YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 48

48
Yakob hyira Efraim ne Manase
1Na nsɛm yi akyiri no, wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, w’agya yare. Na ɔfaa ne mmabarima baanu, Manase ne Efraim kaa ne ho.
2Na wɔkɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: Hwɛ, wo ba Yosef reba wo nkyɛn. Na Israel miaa n’ani tenaa ne mpa so.
3 # Gye 28.19 Na Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Onyankopɔn Tweaduampɔn yii ne ho kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase soɔ, na ɔhyiraa me 4#Gye 35.11-12 ka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mɛma woadɔ, na mama woadɔɔso, mɛyɛ wo aman asafo, na mede asase yi bɛma w’asefoɔ a wɔbɛdi w’akyire no sɛ daa agyapadeɛ.
5 # Gye 41.50-52 Na afei wo mma baanu a wowoo wɔn wɔ Misraim asase soɔ ansa na mereba wo nkyɛn wɔ Misraim no, wɔnyɛ me dea. Efraim ne Manase nyɛ me dea te sɛ Ruben ne Simeon. 6Na wo mma a wobɛnya wɔn wɔ wɔn akyiri no na ɛnyɛ wo dea, na wɔde wɔn nuanom din bɛfrɛ wɔn wɔ wɔn agyapadeɛ mu.
7 # Gye 35.19 Na me deɛ, mefiri Padan baeɛ no, Rahel wui m’anim wɔ Kanaan asase so wɔ kwan mu, na aka kwantiaa bi na wɔaduru Efrat, na mesiee no hɔ wɔ Efrat (a ɛne Betlehem) no kwan nkyɛn. 8Na Israel hunuu Yosef mma no, ɔkaa sɛ: Hwannom nie?
9 # Gye 33.5 Na Yosef ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɛyɛ me mma a Onyankopɔn de ama me wɔ ha yi. Ɛnna ɔse: Fa wɔn brɛ me ɛ ma menhyira wɔn. 10Na enyini nti, na Israel ani so ayɛ no kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie. Na ɔde wɔn pinii ne nkyɛn; na ɔfee wɔn ano yɛɛ wɔn atuu. 11#Gye 37.33, 35; 45.26; Dwom 128.6 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Mansusu sɛ mɛhunu w’anim, na hwɛ, Onyankopɔn ama mahunu wo mma nso. 12Na Yosef yii wɔn firii Yakob nantam, na ɔponoo ne mu de n’anim butuu fam. 13Na Yosef faa wɔn baanu nyinaa de ne nifa sɔɔ Efraim mu de no kyerɛɛ Israel benkum, de ne benkum sɔɔ Manase mu de no kyerɛɛ Israel nifa, na ɔde wɔn pinii ne nkyɛn. 14Na Israel tenee ne nifa too Efraim a ɔyɛ akumaa no atifi, ne ne benkum too Manase atifi, ɔboapa na ɔyɛɛ ne nsa saa, ɛfiri sɛ Manase ne abakan. 15#Gye 32.9; Dwom 23.1 Na ɔhyiraa Yosef sɛ:
Onyankopɔn a me nananom Abraham ne Isak nantee n’anim no,
Onyankopɔn a wayɛne me me nkwa nna nyinaa de abɛsi nnɛ.
16 # Gye 31.11-13 Ɔbɔfoɔ a ɔyii me bɔne nyinaa mu no, nhyira mmɔfra yi,
na wɔmfa me din ne me nananom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn,
na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase so.
17Na Yosef hunuu sɛ n’agya de ne nsa nifa ato Efraim atifi no, anyɛ no dɛ, na ɔsɔɔ n’agya nsa sɛ ɔnyi mfiri Efraim atifi nkɔto Manase atifi. 18Na Yosef ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya, ɛnyɛ sɛ ɛteɛ ne no, na oyi ne abakan, fa wo nifa to n’atifi. 19#Num 1.33, 35; Deut 33.17 Na n’agya ampene, na ɔse: Menim, me ba, menim; ɔno nso bɛyɛ ɔman, na ɔno nso ayɛ kɛse, nanso ne nua kumaa no bɛso asene no, na n’asefoɔ bɛyɛ aman pii. 20#Heb 11.21 Na ɛda no ɔhyiraa wɔn sɛ:
Wo na Israel de wo bɛhyira sɛ:
Onyankopɔn nyɛ wo sɛ Efraim ne Manase.
Na ɔde Efraim dii Manase kan. 21Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, merewu, na Onyankopɔn bɛdi mo akyi, na ɔde mo asane akɔ mo nananom asase so. 22#Yoh 4.5 Na me deɛ, mama wo asase kɛseɛ bi a ɛboro wo nuanom deɛ soɔ a mede me nkrantɛ ne me tadua megyee no Amorifoɔ nsam.

Currently Selected:

Gyenesis 48: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in