YouVersion Logo
Search Icon

Marko 2

2
Yesu sa obubuani bi yareɛ
(Mateo 9.1-8; Luka 5.17-26)
1Na nna bi akyiri no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ fie. 2Na nnipa pii bɛhyiae a enti wɔansene aboboano hɔ mpo; na ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn. 3Na wɔde obi a ɔyare mmubuo a nnipa baanan so no brɛɛ no. 4Na ɛsiane nkurɔfokuo no nti, na wɔntumi mmɛn no no, wɔkɔpaa ɛdan a ɔwɔ mu no so; na wɔtuu tokuro de kɛtɛ a obubuani no da soɔ no faa mu gyaagyaa no too mu. 5Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔsee obubuani no sɛ: Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo. 6Na Atwerɛfoɔ a wɔtete hɔ no mu binom dwendwenee wɔn akoma mu sɛ: 7#Yes 43.25 Adɛn nti na oyi kasa saa? Ɔka abususɛm. Hwan na ɔbɛtumi de bɔne akyɛ, gye Onyankopɔn nko ara? 8Na ntɛm ara a Yesu hunuu ne honhom mu sɛ wɔredwendwene wɔn mu saa no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwendwene yeinom mo akoma mu? 9Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ wɔbɛse obubuani no sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na nante? 10Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, ɔsee obubuani no sɛ: 11Mese wo sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fie! 12Na ɔsɔreeɛ, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ firii wɔn nyinaa anim kɔeɛ; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam kaa sɛ: Yɛnhunuu sei bi da!
Yesu frɛ Lewi
(Mateo 9.9-13; Luka 5.27-32)
13Na ɔfirii adi bio kɔɔ mpoano; na nkurɔfoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn. 14Na ɔretwam no, ɔhunuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atogyeeɛ, na Yesu see no sɛ: Di m’akyi. Na ɔsɔre dii n’akyi. 15Na ɛbaa sɛ ɔte adidiiɛ ne fie no, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bebree ne Yesu ne n’asuafoɔ bɛtenaa adidiiɛ; na wɔn a wɔdii n’akyi no dɔɔso. 16Na Atwerɛfoɔ a wɔfiri Farisifoɔ mu no hunuu sɛ ɔne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ redidie no, wɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: Adɛn nti na ɔne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ redidie yi? 17Na Yesu teeɛ no, ɔsee wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɛnhia wɔn ɔyaresafoɔ na mmom wɔn a wɔyareɛ no. Mammɛfrɛ teneneefoɔ, na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ.
Abuadadie ho asɛmmisa
(Mateo 9.14-17; Luka 5.33-38)
18Na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ redi abuada; na nnipa bi bɛbisaa no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ asuafoɔ di abuada, na w’asuafoɔ deɛ, wɔnni abuada? 19Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Ayeforɔkunu ne wɔn wɔ hɔ yi, ayeforɔhyia ahɔhoɔ no bɛtumi adi abuada anaa? Mmerɛ dodoɔ a ayeforɔkunu no wɔ wɔn nkyɛn no deɛ, wɔrentumi nni abuada. 20Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn, ɛno mu na wɔbɛdi abuada. 21Obi mfa ntoma foforɔ sini ntɛ atadeɛ dada mu, anyɛ saa a, ntɛmu no bɛte afiri mu, foforɔ no bɛfiri dada no mu, na nteteeɛ no ayɛ kɛseɛ. 22Na obi mfa bobesa foforɔ ngu nwoma nkotokuo dada mu; anyɛ saa a, bobesa foforɔ no bɛpaepae nkotokuo no, na bobesa no ahwiehwie agu, na nkotokuo no nso asɛe. Na wɔde bobesa foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu.
Homedadie ho asɛm
(Mateo 12.1-8; Luka 6.1-5)
23Na ɛbaa sɛ ɔkɔfaa aburoofuo bi mu homeda bi; na n’asuafoɔ no rekorɔ no, wɔfitii aseɛ pempanee aburoo mmɛtem no bi. 24Na Farisifoɔ no see no sɛ: Hwɛ, adɛn nti na wɔreyɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda yi? 25Na ɔsee wɔn sɛ: Monkenkanee deɛ Dawid yɛeɛ, ɛberɛ a ɛhiaa no, na ɛkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no pɛn? 26#1 Sa 21.7; Lew 24.9 Sɛdeɛ ɔkɔɔ Nyankopɔn fie, Ɔsɔfopanin Abiatar berɛ so, na ɔkɔdii Kyerɛ paanoo a obiara nni ho kwan sɛ ɔdie, gye asɔfoɔ nko ara, na ɔmaa wɔn a wɔne no nam no bi nso no? 27#Deut 5.14 Na ɔsee wɔn sɛ: Onipa nti na wɔyɛɛ homeda, na ɛnyɛ homeda nti na wɔyɛɛ nnipa. 28Enti Onipa Ba no yɛ homeda nso wura.

Currently Selected:

Marko 2: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in