan nkɔhome wɔ hɔ.
21Nanso sare so mmoa bɛda hɔ.
Sakraman bɛyɛ nʼafi no mu ma;
hɔ na mpatu bɛtena,
hɔ na wura mu mmirekyi nso bedi agoru.
22Mpataku bɛtena nʼabandennen mu,
adompo bɛyɛ nʼahemfi fɛfɛ no mu ma.
Ne bere aso,
na wɔrentwe ne nna mu.

Currently Selected:

Yesaia 13: AKNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in