YouVersion Logo
Search Icon

Marko 12

12
Turo hwɛfoɔ bɔne no
(Mateo 21.33-46; Luka 20.9-19)
1 # Yes 5.1-2 Na ɔfitii aseɛ nam mmebuo so kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Onipa bi yɛɛ bobe turo, na ɔgyee ho ban hyiae, na ɔtuu mu nsa-kyi-amena, na ɔtoo mu abantenten, na ɔde fɛm akuafoɔ bi, na ɔtuu bata. 2Na ɛberɛ no duruiɛ no, ɔsomaa akoa kɔɔ akuafoɔ no nkyɛn sɛ, ɔnkɔgye bobe turom aduaba no bi akuafo no hɔ. 3Na wɔfaa no hwee no maa no nam nsapan kɔe. 4Na bio ɔsomaa akoa foforɔ bi kɔɔ wɔn nkyɛn; na ɔno nso wɔpiraa no wɔ ne tirim, na wɔguu n’anim ase. 5Na ɔsomaa ɔfoforɔ; na ɔno deɛ, wɔkumm no; ɛne afoforɔ pii nso, na wɔhwee ebinom, na wɔkumm ebinom. 6Nanso na aka no ɔbaako, ne ba a ɔdɔ no. Na akyire yi, ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Wɔbɛfɛre me ba. 7Na akuafoɔ no deɛ, wɔsesee wɔn ho sɛ: Ɔdedifoɔ no nie; mommra mma yɛnkum no, na agyapadeɛ no ayɛ yɛn dea. 8#Heb 13.12 Na wɔfaa no kumm no, twee no firii bobe turom hɔ too no twenee. 9Ɛdeɛn na bobe turo no wura no bɛyɛ? Ɔbɛba abɛsɛe akuafoɔ no, na ɔde bobe turo no ama afoforɔ. 10#Dwom 118.22, 23 Nso monkenkanee atwerɛ yi pɛn, sɛ:
Ɛboɔ a abantofoɔ apoɔ no,
ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no ntweaso tiboɔ;
11 Awurade na ɔmaa yei baeɛ,
na ɛyɛ nwanwa yɛn ani so anaa?
12Na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso na wɔsuro nkurɔfokuo no; na wɔhunuu sɛ ɛbɛ a ɔbuiɛ no, ɔne wɔn. Na wɔgyaa no hɔ sii mu kɔe.
Ɛtoɔ gyeɛ ho asɛmmisa
(Mateo 22.15-22; Luka 20.20-26)
13 # Mar 3.6 Na wɔsomaa Farisifoɔ ne Herodefoɔ no mu bi baa ne nkyɛn sɛ wɔmmɛpɛ no asɛm. 14Na wɔbaeɛ no, wɔsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ na wonhwehwɛ biribi mfiri obi hɔ; na wonhwɛ nnipa anim, na wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyi toɔ ma Kaesare, anaasɛ wɔnyi? Yɛntua anaasɛ yɛnntua? 15Na ɔhunuu wɔn nyaatwom no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na mosɔ me hwɛ? Momfa denare bi mmrɛ me na menhwɛ. 16Na wɔde bae. Na ɔbisaa wɔn sɛ: Hwan mfonini ne atwerɛ nie? Na wɔsee no sɛ: Kaesare dea. 17#Rom 13.7 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare, na momfa Nyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn! Na ne ho yɛɛ wɔn nwanwa.
Owusɔreɛ ho asɛmmisa
(Mateo 22.23-33; Luka 20.27-38)
18Na Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: 19#Deut 25.5-6 Kyerɛkyerɛfoɔ, Mose twerɛ maa yɛn sɛ: Sɛ obi nua wu, na ɔgya yerɛ, na wannya mma a, ne nua no nware ne yere no, na ɔnwo mma mma ne nua no. 20Nso anuanom baason bi tenaa ase, na deɛ ɔdi kan waree yerɛ; na ɔwuiɛ no, wannya mma. 21Na deɛ ɔtɔ so mmienu no waree no, na ɔwui. Na ɔno nso wannya mma. Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no nso saa ara. 22Enti nnipa baason no nyinaa waree no na wɔannya mma. Na wɔn nyinaa akyiri no ɔbaa no nso wui. 23Na enti owusɔreɛ mu no, sɛ wɔnya sɔre a, wɔn mu hwan na ɔbɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ nnipa baason no waree no. 24Na Yesu see wɔn sɛ: Ɛnyɛ nim a monnim atwerɛsɛm ne Nyankopɔn tumi nti na mofom yi anaa? 25Na wɔnya sɔre firi awufoɔ mu a, wɔnware, nso wɔmma awadeɛ, na wɔte sɛ abɔfoɔ wɔ soro. 26#Eks 3.2, 6 Na ɛfa awufoɔ nyane ho deɛ, monkenkanee no Mose nwoma mu wɔ wira no ho sɛdeɛ Onyankopɔn see no sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no? 27Ampa ara, ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ateasefoɔ Nyankopɔn. Na mo deɛ mofom pii.
