YouVersion Logo
Search Icon

Marko 3

3
Homedadie ho asɛm
(Mateo 12.9-14; Luka 6.6-11)
1Na ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa adwodwo, 2na wɔtɛɛ no sɛ ɔbɛsa no yadeɛ homeda anaa, na wɔakɔtoto n’ano. 3Na ɔsee onipa a ne nsa adwodwoɔ no sɛ: Sɔre gyina ha. 4Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa anaa bɔne homeda? Sɛ wɔgye obi nkwa anaasɛ wɔkum no? Na wɔyɛɛ komm. 5#Yoh 11.33 Na ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn akomaden nti ɛyɛɛ no ya, na ɔsee onipa no sɛ: Tene wo nsa. Na ɔteneeɛ; na ne nsa no sane yɛɛ yie. 6#Mat 22.16 Na Farisifoɔ no firii adie no, ntɛm ara wɔne Herodefoɔ kɔtuu ne ho agyina sɛdeɛ wɔbɛsɛe no.
Nnipakuo pii hyia wɔ mpoano
(Mateo 12.15-16; Luka 6.17-19)
7 # Mat 4.25 Na Yesu ne n’asuafoɔ no twee wɔn ho kɔɔ mpoano; na nnipakuo pii firi Galilea dii n’akyi, na wɔn a wɔfiri Yudea, 8Yerusalem, Idumea, Yordan agya ne wɔn a wɔwɔ Tiro ne Sidon fam, nnipakuo pii a wɔtee nnoɔma a ɔyɛeɛ no baa ne nkyɛn. 9Na ɔsee n’asuafoɔ no sɛ, nkurɔfokuo no nti kodoɔ ketewa bi ntwɛn no, na wɔankyere ne so. 10Na ɔsaa nnipa pii yadeɛ nti, wɔn a wɔyareyare nyinaa bɛkyeree ne so sɛ wɔrebɛsosɔ ne mu. 11#Luk 4.41 Na ahonhom fi nso hu no a, wɔhwehwe ase n’anim, na wɔteam sɛ: Wone Nyankopɔn ba no. 12Na Yesu baraa wɔn ketee sɛ wɔnnyi no nkyerɛ.
Yesu yi dummienu no
(Mateo 10.1-4; Luka 6.12-16)
13Na ɔkɔɔ bepɔ so; na ɔfrɛɛ wɔn a ɔno ara pɛ, na wɔbaa ne nkyɛn. 14Na ɔyii wɔn mu dummienu sɛ wɔnka ne ho, na ɔnsoma wɔn asɛnka, 15na wɔanya ahonhommɔne tuo so tumi. 16Na ɔyii dummienu no, ɔtoo Simon din Petro; 17#Luk 9.54 Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane, na ɔtoo wɔn din Bo-anerges, aseɛ ne aprannaa mma; 18ne Andrea, ne Filipo ne Bartolomeo, ne Mateo ne Toma, ne Alfeo ba Yakobo, ne Tadeo, ne Kanani Simon, 19ne Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no.
Yesu abusuafoɔ
20Na ɔbaa fie; na nkurɔfokuo bɛhyiaa bio a enti wɔantumi annidi mpo. 21Na n’abusuafoɔ teeɛ no, wɔfiri baa sɛ wɔrebɛtwe no akɔ, ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: Ne tiri mu ka no.
Yesu kasa tia nyaatwom
(Mateo 12.24-32; Luka 11.15-22; 12.10)
22Na Atwerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa sɛ: Ɔwɔ Beelsebul, na ahonhommɔne panin so na ɔnam tutu ahonhommɔne. 23Na ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn mmebuo mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na Satan bɛtumi atu Satan? 24Na sɛ ahennie bi ne ne ho di asie a, ahennie no ntumi nnyina. 25Na sɛ efie bi ne ne ho di asie a, efie no ntumi nnyina. 26Na sɛ Satan sɔre ɔno ara ne so, na ɔne ne ho di asie a, ɔrentumi nnyina, ɛnneɛ na n’awieeɛ ara ne no. 27Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfoɔ fie nkɔto nhyɛ no so mfom n’afideɛ mfa, gye sɛ ɔkyekyere ɔhoɔdenfoɔ no kane, ansa na wafom ne fie nnoɔma. 28Nokorɛ mese mo sɛ, wɔde nnipa mma bɔne ne abususɛm a wɔbɛka nyinaa bɛkyɛ wɔn; 29na mmom deɛ ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron no deɛ, ɔrennya fakyɛ da, na daa afobuo da ne so. 30#Mar 3.22 Ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: Ɔwɔ honhom fi.
Yesu abusua mapa
(Mateo 12.46-50; Luka 8.19-21)
31Ɛnna ne na ne ne nuanom ba bɛgyinaa afikyire, soma kɔɔ ne nkyɛn kɔfrɛɛ no. 32Na nkurɔfokuo tete ne ho. Na wɔsee no sɛ: Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina adihɔ rehwehwɛ wo. 33Na ɔbuaa wɔn sɛ: Hwannom ne me na ne me nuanom? 34Na ɔtwaa n’ani hwɛɛ wɔn a wɔtete ne ho hyiaeɛ no, ɔkaa sɛ: Hwɛ, me na ne me nuanom nie! 35Na obiara a ɔbɛyɛ deɛ Onyankopɔn pɛ no, ɔno ara ne me nuabarima ne me nuabaa ne me na.

Currently Selected:

Marko 3: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in