YouVersion Logo
Search Icon

Marko 11

11
Yesu hyɛne Yerusalem nkunimdie mu
(Mateo 21.1-9; Luka 19.29-38; Yohane 12.12-16)
1Na wɔbɛnn Yerusalem, Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔ ho no, ɔsomaa n’asuafoɔ no mu baanu, 2na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim no ase. Na moduru hɔ pɛ a, mobɛhunu afunumu ba bi a wɔasa no homa a onipa biara ntenaa ne so da. Monsane no mfa no mmra. 3#Mar 14.14 Na sɛ obi bisa mo sɛ: Adɛn na moreyɛ yei a, monka sɛ: Ne ho hia Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma mode no aba ha. 4Na wɔkɔ kɔhunuu afunumu ba no sɛ ɔsa ɛpono ano wɔ mfikyire, abɔntene, na wɔsanee no. 5Na wɔn a wɔgyina hɔ no mu bi see wɔn sɛ: Moresane afunumu ba no ayɛ deɛn? 6Na asuafoɔ no buaa wɔn sɛdeɛ Yesu kaeɛ no, na wɔmaa wɔn kwan.
7Na wɔde afunumu ba no brɛɛ Yesu, na wɔde wɔn ntoma guu ne so; na ɔtenaa ne so. 8Na nnipa bebree de wɔn ntoma sesɛɛ ɔkwan no so, na ebinom twitwaa nnua mman firi mfuo mu de sesɛɛ ɔkwan no so. 9#Dwom 118.25-26 Na wɔn a wɔdi anim ne wɔn a wɔdi akyire teaa mu sɛ:
Hosiana!
Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba.
10Nhyira ne yɛn agya Dawid ahennie a ɛreba no!
Hosiana wɔ sorosoro!
Borɔdɔma dua no dome
(Mateo 21.12-22; Luka 19.45-48)
11Na ɔhyɛnee Yerusalem kɔɔ asɔrefie. Na ɔhwɛɛ nnoɔma nyinaa, na adeɛ reyɛ asa no, ɔne dummienu no firi kɔɔ Betania. 12Na adeɛ kyeeɛ a wɔfiri Betania reba no, ɛkɔm dee no. 13Na ɔhunuu borɔdɔma bi wɔ akyiri sɛ ahahan wɔ soɔ no, ɔkɔɔ hɔ sɛ ebia ɔbɛhunu biribi wɔ so anaa? Na ɔduruu ho no, wanhunu hwee sɛ ahahan nko ara; ɛfiri sɛ na borɔdɔma berɛ nnuruiɛ. 14#Mar 11.20 Na ɔkasa kyerɛɛ borɔdɔma no sɛ: Obiara renni wo so aba bio da! Na asuafoɔ no teeɛ.
Yesu pam adwadifoɔ firi asɔredan no mu
(Mateo 21.12-17; Luka 19.45-48; Yohane 2.13-22)
15Na wɔduruu Yerusalem. Na ɔkɔhyɛnee asɔrefie no mu no, ɔfitii aseɛ pamm wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ adeɛ asɔrefie hɔ; na ɔbutuu sikasesafoɔ apono ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkonnwa, 16na wamma kwan amma obiara ansoa adeɛ amfa asɔrefie hɔ. 17#Yes 56.7; Yer 7.11 Na ɔkyerɛkyerɛe, see wɔn sɛ: Wɔntwerɛɛ sɛ:
Wɔbɛfrɛ me fie asɔrefie ama amanaman nyinaa?
Na mo deɛ, mode ayɛ adwotwafoɔ bɔn.
18Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no teeɛ, na wɔhwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛkum no; nso na wɔsuro no, ɛfiri sɛ na ne nkyerɛkyerɛ yɛ nkurɔfokuo no nyinaa nwanwa. 19Na adeɛ saeɛ no, ɔfirii kurom hɔ.
Borɔdɔma no wuo ne ho adesua
20Na anɔpatutu a wɔretwam no, wɔhunuu sɛ borɔdɔma no awu firi ne nhini ase. 21Na Petro kaee, see no sɛ: Rabi, hwɛ borɔdɔma a wodomee no no awu! 22Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monnya Nyankopɔn mu gyidie! 23#Mat 17.20 Na nokorɛ mese mo sɛ, obiara a ɔbɛse bepɔ yi sɛ: Ma wo ho so kɔhwe ɛpo mu, na ɔnnye akyinnyeɛ wɔ n’akoma mu, na ɔbɛgye adi sɛ deɛ ɔreka no bɛba mu no, ɛbɛyɛ hɔ ama no. 24#Mat 7.7; Yoh 14.13 Yei nti, mese mo sɛ: Adeɛ biara a mobɛsrɛ mo mpaebɔ mu no, monnye nni sɛ mobɛnya, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo. 25#Mat 5.23 Na sɛ mogyina hɔ rebɔ mpaeɛ, na mowɔ biribi tia obi a, momfa nkyɛ no, na mo Agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomsoɔ akyɛ mo. 26#Mat 6.14-15 [Na sɛ moamfa ankyɛ a, mo agya a ɔwɔ soro no remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.]#11.26 Tete atwerɛ afoforɔ a wɔgye tomu no bi mfa nkyekyɛmu 26 nka ho.
Yesu tumi ho asɛmmisa
(Mateo 21.23-27; Luka 20.1-8)
27Na wɔbaa Yerusalem bio. Na ɔnenam asɔrefie no, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no baa ne nkyɛn, 28na wɔbisaa no sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi? Anaasɛ hwan na ɔmaa wo tumi sɛ yɛ yeinom? 29Na Yesu see wɔn sɛ: Mɛbisa mo asɛm baako, na mommua me, na mɛkyerɛ mo tumi ko a mede meyɛ yeinom: 30Yohane asubɔ no, ɛfiri soro anaasɛ ɛfiri nnipa? Mommua me! 31Na wɔdwendwenee kekaa wɔn mu sɛ: Sɛ yɛka sɛ ɛfiri soro a, ɔbɛka sɛ: Ɛnneɛ ɛdeɛn nti na moannye no annie? 32Anaasɛ yɛnka sɛ: Ɛfiri nnipa? Na wɔsuro nkurɔfokuo no, ɛfiri sɛ na nnipa nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifoɔ ampa. 33Na wɔbua see Yesu sɛ: Yɛnnim. Na Yesu se: Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ yeinom menkyerɛ mo.

Currently Selected:

Marko 11: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in