Ɔdɔ ne mmara asɛm a ɛdi kan
(Mateo 22.34-40; Luka 20.39-40; 10.25-28)
28Na Atwerɛfoɔ no mu baako a ɔtee sɛ wɔregye akyinnyeɛ, na ɔhunuu sɛ wabua wɔn yie no ba bɛbisaa no sɛ: Mmara asɛm a ɛdi ne nyinaa kan ne deɛ ɛwɔ he? 29#Deut 6.4-5 Na Yesu buaa no sɛ: Deɛ ɛdi mmara nsɛm no nyinaa kan ne: Israel, tie, Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro; 30na dɔ Awurade wo Nyankopɔn firi w’akoma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu. 31#Lew 19.18 Na deɛ ɛtɔ so mmienu nie: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho. Mmara asɛm biara nni hɔ a ɛkyɛne yeinom! 32Na ɔtwerɛfoɔ no see no sɛ: Wiɛ, kyerɛkyerɛfoɔ, ampa woaka no yie sɛ Onyankopɔn yɛ baako, na obiara nni hɔ sɛ ɔno nko ara; 33#1 Sa 15.22 na sɛ wobɛdɔ no afiri akoma nyinaa ne nteaseɛ nyinaa ne ahoɔden nyinaa mu, na wobɛdɔ wo yɔnko sɛ wo ho, sene ɔhyeɛ afɔdeɛ ne mogya afɔdeɛ nyinaa. 34#Aso 26.27-29 Na Yesu hunuu sɛ wabua no nyansam no, ɔsee no sɛ: Wo ne Nyankopɔn ahennie ntam kwan nware. Na obiara antumi ammisa no asɛm biara bio.
Dawid ba ho asɛmmisa
(Mateo 22.41-46; Luka 20.41-44)
35Na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie no, ɔkaa sɛ: Adɛn na Atwerɛfoɔ no ka sɛ Kristo yɛ Dawid ba? 36#Dwom 110.1; 2 Sa 23.2 Na Dawid no ara nam Honhom Kronkron mu kaa sɛ:
Awurade see me wura sɛ:
Tena me nifa kɔsi sɛ
mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.
37Dawid no ara frɛ no Awurade; na ɛyɛɛ dɛn na ɔbɛyɛɛ ne ba? Na nkurɔfoɔ pii no ara de anigyeɛ tiee no.
Atwerɛfoɔ ho kɔkɔbɔ
(Mateo 23; Luka 20.45-47)
38Na ɔsee wɔn ne nkyerɛkyerɛ mu sɛ: Monhwɛ yie wɔ Atwerɛfoɔ a wɔpɛ ntadeɛ atentene mu nanteɛ, ne edwa ase nkyea 39ne mpanimfoɔ nkonnwa hyia adan mu ne mpanimfoɔ tenaberɛ adidie ase ho; 40wɔn na wɔbɔ akunafoɔ apoo, nanso wɔboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yeinom na wɔbɛnya afobuo a ɛboro soɔ.
Ɔbaa kunafoɔ hiani no akyɛdeɛ
(Luka 21.1-4)
41 # 2 Ah 12.9 Na Yesu kɔtenaa sika adaka no anim, ɔhwɛɛ sɛdeɛ nkurɔfoɔ no de sika regu adaka no mu; na adefoɔ pii de bebree bɛguu mu. 42Na ɔbaa kunafoɔ hiani bi nso bae, na ɔde kaprɛba mmienu a ɛbɛyɛ kaprɛ bɛguu mu. 43Na ɔfrɛɛ n’asuafoɔ no bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ: Okunafoɔ hiani yi de deɛ ɛdɔɔso abɛgu mu sene wɔn a wɔde bi abɛgu sika adaka no mu nyinaa. 44#2 Ko 8.12 Na wɔn nyinaa firi deɛ wɔwɔ, na abu wɔn soɔ no mu, na wɔde bi abɛgu mu; na oyi deɛ, ɔfiri ne hia mu de deɛ ɔwɔ nyinaa, n’adeɛ nyinaa, na ɔde abɛgu mu.

Currently Selected:

Marko 12: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in