Na ɔfrɛɛ n’asuafoɔ no bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ: Okunafoɔ hiani yi de deɛ ɛdɔɔso abɛgu mu sene wɔn a wɔde bi abɛgu sika adaka no mu nyinaa. Na wɔn nyinaa firi deɛ wɔwɔ, na abu wɔn soɔ no mu, na wɔde bi abɛgu mu; na oyi deɛ, ɔfiri ne hia mu de deɛ ɔwɔ nyinaa, n’adeɛ nyinaa, na ɔde abɛgu mu.