YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 49

49
Yakob hyira ne mma
1Na Yakob frɛɛ ne mma sɛ: Mommoaboa mo ano, na menka mo deɛ ɛbɛyɛ mo, nna a ɛdi akyire no mu.
2Yakob mma, monhyia na montie,
montie mo agya Israel!
3 # Gye 29.32; Deut 21.17 Ruben, m’abakan ne wo;
m’ahoɔden ne me mmaninyɛ asefire.
Woboro so anidie mu, woboro so tumi mu.
4 # Gye 35.22 Wohinhim sɛ nsuo, enti wo kandie bɛfiri wo nsa,
ɛfiri sɛ woforoo w’agya nnaeɛ.
Ɛno mu na woguu ɛho fi, — me mpa na woforoeɛ!
5Simeon ne Lewi yɛ anuanom.
Wɔn nkrantɛ yɛ aniɛden akodeɛ.
6 # Dwom 16.9; 30.12; Gye 34.25 Me kra, nnkɔ wɔn agyina mu,
na m’animuonyam nkɔfra wɔn asafo mu.
Ɛfiri sɛ wɔn abufuo mu na wɔkum nnipa,
na wɔn ahokyerɛ mu na wɔsɛee anantwie.
7 # Yos 19.1-9; 21.1-42 Wɔadome wɔn abufuo, sɛ ɛso,
ne wɔn anibereɛ, sɛ emu yɛ den.
Mɛkyekyɛ wɔn mu wɔ Yakob mu,
na mabɔ wɔn ahwete Israel mu.
8 # Num 10.14; Ate 1.1-2 Yuda, wo na wo nuanom bɛyi wo ayɛ;
wo nsa bɛtia w’atamfo kɔn so;
w’agya mma bɛkoto w’anim.
9 # Num 23.24; Adi 5.5 Gyata ba ne Yuda;
hanam so na wode anyini, me ba.
Ɔkotoe, ɔbutuu sɛ gyata ne gyatabereɛ;
hwan na ɔbɛhwanyan no?
10 # Num 24.17; 1 Be 5.2; 28.4; Heb 7.14 Ahempoma remfiri Yuda nsa,
na mmarahyɛ poma remfiri ne nan ntam
de kɔsi sɛ ɛsodifoɔ
a aman bɛyɛ setie ama no no bɛba.
11 # Yoel 3.18 Ɔsa n’afunumu ba wɔ bobe mu,
ne n’afunumu bereɛ ba wɔ bobe pa mu.
Ɔsi n’atadeɛ wɔ nsa mu,
ne ne ntoma wɔ bobe aba mogya mu.
12Bobesa bɛma n’ani ayɛ kɔɔ,
na nufosuo ama ne se ayɛ fitaa.
13 # Yos 19.10-16 Sebulon tenabea bɛkyerɛ mpoano,
na wahwɛ deɛ ahyɛn gyinagyina,
na ɔne Sidon abɔ hyeɛ.
14Isakar yɛ afunumu hoɔdenfoɔ,
ɔbutu mmoaban ntam;
15na ɔhunu sɛ homebea no yɛ
ne asase no sɛ ɛyɛ fɛ,
na ɔbrɛ ne mmatiri ase de gye adesoa,
na ɔde ɛsom adwuma ayi toɔ.
16 # Ate 13.25 Dan bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn
sɛ Israel mmusuakuo mu biara.
17Dan bɛyɛ ɔkwan so ɔwɔ,
tempɔn so ahuritia.
Ɔka ɔpɔnkɔ nantin,
na ne so tenafoɔ ahwe n’akyi.
18 # Dwom 119.166; Hab 2.3 AWURADE, wo nkwagyeɛ na mehwɛ no kwan.
19Gad, asafo bi retoa no,
na ɔno nso atoa wɔn aka wɔn nantin.
20 # Yos 19.24-31 Aser aduane bɛyɛ sradeduane,
na ɔbɛma ahennuane a ɛyɛ akɔnnɔ.
21 # Ate 4.6-10 Naftali yɛ ɔforoteɛ a wɔato no sraha;
ɔka nsɛm dɛdɛ.
22 # Hos 13.15 Yosef yɛ dua a ɛso aba mman,
dua a ɛso aba wɔ nsuo aniwa soɔ mman;
ne mman tratra ɔfasuo.
23Mmɛmmatofoɔ hyɛɛ no yea,
wɔtotoo no, na wɔtaa no.
24Nanso na ne tadua kura no pintinn,
na ne basa mu yɛɛ den.
Ɛfiri Yakob Tumfoɔ no nsam,
ɛfiri ɔhwɛfoɔ a ɔyɛ Israel botan no mu.
25Ɛfiri w’agya Nyankopɔn, ɔmmoa wo,
na ɛfiri Tweaduampɔn hɔ, ɔnhyira wo.
Ɔmfa ɔsorosoro nhyira,
ne ebunu a ɛtrɛtrɛ aseɛ mu nhyira, ne nufoɔ
ne yafunu mu nhyira nhyira wo.
26 # Gye 45.8 W’agya nhyira
ɛyɛ kɛseɛ boro daa daa mmepɔ no nhyira so
a ɛkɔduru tete nteredee nkokoɔ no ahyeɛso nohoa;
ɛmmra Yosef atifi,
deɛ wɔyii no firii ne nuanom mu no mpampam.
27 # Ate 20.25; 1 Sa 9.1-2 Benyamin yɛ pataku a ɔtete mmoa mu;
ɔdi hanam anɔpa,
na anwummerɛ nso ɔkyɛ asadeɛ mu.
28Yeinom nyinaa ne Israel mmusuakuo dummienu no, na yei ne deɛ wɔn agya ka kyerɛɛ wɔn de hyiraa wɔn. Sɛdeɛ wɔn nhyira teɛ mmaako mmaako na ɔhyiraa wɔn.
Yakob wuo ne ne sie
29 # Gye 23.16-20; 47.30 Na ɔhyɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Aka kumaa bi na maka m’ani agu so. Monkɔsie me me nananom nkyɛn, wɔ ɔbodan a ɛwɔ Hetini Efron afuo mu no mu, 30ɔbodan a ɛwɔ Makpela afuo soɔ Mamre ntentensoɔ wɔ Kanaan asase so, asase a Abraham tɔeɛ wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ amusieeɛ no mu. 31#Gye 25.9; 35.29 Ɛhɔ na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara, ɛhɔ na wɔsiee Isak ne ne yere Rebeka, na ɛhɔ na mesiee Lea. 32Afuo no ne ɔbodan a ɛwɔ mu no, wɔtɔɔ no Het mma nsam.
33Na Yakob hyɛɛ ne mma nsamanseɛ wieeɛ no, ɔboaa ne nan ano guu mpa no so, na ɔguu n’ahome a ɛdi akyire, na ɔtii ne nananom wɔ asamando.

Currently Selected:

Gyenesis 49: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in